5 Mose 2 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 2:1-37

Sare So Ananteanantew

1Afei, yɛsan yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ sare so wɔ baabi a Po Kɔkɔɔ no da hɔ sɛnea Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenantew faa Seir bepɔw man no ho nna bebree.

2Na Awurade ka kyerɛɛ me se, 3“Moatwa afa saa ɔman a ɛda bepɔw yi so no ho mmere sann, enti monnan mo ani nkyerɛ atifi fam. 4Hyɛ ɔman no se, ‘Morebɛfa mo nuanom Edomfo, a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir no asase so. Edomfo no besuro mo, nanso monhwɛ yiye. 5Monnhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo anan besisi, efisɛ mede Seir bepɔw kurow ama Esau sɛ nʼatenae. 6Aduan biara a mubedi ne nsu biara a mobɛnom no, momfa dwetɛ ntua wɔn ho ka.’ ”

7Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantu wɔ sare kakraa yi nyinaa so. Saa mfe aduanan yi nyinaa mu no, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.

8Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so.

9Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Monnhaw Moabfo no anaa monhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Efisɛ mede Ar ama Lot asefo sɛ agyapade.”

10Kan no na Emifo na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfo no. 11Wɔn nso, na wɔyɛ abran sɛ Anakfo no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaitefo, nanso Moabfo de, na wɔfrɛ wɔn Emifo. 12Kan no na Horifo na wɔte Seir, nanso Esau asefo no tuu wɔn fii hɔ. Wɔsɛee Horifo no tenaa wɔn anan mu sɛnea Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapade no so no pɛpɛɛpɛ.

13Na Awurade kae se, “Afei, sɔre na kotwa Sered bon no.” Enti yekotwaa obon no.

14Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-Barnea besii sɛ yetwaa Sered bon no yɛ mfirihyia aduasa awotwe. Saa bere no, na mmarima a wɔanyinyin yiye a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ sare no so sɛnea Awurade kaa ho ntam no. 15Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kosi sɛ wɔn nyinaa wuwuu wɔ wɔn atenae hɔ.

16Saa nnipa yi mu akofo a otwa to wuu no pɛ, 17na Awurade ka kyerɛɛ me se, 18“Nnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar wɔ Moab mantam mu. 19Na sɛ wudu Amonfo mu a, nhaw wɔn anaa nhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, efisɛ meremma mo Amorifo nsase no bi. Mede ama Lot asefo sɛ agyapade.”

20Saa beae hɔ na abran akɛse a na Amonfo frɛ wɔn Samsumifo no te kan no. 21Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfo a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo no. Na Awurade sɛee Samsumifo no wɔ Amonfo anim ma wɔpam wɔn tenaa wɔn anan mu. 22Saa ara na Awurade sɛee Horifo wɔ Esau asefo a na wɔte Seir no anim ma wɔpam wɔn, tenaa wɔn anan mu de besi nnɛ yi. 23Na Awifo a wɔtenaa nkuraa nkuraa trɛw koduu Gasa no nso, Kaftorfo a wofi Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.

Hesbonhene Sihon So Nkonimdi

24“Sɔre kotwa Arnon Subon. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne man ahyɛ wo nsa. Kɔtow hyɛ ne so, na monko, na fa. 25Efi nnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo nti, wɔanya adwenemhaw esiane mo nti.”

26Mituu abɔfo fii Kedemot sare so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoe so kɔka kyerɛɛ no se, 27“Ma yentwa mu mfa wo man mu ha. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee; yɛremman mfa benkum anaa nifa. 28Tɔn aduan ma yenni na tɔn nsu nso ma yɛnnom. Nea yɛrehwehwɛ ara ne ɔkwan a wobɛma yɛn ama yɛanantew atwa mu, 29sɛnea Esau asefo a na wɔte Seir ne Moabfo a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no akosi sɛ yebetwa Yordan akɔ asase a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de rema yɛn no so.” 30Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na Awurade, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi.

31Awurade ka kyerɛɛ me se, “Hwɛ, mafi ase de Sihon ne ne man ahyɛ wo nsam. Afei, fi ase na di wɔn so, na fa nʼasase no.”

32Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn sɛ wɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas no, 33Awurade, yɛn Nyankopɔn, yii no maa yɛn ma yɛbobɔɔ ɔno, ne mmabarima ne nʼasraafo nyinaa hwehwee. 34Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no sɛee ne mmarima, mmea ne mmofra a yɛannyaw obiara. 35Mmom, nyɛmmoa ne asade ahorow a ɛwɔ nkurow a yedii so no mu no de, yɛsoa kɔe. 36Efi Aroer a ɛda Arnon Subon ano ne kurow a ɛda subon no mu no, ne mpo, de kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛsodi yɛ den ma yɛn; Awurade, yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37Nanso, yɛankɔ Amorifo asase ne asase a ɛda Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔw no so nkurow no baabiara a Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ so no so.

