Adiyisɛm 11 – AKCB & HTB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 11:1-19

Nnansefo Baanu No

1Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ pema, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. 2Nanso mfa asɔredan no adiwo nka ho, efisɛ wɔde hɔ ama amanamanmufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien. 3Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.” 4Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. 5Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no. 6Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.

7Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akunkum wɔn 8na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so, wɔ faako a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asennua no so a ɛhɔ din pa ne Sodom ne Misraim no. 9Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn. 10Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.

11Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu. 12Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro.

13Saa bere koro no ara mu na asase wosow denneennen, kurow no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpem ason wuwuu wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.

14Ɔhaw a ɛto so abien no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba.

Torobɛnto A Ɛto So Ason

15Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se,

“Tumi a wɔde di wiase so mprempren no

yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de,

na obedi hene daa daa.”

16Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn, 17kae se,

“Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn,

wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw,

wonam wo tumi kɛse so

afi ase redi hene!

18Aman bo fuwii,

na wʼabufuwhyew no aba.

Bere aso sɛ wobu awufo atɛn.

Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo

ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo,

akɛse ne nketewa no aba so no adu.

Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

19Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bue ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paapaee, na asase wosowee na mparuwbo bebree nso tɔe.

Het Boek

Openbaring 11:1-19

De twee getuigen

1Ik kreeg een rietstengel als meetlat en er werd tegen mij gezegd: ‘Sta op, meet de tempel van God op en het altaar dat erin staat, en tel de mensen die Hem daar aanbidden. 2Maar meet het plein voor de tempel niet op, want dat is voor de vreemde volken bestemd. Zij zullen de heilige stad tweeënveertig maanden lang vertrappen. 3Dan zal Ik mijn twee getuigen sturen. Zij zullen rouwkleren dragen en tijdens die twaalfhonderdzestig dagen zeggen wat Ik hun opdraag.’ 4Deze twee getuigen zijn de twee olijfbomen en de twee kandelaars die voor de Here van de hele aarde staan. 5Als iemand probeert hen kwaad te doen, komt er vuur uit hun mond, waardoor hun vijanden worden verteerd. Zo zal ieder gedood worden die hen kwaad wil doen. 6Zij hebben de macht de hemel te sluiten, zodat er geen regen valt in de tijd dat zij als profeet namens God spreken. Zij hebben ook de macht al het water in bloed te veranderen en de wereld met allerlei rampen te teisteren, zo vaak zij dat willen.

7Als zij klaar zijn met hun getuigenis, zal het beest uit de onderwereld opkomen en hun de oorlog aandoen. Het zal hen overwinnen en doden.

8Hun lijken zullen drieëneenhalve dag op straat blijven liggen in de grote stad die symbolisch Sodom en Egypte heet, de stad waar ook hun Heer gekruisigd is. 9Van over de hele wereld zullen mensen ernaar komen kijken en men zal niet toestaan dat ze begraven worden. 10De bewoners van de aarde zullen blij zijn dat de twee profeten die namens God gesproken hebben, niet meer leven, omdat die hen gekweld hebben. Zij zullen feestvieren en elkaar geschenken sturen.

11Maar na drieëneenhalve dag liet God een geest van leven in hen komen en stonden ze weer op. Ieder die dat zag, werd vreselijk bang. 12Toen hoorden de twee profeten een luide stem uit de hemel zeggen: ‘Kom hierheen omhoog!’ Voor de ogen van hun vijanden gingen zij in een wolk naar de hemel.

13Op dat moment kwam er een zware aardbeving. Een tiende deel van de stad werd volledig verwoest en zevenduizend mensen kwamen om. De mensen die het er levend afbrachten, wisten niet waar zij het zoeken moesten en begonnen de God van de hemel te eren. 14De twee rampen zijn voorbij, maar kijk, de derde komt er direct achteraan!

15De zevende engel blies op zijn bazuin en luide stemmen in de hemel zeiden: ‘Nu hebben onze Here en zijn Christus de heerschappij over de hele wereld. Hij zal er voor altijd en eeuwig over heersen.’

16De vierentwintig ouderlingen die voor God op hun troon zaten, vielen in aanbidding voor Hem neer en zeiden: 17‘Here, Almachtige God, die is en die was, wij danken U dat U de macht in handen hebt genomen en het koningschap hebt aanvaard.

18De volken waren slecht, maar nu is uw toorn gekomen. Dit is de tijd om de doden te oordelen, om uw dienaren—de profeten en allen die bij U horen en ontzag voor U hebben, groot en klein—te belonen en om allen te verwoesten die van de aarde een woestenij maken.’ 19Gods tempel in de hemel ging open en de ark van zijn verbond met de mensen was te zien. Het bliksemde, rommelde en donderde, er kwam een aardbeving en een vreselijke hagelbui.