5 Mose 9 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 9:1-29

Israel Nkonimdi Fi Onyankopɔn Adom

1Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse wɔ mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade. 2Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?” 3Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.

4Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na Awurade redi mo anim apam wɔn. 5Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma. 6Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.

Sikakɔkɔɔ Nantwi Ba No

7Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ Awurade, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew Awurade anim atua. 8Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. 9Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom. 10Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.

11Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, Awurade de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me. 12Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.”

13Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.”

15Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no. 16Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm. 17Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim.

18Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a Awurade kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye. 19Misuroo Awurade abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio. 20Na Awurade bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso. 21Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu.

22Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.

23Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.

25Ɛno nti na bere a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26Mebɔɔ mpae srɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. 27Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob. 28Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘Awurade sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’ 29Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 9:1-29

以色列人的悖逆

1以色列人啊,你们要听!今天你们要过约旦河,去赶出那些比你们强大的民族。他们住在城墙高耸入云的大城里, 2是长得高大威猛的亚衲人。你们了解他们,也听人说过,‘谁能抵挡亚衲人呢?’ 3但今天你们要知道,你们的上帝耶和华要走在你们前面,像烈火一样吞噬他们。祂要制服他们,使你们迅速赶走他们,毁灭他们,正如祂对你们的应许。

4“你们的上帝耶和华赶走他们以后,你们不要以为耶和华带领你们占领那片土地是因为你们公义,其实是因为那里的民族邪恶,耶和华才将他们从你们面前赶走。 5你们能占领他们的土地并非因为你们公义、行为正直。你们的上帝耶和华从你们面前赶走那些民族,是因为他们邪恶,也是为了实现祂给你们祖先亚伯拉罕以撒雅各的誓言。 6你们要知道,耶和华赐给你们那佳美之地不是因为你们有好品德。其实你们是顽固不化的人。

7“要牢记你们在旷野怎样触怒你们的上帝耶和华。从你们离开埃及那天到现在,你们屡屡背叛耶和华。 8何烈山,你们触怒了耶和华,以致祂要毁灭你们。 9那时,我上山去接受耶和华与你们立约的石版,在山上待了四十昼夜,不吃也不喝。 10耶和华把两块立约的石版交给我,上面刻着那天你们聚会时祂在山上的火焰中对你们说的话,是祂用手指刻上去的。 11四十昼夜后,耶和华把那两块刻着约的石版交给我, 12对我说,‘快下山吧,你从埃及领出来的百姓已经败坏了。他们这么快就偏离了我吩咐他们走的道,为自己铸造了神像。’

13“耶和华又对我说,‘我已看出,这是顽固不化的百姓。 14不要拦我,我要毁灭他们,从世上抹去他们的名字。我要使你的子孙成为一个比他们更强大的民族。’ 15我双手拿着那两块石版,转身从烈火熊熊的山上下来, 16看见你们为自己铸造了牛犊像,得罪了你们的上帝耶和华,这么快就偏离了耶和华吩咐你们走的道, 17就当着你们的面摔碎了那两块石版。

18“我又俯伏在耶和华面前,四十昼夜不吃不喝,因为你们犯了大罪,做耶和华憎恶的事,惹祂发怒。 19耶和华向你们发烈怒,要毁灭你们,我非常惧怕。但耶和华再次垂听了我的祈求。 20耶和华对亚伦非常愤怒,以致要杀掉他,于是我也为他祈求。 21我焚烧了你们铸造的罪恶之物——牛犊像,把它磨成细粉,撒在从山上流下来的溪水中。

22“你们在他备拉玛撒基博罗·哈他瓦三番四次地触怒耶和华。 23你们的上帝耶和华吩咐你们离开加低斯·巴尼亚,去占领祂赐给你们的土地,你们却背叛祂,不信靠祂,也不听从祂。 24自从我认识你们以来,你们就不断地背叛耶和华。

25“因为耶和华说要毁灭你们,我就俯伏在耶和华面前四十昼夜, 26向祂祈求说,‘主耶和华啊,求你不要毁灭你的子民!他们是你的产业,是你用大能的手从埃及拯救出来的。 27求你看在你仆人亚伯拉罕以撒雅各的份上,不要计较这个民族的顽固和罪恶, 28免得你带领我们离开之地的人说,你不能把他们领到你应许给他们的地方,你憎恶他们,所以把他们带到旷野杀了。 29他们毕竟是你的子民,你的产业,是你伸出大能的臂膀从埃及带出来的。’