5 Mose 4 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 4:1-49

Osetie Ho Afotu

1Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ. 2Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so.

3Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no. 4Nanso wɔn a na wodi Awurade mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ.

5Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo. 6Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.” 7Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi? 8Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi?

9Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu. 10Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.” 11Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no. 12Na Awurade kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae. 13Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no. 14Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so.

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

15Da a Awurade kasa fii ogya mu kyerɛɛ mo wɔ bepɔw Horeb so no moanhu no. Enti monhwɛ mo akwan yiye, 16na porɔwee annidi mo amma moanyɛ ɔbosom, ohoni bi sɛso; sɛ ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea sɛso, 17anaa nea ɛsɛ asase so aboa bi, anaa anomaa a otu fa wim, 18anaa nea ɛsɛ aboa bi a ɔwea wɔ fam anaa apataa bi a ɔwɔ nsu ase. 19Na sɛ mohwɛ wim na muhu owia, ɔsram ne nsoromma, wim abɔde nyinaa a, momma ɛnntwetwe mo mma monnkotow nsom nneɛma a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama ɔsoro ase aman no nyinaa no. 20Na mo de, Awurade yii mo fii ogya framfram a ɛnan dade mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadiadefo sɛnea mote nnɛ yi.

21Mo nti, Awurade bo fuw me yiye. Ɔkaa ntam se, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapade no so. 22Mewu wɔ asase yi so; merentwa Yordan; nanso morebetwa akɔfa asase pa no. 23Monhwɛ yiye na moammu apam a Awurade, mo Nyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Monyɛ abosom a ɛyɛ biribiara nsɛso a mo Awurade, mo Nyankopɔn, abra mo no. 24Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛ Onyame ninkufo, ogya a ɔhyew ade.

25Moawowo mma anya nananom akyi no na moatena asase no so akyɛ no, sɛ moma porɔwee didi mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Nyankopɔn ani so hyɛ no abufuw a, 26mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo de tia mo saa da yi sɛ, mobɛhyew afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔbɛsɛe mo ampa. 27Na Awurade bɛbɔ mo apansam akɔ aman so a mo mu kakraa bi na ɛbɛka wɔ aman a Awuradebɛpam mo akɔ so no so. 28Ɛhɔ na mobɛsom onipa nsa ano ahoni a wɔde nnua ne abo na ayɛ, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnidi nte hua no. 29Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no. 30Sɛ ɔhaw bi to mo na eyinom nyinaa ba mo so a, akyiri no, mobɛsan akɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn na moayɛ osetie ama no. 31Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, no yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn; ɔrennyaw mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfi apam a ɔne mo agyanom pamee a ɔkaa ntam sii so no.

Onyankopɔn Yɛ Baako

32Hwehwɛ abakɔsɛm mu fi bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so besi nnɛ yi; hwehwɛ fi ɔsoro ti de kosi ti. Hwɛ sɛ biribi kɛse a ɛte sɛ eyi asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? 33So nnipa foforo bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afi ogya mu sɛnea motee no na wɔda so te ase yi ana? 34So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no?

35Ɔdaa eyinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. 36Ɔma motee ne nne fi ɔsoro nam so teɛteɛɛ mo so. Ɔma muhuu ne gya fadum asase so na motee ne nsɛm fii ogya no mu. 37Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ohyira wɔn asefo nti na ɔno ara de nʼanim ne ne tumi kɛse no yii mo fii Misraim no. 38Ɔpam aman a na wɔn ho yɛ den sen mo no wɔ mo anim sɛnea ɔde mo bɛba wɔn asase so abɛfa sɛ mo agyapade, sɛnea ɛte nnɛ yi.

39Enti munhu na momma ɛntena mo koma mu nnɛ yi sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so. Obi nni hɔ. 40Munni saa ahyɛde ne mmara yi a mede rema mo nnɛ no so na ama asi mo ne mo mma yiye, na moanyin akyɛ wɔ asase a Awurade mo Nyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.

