5 Mose 20 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 20:1-20

Akodi Ho Nkyerɛkyerɛ

1Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo na muhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne asraafo a wɔdɔɔso sen mo a, munnsuro wɔn, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim no bɛka mo ho. 2Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no bɛba abɛkasa akyerɛ asraafo no. 3Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo. 4Na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim.”

5Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu. 6Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu. 7Obi wɔ ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔware no.” 8Afei, mpanyimfo no bɛkɔ so abisa se, “So mo mu bi suro anaa ne koma atu ana? Ɛno de, ɔnkɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nuabarimanom nso koma rentu.” 9Sɛ mpanyimfo no wie asraafo no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpaw asahene adeda wɔn ano.

10Sɛ mudu kurow bi mu a mo ne wɔn nni kan nka asomdwoesɛm. 11Sɛ wɔpene mo nhyehyɛe so na wobue wɔn apon ma mo a, mobɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa ama wɔayɛ adwumaden ama mo. 12Na sɛ wɔampene asomdwoe nhyehyɛe no so na sɛ wose wɔne mo bɛko a, ɛno de, montow nhyɛ kurow no so. 13Awurade, mo Nyankopɔn no, dan kurow no hyɛ mo nsa a, munkum kurow no mu mmarima nyinaa. 14Ɛyɛ a momfa kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa ne asade a aka nyinaa sɛ agyapade. Mubetumi de mo atamfo no asade a Awurade, mo Nyankopɔn no, de bɛma mo no ayɛ mo ade. 15Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mode nkuropɔn a ɛwɔ akyiri na wɔnyɛ aman a ɛbemmɛn no fa so.

16Na amanaman nkuropɔn a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no de, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ. 17Monsɛe Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no pasaa sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ mo no. 18Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwade a wɔyɛ wɔ wɔn abosonsom ho amma mo anyɛ bɔne antia Awurade, mo Nyankopɔn no.

19Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so! 20Nanso mutumi twa nnua a munim sɛ ɛnyɛ aduan; na momfa nyɛ ade a ɛho behia mo sɛ mode bɛboa atua kurow a mo ne wɔn reko no ano akosi sɛ mubedi so.

Thai New Contemporary Bible

เฉลยธรรมบัญญัติ 20:1-20

การออกศึก

1เมื่อท่านออกรบและเห็นศัตรูมีม้า รถม้าศึก และกองทัพยิ่งใหญ่เหนือกว่าท่าน อย่ากลัวพวกเขาเลย เพราะว่าพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านผู้นำท่านออกมาจากอียิปต์นั้นจะสถิตกับท่าน 2ก่อนจะออกรบ ปุโรหิตจะเดินมาข้างหน้าและกล่าวแก่กองทัพว่า 3“อิสราเอลเอ๋ย จงฟังเถิด วันนี้ท่านกำลังจะไปรบกับศัตรู ไม่ต้องขวัญหนีดีฝ่อหรือหวาดกลัว อย่าหวาดหวั่นพรั่นพรึงหรือตื่นตระหนกตกใจ 4เพราะพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านเสด็จไปกับท่าน พระองค์ทรงต่อสู้กับศัตรูเพื่อท่านและจะประทานชัยชนะแก่ท่าน”

5แล้วแม่ทัพนายกองจะกล่าวแก่กองทัพว่า “มีใครบ้างที่เพิ่งสร้างบ้านใหม่ แต่ยังไม่ได้ทำพิธีถวาย? ถ้ามีจงกลับไปบ้าน เพราะท่านอาจจะตายในสงคราม แล้วคนอื่นจะมาทำพิธีถวายแทน 6มีใครบ้างเพิ่งปลูกสวนองุ่น แต่ยังไม่ได้กินผลเลย? ถ้ามีจงกลับบ้าน ท่านอาจจะตายในสงครามแล้ว คนอื่นมากินแทน 7มีใครบ้างที่เพิ่งหมั้นและยังไม่ได้แต่งงาน? ถ้ามีจงกลับบ้านแต่งงานเสียเถิด มิฉะนั้นท่านอาจจะตายในสงครามและคนอื่นมาแต่งงานกับคู่หมั้นของท่านแทน” 8แล้วแม่ทัพนายกองกล่าวเสริมว่า “มีใครใจเสาะหรือหวาดหวั่นบ้าง? ถ้ามีจงกลับบ้านไปก่อนที่จะทำให้คนอื่นเสียขวัญไปด้วย” 9เมื่อแม่ทัพนายกองกล่าวจบแล้ว ก็จะประกาศรายชื่อผู้นำทัพ

10เมื่อท่านประชิดเมืองใด ก่อนอื่นจงยื่นข้อเสนอให้เขายอมเจรจา 11หากเมืองนั้นยอมรับข้อเสนอและเปิดประตูเมืองให้ ชาวเมืองทั้งหมดจะถูกเกณฑ์แรงงานเป็นคนรับใช้ของท่าน 12หากเขาไม่ยอมเจรจาอย่างสันติและต่อสู้กับท่าน ท่านจงล้อมเมืองนั้น 13เมื่อพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านมอบเมืองนั้นไว้ในมือของท่าน จงลงดาบฆ่าชายทุกคนในเมืองนั้น 14แต่ท่านอาจจะยึดผู้หญิง เด็ก ฝูงสัตว์ และทรัพย์สินต่างๆ ในเมืองนั้นเป็นของท่าน ท่านนำของที่ยึดได้จากศัตรูซึ่งพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านประทานให้ไปใช้ได้ 15ข้อปฏิบัติเหล่านี้ใช้เฉพาะเมืองไกลๆ ไม่ใช่เมืองที่เป็นของประเทศใกล้เคียง

16ส่วนเมืองต่างๆ ในประเทศที่พระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านทรงยกให้เป็นกรรมสิทธิ์ อย่าไว้ชีวิต จงทำลายทุกสิ่งที่มีลมหายใจ 17จงทำลายล้าง20:17 คำนี้ในภาษาฮีบรูหมายถึงสิ่งของหรือบุคคลที่ถวายแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าแล้วไม่อาจเรียกคืนได้ มักจะต้องทำลายให้หมดสิ้นไปชาวฮิตไทต์ ชาวอาโมไรต์ ชาวคานาอัน ชาวเปริสซี ชาวฮีไวต์ และชาวเยบุสให้หมดสิ้นตามที่พระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านทรงบัญชาไว้ 18มิฉะนั้นพวกเขาจะสอนให้ท่านทำสิ่งที่น่าชิงชังโดยการกราบไหว้พระต่างๆ ตามเขา และท่านจะทำบาปต่อพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่าน

19เมื่อท่านบุกล้อมเมืองอยู่นานเพื่อยึดเมือง อย่าโค่นต้นไม้ทิ้งเพราะท่านจะได้รับประทานผลของมัน ไม่ต้องโค่นต้นไม้ ต้นไม้ในท้องทุ่งเป็นมนุษย์หรือท่านจึงต้องล้อมทำลาย? 20แต่ท่านอาจจะโค่นต้นไม้ซึ่งไม่ได้ใช้เป็นอาหารเพื่อใช้ทำเครื่องล้อมเมืองของศัตรูจนกว่าเมืองจะแตก