Thai New Contemporary Bible

เฉลยธรรมบัญญัติ 2:1-37

การเร่ร่อนในถิ่นกันดาร

1จากนั้นเราวกกลับไปยังถิ่นกันดาร ตามเส้นทางสู่ทะเลแดงตามที่องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงบัญชาข้าพเจ้า เรารอนแรมอยู่แถบเทือกเขาเสอีร์เป็นเวลานาน

2แล้วองค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสกับข้าพเจ้าว่า 3“เจ้าทั้งหลายวนเวียนอยู่แถบเทือกเขานี้นานพอแล้ว บัดนี้จงขึ้นไปทางเหนือ 4จงสั่งประชากรดังนี้ว่า ‘เจ้ากำลังจะผ่านดินแดนของพี่น้องของเจ้าผู้เป็นวงศ์วานของเอซาวซึ่งอาศัยอยู่ในเสอีร์ พวกเขาจะหวาดกลัวเจ้า แต่จงระมัดระวัง 5อย่ายั่วยุพวกเขาให้ทำสงครามเพราะเราจะไม่ยกดินแดนของเขาให้เจ้าแม้แต่คืบเดียว เราได้ยกดินแดนเทือกเขาเสอีร์ให้เป็นกรรมสิทธิ์ของเอซาวแล้ว 6เจ้าจะต้องจ่ายเงินค่าน้ำค่าอาหารให้แก่เขา’ ”

7พระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านทรงอวยพรการงานทุกอย่างที่ท่านทำ ทรงดูแลท่านตลอดการเดินทางผ่านถิ่นกันดารอันกว้างใหญ่นี้ พระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านสถิตกับท่านตลอดสี่สิบปีมานี้ และท่านไม่ได้ขัดสนสิ่งใดเลย

8ฉะนั้นเราจึงเดินทางผ่านพี่น้องของเรา คือวงศ์วานเอซาวซึ่งอาศัยในเสอีร์ หันจากเส้นทางอาราบาห์ซึ่งมาจากเอลัทและเอซีโอนเกเบอร์ และเลี้ยวไปตามทางถิ่นกันดารโมอับ

9แล้วองค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสกับข้าพเจ้าว่า “อย่าไปรบกวนหรือยั่วยุชาวโมอับให้ทำสงคราม เพราะเราจะไม่ยกดินแดนส่วนใดของเขาให้เจ้า เราได้ยกดินแดนอาร์ให้เป็นกรรมสิทธิ์แก่วงศ์วานของโลทแล้ว”

10(ชาวเอมิมเคยอาศัยอยู่ที่นั่น เป็นชนชาติใหญ่และเข้มแข็ง สูงใหญ่เหมือนมนุษย์ยักษ์อานาค 11ทั้งชาวเอมิมและชาวอานาคมักจะถูกเรียกว่าเรฟาอิม แต่คนโมอับเรียกพวกเขาว่าเอมิม 12ชาวโฮรีเคยอาศัยอยู่ในเสอีร์ แต่ถูกวงศ์วานของเอซาวขับไล่ออกไป พวก

เขาทำลายชาวโฮรีและยึดครองดินแดน เหมือนที่อิสราเอลจะยึดครองดินแดนซึ่งองค์พระผู้เป็นเจ้ายกให้เป็นกรรมสิทธิ์ของพวกเขา)

13องค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสว่า “บัดนี้จงลุกขึ้นข้ามหุบเขาเศเรด” เราก็ข้ามไป

14เราใช้เวลา 38 ปีเดินทางจากคาเดชบารเนียจนเราข้ามหุบเขาเศเรด ถึงตอนนั้นนักรบทั้งหมดในรุ่นนั้นก็ตายหมดค่ายตามที่องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงสาบานไว้ 15พระหัตถ์ขององค์พระผู้เป็นเจ้าได้ต่อสู้พวกเขาจนพวกเขาทั้งหมดถูกกำจัดไปจากค่าย

16เมื่อนักรบคนสุดท้ายของรุ่นนั้นตายไป 17องค์พระผู้เป็นเจ้าจึงตรัสกับข้าพเจ้าว่า 18“วันนี้พวกเจ้าจงข้ามชายแดนโมอับที่อาร์ 19เมื่อเจ้าเข้าใกล้ชาวอัมโมน อย่ารบกวนหรือยั่วยุพวกเขาให้ทำสงคราม เพราะเราจะไม่ยกดินแดนใดๆ ของเขาให้เจ้า เราได้ยกดินแดนนี้ให้เป็นกรรมสิทธิ์แก่วงศ์วานของโลทแล้ว”