Guankɔbea Nkuropɔn

41Afei, Mose yii nkuropɔn abiɛsa bi wɔ Yordan apuei fam 42a, sɛ ɛba sɛ obi kum obi na wanhyɛ da na onni onipa ko no ho menasepɔw bi a otumi guan kɔ kɔ emu baako so kɔbɔ ne ho aguaa. 43Oyii Beser a ɛda sare ne asase tataw so no maa Rubenfo. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo na ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuw.

Wɔda Mmara No Adi

44Eyinom ne mmara a Mose de maa Israelfo no. 45Israelfo no fii Misraim no, akwankyerɛ, mmara ne ahyɛde a Mose de maa wɔn 46bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no. 47Wɔfaa nʼasase no san faa Basanhene Og asase kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifo ahemfo a wɔte Yordan apuei fam. 48Saa asase yi na efi Aroer a ɛda Arnon subon no ano kosi Sion bepɔw a ɛyɛ Hermon ho. 49Israelfo no san faa nsase a ɛwɔ Araba po no ano wɔ Yordan apuei fam de kosi Nkyene Po wɔ Pisga mmepɔw no ase.

New Amharic Standard Version

ዘዳግም 4:1-49

ሙሴ እስራኤላውያን እንዲታዘዙ ማስጠንቀቁ

1አሁንም እስራኤል ሆይ፤ በሕይወት እንድትኖሩ፣ የአባቶቻችሁ አምላክ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ወደሚሰጣችሁ ምድር እንድትገቡና እንድትወርሱ የማስተምራችሁን ሥርዐትና ሕግ ስሙ፤ ጠብቋቸውም። 2ባዘዝኋችሁ ላይ አትጨምሩ፤ ከእርሱም አትቀንሱ፤ ነገር ግን የምሰጣችሁን የአምላካችሁን የእግዚአብሔርን (ኤሎሂም ያህዌ) ትእዛዞች ጠብቁ።

3እግዚአብሔር (ያህዌ) በብዔልፌጎር ላይ ምን እንዳደረገ በዐይናችሁ አይታችኋል፤ አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ከመካከላችሁ ብዔልፌጎርን የተከተሉትን ሁሉ አጥፍቷቸዋል፤ 4አምላካችሁን እግዚአብሔርን (ኤሎሂም ያህዌ) የተከተላችሁት እናንተ ሁላችሁ ግን ይኸው እስከ ዛሬ በሕይወት አላችሁ።

5ገብታችሁ በምትወርሷት ምድር፣ እንድትፈጽሟቸው እግዚአብሔር አምላኬ (ያህዌ ኤሎሂም) ባዘዘኝ መሠረት ሥርዐትንና ሕግን አስተምሬአችኋለሁ። 6በጥንቃቄ ጠብቋቸው፤ ስለ እነዚህ ሥርዐቶች ሁሉ ለሚሰሙና፣ “በእውነቱ ይህ ታላቅ ሕዝብ የቱን ያህል ጥበበኛና አስተዋይ ነው” ለሚሉ ሕዝቦች ይህ ጥበባችሁንና ማስተዋላችሁን ይገልጣልና። 7በምንጠራው ጊዜ ሁሉ አምላካችን እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ለእኛ ቅርብ እንደ ሆነ አማልክቱ የሚቀርቡት ሌላ ታላቅ ሕዝብ ማነው? 8ዛሬ እኔ በፊታችሁ እንዳስቀመጥሁት ሕግ ያለ ጽድቅ የሆነ ሥርዐትና ሕግ ያሉት ሌላ ታላቅ ሕዝብስ ማነው?

