5 Mose 10 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 10:1-22

Abo Pon Foforo

1Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. 2Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.”

3Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no. 4Awurade kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na Awurade de maa me. 5Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ.

6Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo. 7Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so. 8Ɛhɔ na Awurade yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wonnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi. 9Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no.

10Na metenaa bepɔw no so wɔ Awurade anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na Awurade tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo. 11Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.”

Munsuro Awurade

12Na afei, Israel, dɛn na Awurade, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, 13na mudi Awurade ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye.

14Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de. 15Nanso Awurade nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi. 16Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no. 17Na Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso. 18Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama. 19Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. 20Munsuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara. 21Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi. 22Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma.

Korean Living Bible

신명기 10:1-22

두 번째 돌판

1“그때 여호와께서 나에게 이렇게 말씀하셨습니다. ‘너는 처음 것과 같 은 두 돌판을 다듬어 가지고 산으로 올라와 나에게 나오너라. 그리고 그것들을 넣어 둘 나무 상자 하나도 만들어라.

2네가 깨뜨린 처음의 돌판에 기록된 말을 내가 다시 그 돌판에 기록하겠다. 너는 그 돌판을 상자에 넣도록 하라.’

3“그래서 나는 아카시아나무로 상자 하나를 만들어 놓고, 처음의 것과 같은 두 돌판을 다듬어 가지고 산으로 올라갔습니다.

4그때 여호와께서 그 돌판에 십계명을 다시 기록하여 나에게 주셨습니다. 그것은 여러분이 산기슭에 모였을 때 여호와께서 여러분에게 불 가운데서 선포하신 그 말씀과 똑같은 것이었습니다.

5그래서 나는 산에서 내려와 여호와께서 명령하신 대로 그 돌판을 내가 만든 상자에 넣어 두었으며 그것은 지금까지도 보존되어 있습니다.”

6(이스라엘 민족은 10:6 히 ‘브에롯 브네-야아간’야아간 사람들의 우물에서 출발하여 모세라에 도착하였다. 거기서 아론이 죽어 묻혔고 그의 아들 엘르아살이 그를 이어 제사장이 되었다.

7또 그들은 거기서 출발하여 굿고다로 갔으며 다시 거기서 욧바다로 갔다. 그 땅은 물이 많은 곳이었다.

8그때 여호와께서 레위 지파를 따로 세워 여호와의 법궤를 운반하게 하고 여호와를 섬기며 여호와의 이름으로 축복하게 하셨는데 그들은 오늘날까지도 그 일을 하고 있다.

9그래서 레위 지파는 다른 지파처럼 분배받은 땅이 없으며 여호와 하나님이 그들에게 말씀하신 대로 여호와가 그들의 유일한 재산이었다.)

10“나는 처음과 같이 40일 동안 밤낮 산에 머물러 있었습니다. 그때도 여호와께서는 내 간청을 들으시고 여러분을 죽이지 않으셨습니다.

11그리고 여호와께서는 나에게 ‘너는 가서 백성을 인도하여 내가 그들의 조상들에게 약속한 땅으로 들어가 그 땅을 얻게 하라’ 고 말씀하셨습니다.”

하나님이 요구하시는 것

12“이스라엘 백성 여러분, 여러분의 하나님 여호와께서 여러분에게 요구하시는 것이 무엇입니까? 여러분의 하나님 여호와를 두려워하고 그분의 뜻대로 살며 마음을 다하고 정성을 다하여 그분을 사랑하고 섬기며

13내가 여러분의 행복을 위해 오늘 여러분에게 전하는 여호와의 명령과 규정을 지키는 것이 아니겠습니까?

14“하늘과 땅과 그 가운데 있는 모든 것이 다 여러분의 하나님 여호와의 것입니다만

15여호와께서는 특별히 여러분의 조상들을 사랑하셔서 그들의 후손인 여러분을 많은 민족 중에서 택하여 오늘날처럼 되게 하셨습니다.

16그러므로 여러분은 10:16 원문에는 ‘마음에 할례를 행하고’여호와께 순종하고 고집을 피우지 마십시오.

17여러분의 하나님 여호와는 10:17 또는 ‘신의 신이시며 주의 주시요’가장 높은 신이시며 모든 것을 다스리는 주시요 위대하고 능력 있는 두려운 하나님이시며 사람의 겉모양을 보지 않으시고 뇌물을 받지 않으시는 분이십니다.

18그분은 또 고아와 과부들이 정당한 대우를 받게 하시고 나그네를 사랑하셔서 그들에게 먹을 것과 입을 것을 주십니다.

19그러므로 여러분은 나그네를 사랑하십시오. 여러분도 이집트에 있을 때 나그네였습니다.

20여러분의 하나님 여호와를 두려운 마음으로 섬기며 그분을 가까이하고 그분의 이름으로만 맹세하십시오.

21여호와는 여러분이 찬송할 분이시요, 여러분의 하나님이시며, 여러분이 목격한 대로 여러분을 위해 크고 놀라운 일을 행하신 분이십니다.

22여러분의 조상들이 이집트에 내려갔을 때는 겨우 70명밖에 되지 않았으나 이제는 여러분의 하나님 여호와께서 여러분을 하늘의 별처럼 많게 하셨습니다.”