20(ดินแดนนั้นก็เช่นกันเคยเป็นที่อาศัยของพวกมนุษย์ยักษ์เรฟาอิมซึ่งชาวอัมโมนเรียกว่า ศัมซุมมิม 21คนเหล่านี้เป็นชาติใหญ่และเข้มแข็ง สูงใหญ่เหมือนมนุษย์ยักษ์อานาค องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงทำลายพวกเขา เมื่อคนอัมโมนขับไล่และยึดครองดินแดนของพวกเขา 22องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงเคยช่วยเหลือวงศ์วานของเอซาวที่อาศัยในเสอีร์เช่นนี้มาก่อน โดยทรงทำลายล้างชาวโฮรีซึ่งพวกเขาขับไล่ออกไปและเข้ายึดครองดินแดนแทนพวกเขาตราบจนทุกวันนี้ 23เช่นเดียวกับเมื่อครั้งชาวดินแดนคัฟโทร์2:23 คือ ครีตได้ทำลายและยึดครองดินแดนแทนที่ชาวอัฟวิมผู้อาศัยในหมู่บ้านต่างๆ ไปจนถึงกาซา)

พิชิตกษัตริย์สิโหนแห่งเฮชโบน

24“จงข้ามโกรกธารอารโนน ดูเถิด เรากำลังจะยกกษัตริย์สิโหนชาวอาโมไรต์แห่งเฮชโบนกับดินแดนของเขาไว้ในมือของเจ้า จงเข้ายึดดินแดนและทำศึกกับเขา 25ตั้งแต่วันนี้เป็นต้นไปเราจะให้ชนชาติทั้งปวงทั่วใต้ฟ้าครั่นคร้ามหวาดกลัวเจ้า พวกเขาจะได้ยินกิตติศัพท์ของเจ้าและจะหวาดผวาและหวั่นวิตกเพราะเจ้า”

26จากถิ่นกันดารเคเดโมท ข้าพเจ้าส่งทูตไปเจรจาโดยสันติวิธีกับกษัตริย์สิโหนแห่งเฮชโบนว่า 27“ขอให้เราผ่านดินแดนของท่าน เราจะไปตามทางหลวงโดยไม่ออกไปทางขวาหรือทางซ้าย 28เราจะจ่ายเงินซื้ออาหารและน้ำจากท่าน ขอเพียงแต่ยอมให้เราเดินผ่าน 29เหมือนที่วงศ์วานของเอซาวที่เสอีร์ และชาวโมอับที่อาร์อนุญาตให้เราผ่านแดน จนเราข้ามแม่น้ำจอร์แดนเพื่อไปยังดินแดนซึ่งพระยาห์เวห์พระเจ้าของเราประทานให้” 30แต่กษัตริย์สิโหนแห่งเฮชโบนไม่ยินยอมให้เราผ่านแดน ทั้งนี้เพราะพระยาห์เวห์พระเจ้าของท่านทรงกระทำให้จิตใจของเขาแข็งกระด้าง และทำให้ใจของเขาดื้อดึง เพื่อจะมอบเขาไว้ในมือของท่านดังที่เป็นอยู่ขณะนี้

31องค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสกับข้าพเจ้าว่า “ดูเถิด เรากำลังจะมอบสิโหนกับดินแดนของเขาไว้ในมือของเจ้า บัดนี้จงเข้าพิชิตและครอบครองดินแดนของเขา”

32เมื่อสิโหนยกไพร่พลทั้งหมดออกมาสู้กับเราที่ยาฮาส 33พระยาห์เวห์พระเจ้าของเราทรงมอบเขาไว้ในมือของเรา เราประหารเขากับบรรดาลูกชาย และกองกำลังทั้งหมดของเขา 34ครั้งนั้นเรายึดเมืองทั้งหมดของเขาและทำลายล้าง2:34 คำนี้ในภาษาฮีบรูหมายถึงสิ่งของหรือบุคคลที่ถวายแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าแล้วไม่อาจเรียกคืนได้ มักจะต้องทำลายให้หมดสิ้นไปพวกเขาหมดสิ้น ทั้งผู้ชาย ผู้หญิง และเด็ก เราไม่ปล่อยให้ใครรอดชีวิตเลย 35แต่เรายึดฝูงสัตว์พร้อมทั้งทรัพย์สินที่ได้จากเมืองต่างๆ มาเป็นของเรา 36เรารบชนะตั้งแต่อาโรเออร์จากโกรกธารอารโนน รวมหัวเมืองต่างๆ แถบนั้นจนจดกิเลอาด ไม่มีสักเมืองเดียวที่แข็งแกร่งเกินกำลังของเรา พระยาห์เวห์พระเจ้าของเราประทานเมืองทั้งหมดแก่เรา 37อย่างไรก็ดีพวกท่านเลี่ยงจากดินแดนของชาวอัมโมน จากดินแดนแถบแม่น้ำยับบอก และดินแดนเทือกเขาตามที่พระยาห์เวห์พระเจ้าของเราทรงบัญชาไว้