9ዐይኖቻችሁ ያዩአቸውን ነገሮች እንዳትረሱ፣ ደግሞም በሕይወት እስካላችሁ ድረስ ከልባችሁ እንዳይጠፉ ብቻ ተጠንቀቁ፣ ነቅታችሁም ራሳችሁን ጠብቁ። እነዚህን ለልጆቻችሁና ከእነርሱ በኋላ ለሚወለዱት ልጆቻቸው አስተምሯቸው። 10“በምድሪቱ በሚኖሩበት ጊዜ ሁሉ እኔን ማክበር እንዲማሩ፣ ለልጆቻቸውም እንዲያስተምሩ ቃሌን ይሰሙ ዘንድ ሕዝቡን በፊቴ ሰብስብ” ባለኝ ጊዜ፣ በኮሬብ በአምላካችሁ በእግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ፊት የቆማችሁበትን ዕለት አስታውሱ። 11ተራራው በጥቍር ደመናና በድቅድቅ ጨለማ ተውጦ ሳለ ነበልባሉ ሰማይ እስከሚደርስ ድረስ በተቃጠለ ጊዜ መጥታችሁ ከተራራው ግርጌ ቆማችሁ። 12ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) በእሳቱ ውስጥ ሆኖ ተናገራችሁ፤ እናንተም የቃሉን ድምፅ ሰማችሁ፤ መልክ ግን አላያችሁም፤ ድምፅ ብቻ ነበርና። 13እርሱ ኪዳኑን ይኸውም እንድትከተሏቸው ያዘዛችሁን ዐሥርቱን ትእዛዛት ዐወጀላችሁ፤ ከዚያም በሁለት የድንጋይ ጽላቶች ላይ ጻፋቸው፤ 14ዮርዳኖስን ተሻግራችሁ በምትወርሷት ምድር ውስጥ የምትከተሏቸውን ሥርዐትና ሕግ እንዳስተምራችሁ በዚያን ጊዜ እግዚአብሔር (ያህዌ) አዘዘኝ።

ጣዖትን ማምለክ ስለ መከልከሉ

15እግዚአብሔር (ያህዌ) በኮሬብ ተራራ ላይ በእሳት ውስጥ በተናገራችሁ ቀን ምንም ዐይነት መልክ ከቶ አላያችሁም፤ ስለዚህ ለራሳችሁ ተጠንቀቁ፤ 16ይኸውም እንዳትረክሱ፣ በወንድ ወይም በሴት መልክ በማናቸውም ዐይነት ምስል የተቀረጸ ጣዖት ለራሳችሁ እንዳታበጁ፣ 17ወይም በምድር ላይ የሚኖር የማናቸውንም እንስሳ ወይም በአየር ላይ የሚበርር የማናቸውንም ወፍ፣ 18ወይም በደረቱ የሚሳብ የማናቸውንም ፍጡር ወይም በውሃ ውስጥ የሚኖር የማናቸውንም ዓሣ ምስል እንዳታደርጉ ነው። 19ወደ ሰማይ ቀና ብለህ ፀሓይን፣ ጨረቃንና ከዋክብትን፣ የሰማይ ሰራዊትንም ሁሉ በምትመለከትበት ጊዜ፣ ወደ እነርሱ እንዳትሳብና እንዳትሰግድላቸው፣ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ከሰማይ በታች ላሉ ሕዝቦች ሁሉ ድርሻ አድርጎ የሰጣቸውንም ነገሮች እንዳታመልክ ተጠንቀቅ። 20እናንተን ግን ልክ ዛሬ እንደ ሆናችሁት ሁሉ ርስቱ ትሆኑለት ዘንድ፣ አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) እናንተን ከብረት ማቅለጫ ምድጃ፣ ከግብፅ አውጥቶ አመጣችሁ።

21በእናንተም ምክንያት እግዚአብሔር እኔን ተቈጣኝ፤ ዮርዳኖስንም እንዳልሻገርና አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ርስት አድርጎ ወደሚሰጣችሁ ወደ መልካሚቱ ምድር እንዳልገባ ማለ። 22እኔም በዚህች ምድር እሞታለሁ፤ ዮርዳኖስን አልሻገርም፤ እናንተ ግን ልትሻገሩ ነው፤ ያችንም መልካም ምድር ትወርሳላችሁ። 23አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ከእናንተ ጋር የገባውን ኪዳን እንዳትረሱ ተጠንቀቁ፤ አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) የከለከለውን ጣዖት በማናቸውም ዐይነት መልክ ለራሳችሁ አታብጁ። 24አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) የሚባላ እሳት ቀናተኛም አምላክ (ኤሎሂም) ነውና።

