4 Mose 7 – AKCB & APSD-CEB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 7:1-89

1Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso. 2Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae. 3Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.

4Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 5“Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”

6Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no. 7Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi, 8na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin. 9Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.

10Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no. 11Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”

12Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.

13Nneɛma a ɔde bae no yɛ:

dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

14sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

15ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde.

16Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde

17ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde.

Eyi ne Nahson, Aminadab ba afɔrebɔde.

18Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

19Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama.

20Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

21nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

22ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

23ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Suar babarima Netanel de bae.

24Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

25Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

26sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

27nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

28ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre

29ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Helon babarima Eliab de bae.

30Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

31Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama.

32Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

33Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

34ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

35ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe.

Eyi ne afɔre a Sedeur babarima Elisur de bae.

36Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

37Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

38sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

39nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

40ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre,

41ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae.

Eyi ne afɔre a Surisadai ba Selumiel de bae.

42Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

43Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

44sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

45nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,

46ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

47anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Deguel ba Eliasaf de bae.

48Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

49Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

50sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

51nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

52ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

53ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Amihud babarima Elisama de bae.

54Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

55Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

56sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

57nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

58ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

59ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae.

60Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

61Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

62sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

63nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

64ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

65ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae.

66Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

67Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

68sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

69nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

70ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

71ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Amisadai babarima Ahieser de bae.

72Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

73Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

74sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

75nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

76ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

77ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae.

78Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.

79Na nʼafɔrebɔde no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;

80sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;

81nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;

82ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;

83ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.

Eyi ne afɔre a Enan babarima Ahira de bae.

84Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase:

dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien. 85Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako. 86Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.

87Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre.

88Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia.

89Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.

Ang Pulong Sa Dios

Numero 7:1-89

Ang mga Halad alang sa Pagdedikar sa Tolda nga Simbahan

1Human mapahimutang ni Moises ang Tolda nga Simbahan, gidihogan niya kini pinaagi sa pagwisik ug lana, ug gigahin lakip ang tanang mga kagamitan niini. Mao usab ang iyang gihimo sa halaran ug sa tanang kagamitan niini. 2Unya ang mga pangulo sa Israel nga nagdumala niadtong mga tawo nga gipang-ihap, nagdala ngadto sa Ginoo ug mga halad. 3Nagdala sila ngadto sa presensya sa Ginoo ug unom ka karomata ug 12 ka baka—usa ka karomata sa kada duha ka pangulo ug usa ka baka kada usa kanila. Gidala nila kini sa atubangan sa Tolda nga Simbahan.

4Miingon ang Ginoo kang Moises, 5“Dawata ang ilang halad aron magamit alang sa mga buluhaton diha sa Tolda nga Tagboanan. Ihatag kini sa mga kaliwat ni Levi sumala sa gikinahanglan sa tagsa-tagsa nila ka buluhaton.”

6Busa gidawat ni Moises ang mga karomata ug mga baka ug gihatag ngadto sa mga kaliwat ni Levi. 7Gihatag niya ang duha ka karomata ug upat ka baka sa mga kaliwat ni Gershon alang sa ilang buluhaton. 8Gihatag niya ang upat ka karomata ug walo ka baka sa mga kaliwat ni Merari alang sa ilang buluhaton. Gipangulohan kini silang tanan ni Itamar nga anak sa pari nga si Aaron. 9Apan wala hatagi ni Moises ug karomata o baka ang mga kaliwat ni Kohat kay kinahanglang pas-anon lang gayod nila ang balaan nga mga butang sa Tolda.

10Ang mga pangulo nagdala usab sa ilang mga halad alang sa pagdedikar sa halaran sa panahon nga kini gidedikar. 11Miingon ang Ginoo kang Moises, “Kinahanglan nga sa matag adlaw may usa ka pangulo nga magdala sa iyang halad alang sa pagdedikar sa halaran.”

12-83Mao kini sila ang nagdala sa ilang mga halad:

Sa unang adlaw, si Nashon nga anak ni Aminadab gikan sa tribo ni Juda.

Sa ikaduha nga adlaw, si Netanel nga anak ni Zuar gikan sa tribo ni Isacar.