25ልጆችንና የልጅ ልጆችን ከወለዳችሁና በምድሪቱም ላይ ለረዥም ጊዜ ከኖራችሁ በኋላ ራሳችሁን በማርከስ ማንኛውንም ዐይነት ጣዖት ብታበጁ፣ በአምላካችሁም በእግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ፊት ክፋት በማድረግ ለቍጣ ብታነሣሡት፣ 26ዮርዳኖስን ተሻግራችሁ ከምትወርሷት ምድር ላይ ፈጥናችሁ እንደምትጠፉ በዚህ ቀን ሰማይንና ምድርን በእናንተ ላይ ምስክሮች አድርጌ እጠራለሁ፤ በዚያ ቦታ ብዙ ዘመን አትኖሩም፤ ፈጽሞ ትጠፋላችሁ። 27እግዚአብሔር (ያህዌ) እናንተን በአሕዛብ መካከል ይበትናችኋል፤ እግዚአብሔር በሚበትናችሁ አሕዛብ መካከል የምትተርፉት ጥቂቶቻችሁ ብቻ ናችሁ። 28እዚያም፣ ማየት ወይም መስማት ወይም መብላት ወይም ማሽተት በማይችሉ በሰው እጅ በተሠሩ የዕንጨትና የድንጋይ አማልክት ታመልካላችሁ። 29ነገር ግን እዚያም ሆናችሁ አምላካችሁን እግዚአብሔርን (ኤሎሂም ያህዌ) በፍጹም ልባችሁና በፍጹም ነፍሳችሁ ብትፈልጉት ታገኙታላችሁ። 30ስትጨነቅና ይህ ሁሉ ነገር ሲደርስብህ ያን ጊዜ፣ በኋለኞቹ ዘመናት ወደ አምላክህ ወደ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ትመለሳለህ፤ ትታዘዝለታለህም። 31አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) መሓሪ አምላክ (ኤሎሂም) ነውና አይተውህም ወይም አያጠፋህም፤ ወይም ደግሞ ለአባቶችህ በመሐላ ያጸናላቸውን ቃል ኪዳን አይረሳም።

እግዚአብሔር አምላክ ነው

32እግዚአብሔር ሰውን በምድር ላይ ከፈጠረበት ቀን ጀምሮ እናንተ ከመኖራችሁ በፊት ስለ ነበረው የቀድሞ ዘመን ጠይቁ፤ ከአንዱ የሰማይ ጫፍ እስከ ሌላው የሰማይ ጫፍ ድረስ ጠይቁ፤ እንደዚህ ያለ ታላቅ ነገር ከቶ ተደርጎ ወይስ እንደዚህ ዐይነት ነገር ከቶ ተሰምቶ ያውቃልን? 33ከእሳት ውስጥ የእግዚአብሔርን (ኤሎሂም) ድምፅ እንደ እናንተ የሰማና በሕይወት የኖረ ከቶ ሌላ ሕዝብ አለን? 34አምላካችሁ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) በዐይናችሁ እያያችሁ ለእናንተ በግብፅ እንዳደረገው ሁሉ በፈተና፣ በታምራዊ ምልክቶችና በድንቆች፣ በጦርነት፣ በጸናች እጅና በተዘረጋች ክንድ ወይም በታላቅና በአስፈሪ ሥራዎች ከሌላ ሕዝብ መካከል አንድን ሕዝብ የራሱ ለማድረግ የቻለ አምላክ አለን?

35እግዚአብሔር እርሱ አምላክ (ያህዌ ኤሎሂም) መሆኑን፣ ከእርሱም በቀር ሌላ አምላክ አለመኖሩን ታውቁ ዘንድ እነዚህን ነገሮች እንድታዩ ተደረገ። 36ሊገሥጽህ ድምፁን ከሰማይ እንድትሰማ አደረገ፤ በምድርም ላይ አስፈሪ እሳቱን አሳየህ፤ ከእሳቱም ውስጥ ቃሉን ሰማህ። 37አባቶችህን ከመውደዱ የተነሣና ከእነርሱም በኋላ ዘራቸውን ስለ መረጠ፣ ከአንተ ጋር በመሆን በታላቅ ኀይሉ ከግብፅ አወጣህ፤ 38ዛሬ እንደ ሆነው ሁሉ ከአንተ ይልቅ ታላቅና ብርቱ የሆኑትን አሕዛብ ከፊትህ በማስወጣት ወደ ምድራቸው አስገብቶህ ለአንተ ርስት አድርጎ ለመስጠት ነው።

39እንግዲህ በላይ በሰማይ፣ በታችም በምድር እግዚአብሔር እርሱ አምላክ (ያህዌ ኤሎሂም) መሆኑን ዛሬ ዕወቅ፤ በልብህም ያዘው፤ ሌላም የለም። 40ለአንተና ከአንተም በኋላ ለልጆችህ መልካም እንዲሆንላችሁ፣ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ለዘላለም በሚሰጥህም ምድር ዕድሜህ እንዲረዝም፣ ዛሬ እኔ የማዝዝህን ሥርዐቱንና ሕግጋቱን ጠብቅ።

የመማፀኛ ከተሞች

4፥41-43 ተጓ ምብ – ዘኍ 35፥6-34ዘዳ 19፥1-14ኢያ 20፥1-9

41በዚያን ጊዜ ሙሴ ከዮርዳኖስ በስተ ምሥራቅ ሦስት ከተሞችን ለየ፤ 42ይኸውም የቈየ ጠላትነት ሳይኖር፣ በድንገት ባልንጀራውን የገደለ ማናቸውም ሰው ሸሽቶ ከእነዚህ ከተሞች ወደ አንዲቱ በመሄድ ሕይወቱን ማትረፍ ይችል ዘንድ ነው። 43ከተሞቹም በምድረ በዳው በከፍተኛ ቦታ ላይ የምትገኘው ቦሶር ለሮቤላውያን፣ በገለዓድ የምትገኘው ራሞት ለጋዳውያን፣ በባሳን ያለችው ጎላን ለምናሴያውያን ነበሩ።

ስለ ሕጉ የተሰጠ ማብራሪያ

44ሙሴ በእስራኤላውያን ፊት የደነገገው ሕግ ይህ ነው። 45ከግብፅ በወጡ ጊዜ ሙሴ ለእስራኤላውያን የሰጣቸው መመሪያዎች፣ ሥርዐቶችና ሕጎች እነዚህ ናቸው፤ 46ይህም ከግብፅ በወጡ ጊዜ በሙሴና በእስራኤላውያን ድል በተደረገው፣ በሐሴቦን በነገሠው በአሞራውያን ንጉሥ በሴዎን ምድር፣ ከዮርዳኖስ በስተ ምሥራቅ በቤተ ፌጎር አጠገብ ባለው ሸለቆ ውስጥ በነበሩበት ጊዜ ነው። 47ከዮርዳኖስ በስተ ምሥራቅ ያለውን፣ የእርሱን ምድርና የባሳንን ንጉሥ የዐግን፣ የሁለቱን አሞራውያን ነገሥታት ምድር ርስት አድርገው ወሰዱ። 48ይህም ምድር በአርኖን ሸለቆ ዳርቻ ካለው ከአሮዔር አንሥቶ እስከ ሴዎን4፥48 የዕብራይስጡና የሱርስቱ ትርጕም፣ ሢርዮን ይለዋል (ዘዳ 3፥9 ይመ) ተራራ ማለትም እስከ አርሞንዔም የሚደርስ ሲሆን፣ 49በዮርዳኖስ ምሥራቅ ያለውን ዓረባን በሙሉና ከፈስጋ ተረተር በታች ያለውን የዓረባ ባሕር4፥49 ይኸውም የሙት ባሕር ነው። ያጠቃልላል።