Sa ikatulo nga adlaw, si Eliab nga anak ni Helon gikan sa tribo ni Zebulun.

Sa ikaupat nga adlaw, si Elizur nga anak ni Shedeur gikan sa tribo ni Reuben.

Sa ikalima nga adlaw, si Shelumiel nga anak ni Zurishadai gikan sa tribo ni Simeon.

Sa ikaunom nga adlaw, si Eliasaf nga anak ni Deuel gikan sa tribo ni Gad.

Sa ikapito nga adlaw, si Elishama nga anak ni Amihud gikan sa tribo ni Efraim.

Sa ikawalo nga adlaw, si Gamaliel nga anak ni Pedazur gikan sa tribo ni Manase.

Sa ikasiyam nga adlaw, si Abidan nga anak ni Gideoni gikan sa tribo ni Benjamin.

Sa ikanapulo nga adlaw, si Ahiezer nga anak ni Amishadai gikan sa tribo ni Dan.

Sa ika-11 nga adlaw, si Pagiel nga anak ni Ocran gikan sa tribo ni Asher.

Sa ika-12 nga adlaw, si Ahira nga anak ni Enan gikan sa tribo ni Naftali.

Ang kada usa kanila nagdala niining mga halad: usa ka pilak nga bandehado nga may gibug-aton nga usa ka kilo ug tunga, ug usa ka pilak nga yahong nga may gibug-aton nga 800 ka gramo basi sa timbangan nga ginagamit sa mga pari. Ang kada usa niini puno sa maayong klase sa harina nga sinagolan ug mantika isip halad alang sa pagpasidungog sa Ginoo. Nagdala usab sila ug usa ka bulawan nga plato nga may gibug-aton nga 120 ka gramo nga puno ug insenso; usa ka toriyong baka, usa ka hamtong nga laking karnero, ug usa ka laking karnero nga tagsa ka tuig ang edad isip halad nga sinunog; usa ka laking kanding isip halad sa paghinlo; ug duha ka baka, lima ka hamtong nga laking karnero, lima ka laking kanding, ug lima ka laking karnero nga tagsa ka tuig ang edad isip halad alang sa maayong relasyon.

84Mao kini tanan ang mga halad sa 12 ka mga pangulo sa mga Israelinhon alang sa pagdedikar sa halaran: 12 ka pilak nga bandehado, 12 ka pilak nga yahong, ug 12 ka bulawan nga plato.

85Ang kada usa sa pilak nga bandehado dunay gibug-aton nga usa ka kilo ug tunga, ug ang kada usa sa salapi nga yahong dunay gibug-aton nga 800 ka gramo. Ang gibug-aton niining tanan mikabat ug 28 ka kilo basi sa timbangan nga ginagamit sa mga pari.

86Ang 12 ka bulawan nga plato nga puno ug insenso dunay gibug-aton nga 120 ka gramo kada usa basi sa timbangan nga ginagamit sa mga pari. Ang gibug-aton niining tanan mikabat ug 1,440 ka gramo.

87Ang gidaghanon sa mananap alang sa halad nga sinunog mao kini: 12 ka toriyong baka, 12 ka hamtong nga laking karnero, ug 12 ka laking karnero nga tagsa ka tuig ang edad, lakip ang mga halad isip halad sa pagpasidungog sa Ginoo. Ang halad sa paghinlo: 12 ka laking kanding.

88Ang gidaghanon sa mananap alang sa halad sa maayong relasyon mao kini: 24 ka torong baka, 60 ka hamtong nga laking karnero, 60 ka laking kanding, ug 60 ka laking karnero nga tagsa ka tuig ang edad.

Mao kini tanan ang mga halad sa pagdedikar sa halaran.

89Kon mosulod si Moises sa Tolda nga Tagboanan sa pagpakigsulti sa Ginoo, madungog niya ang tingog nga nagasulti kaniya gikan sa taliwala sa duha ka kerubin, nga anaa ibabaw sa tabon sa Kahon sa Kasugoan. Didto makigsulti ang Ginoo kang Moises.