4 Mose 4 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 4:1-49

Kohar Mmabarima

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2“Kan Kohatfo no dodow a wɔwɔ Lewifo no abusua mu. 3Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu.

4“Kohat mma no dwumadi ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronne no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 5Sɛ wɔretu afi atenae hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho. 6Afei, wɔde abirekyi nhoma bɛkata nkataanim no ho na wɔde ntama tuntum akata abirekyi nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkaa no mu.

7“Afei, wɔmfa ntama tuntum nsɛw ɔpon a Daa Daa Brodo no da so no so; na wɔmfa mprɛte, nsanka, ne adidi nkankyee ne ɔnom afɔre nkuruwa no; brodo no ngu ntama no so ara. 8Wɔde ntama kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasan de abirekyi nhoma akata ntama kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɔpon no mu.

9“Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata kaneadua no, akanea no, adabaw no, nkuku apampaa no ne ngo tumpan no ho. 10Saa nneɛma yi nyinaa nso wɔde abirekyi nhoma a ɛyɛ den bɛkata ho na wɔde nea wɔakyekyere no nyinaa abegu ɔpon no so.

11“Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔremuka no so na wɔsan de abirekyi nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔremuka no mu.

12“Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntama bibiri kyekyere ho a wɔde abirekyi nhoma asan akyekyere ho na wɔde ato mpata a wɔde soa no so.

13“Ɛsɛ sɛ wotu nsõ no nyinaa fi afɔremuka no mu gu, na wɔde ntama kɔkɔɔ kyekyere ho. 14Ɛsɛ sɛ wɔde afɔremuka no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntama no so. Saa nneɛma no ne nkankyee a wɔnoa mu, adinam, sofi, ne nkankyee a wɔde nsu a wɔde pete gu mu. Ɛsɛ sɛ wɔde abirekyi nhoma kata ne nyinaa so na wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde gu.

15“Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafo bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wonni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho tew no bi. Wɔyɛ saa a, wobewuwu. Ɛsɛ sɛ Kohat mmabarima no soa nneɛma a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no.

16“Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”

17Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 18“Monhwɛ sɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu. 19Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho tew no a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu ni: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn ade a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20Ɛnsɛ sɛ Kohatfo no kɔ hɔ kɔhwɛ akronkronne no koraa, na wɔanwuwu.”

Gerson Mmabarima

21Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 22“Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no, 23fi mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ no so.

24“Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni: 25Wɔbɛsoa ntama a etwa Ahyiae Ntamadan mu hɔ, Ahyiae Ntamadan no ankasa ne nea ɛkata ho, abirekyi nhoma nkuruso ne ntama a ɛsɛn Ahyiae Ntamadan no ano no. 26Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa. 27Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di. 28Eyi ne Gersonfo no adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ sɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase.

Merari Mmabarima

29“Kan Merari asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no. 30Kan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum so a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ. 31Sɛ wɔpagyaw Ahyiae Ntamadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinaso, nnua a esisi mu, ne nsisiso, 32mpuran a wɔde yɛɛ adiwo hɔ afasu no ne ne nsisiso, nnyinaso, ntampehama ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadi ahorow no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn din no nsa. 33Merari asefo no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”

34Enti Mose ne Aaron ne mpanyimfo no bi kɔkan Kohatfo

35a mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum nyinaa a wobetumi ayɛ Ahyiae Ntamadan mu adwuma ka ho, 36na wohuu sɛ wɔn nyinaa dodow yɛ mpem abien ne ahanson aduonum. 37Eyinom ne Kohat asefo dodow a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu Wɔyɛɛ eyinom nyinaa de dii Awurade ahyɛde a ɔmaa Mose no so.

38Wɔkan Gersonfo no mmusua ne wɔn mmusuakuw.

39Wɔkan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 40Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abien ahansia ne aduasa. 41Enti na Gersonfo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.

42Merarifo no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuw.

43Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 44Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abiɛsa ne ahannu. 45Enti Merarifo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

46Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo nam Lewifo no mmusua ne wɔn afi so kan wɔn nyinaa. 47Mmarima a na wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48dodow yɛ mpem ahanwɔtwe ahannum ne aduɔwɔtwe.

49Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no nti na wɔnam so kan nnipa no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 4:1-49

哥辖子孙的职责

1耶和华对摩西亚伦说: 2“你要按宗族和家系统计利未人中哥辖子孙的人数, 3登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 4他们在会幕里管理至圣之物。

5“拔营出发的时候,亚伦父子们要进会幕解下圣所和至圣所之间的幔子,用它遮盖约柜, 6再在上面依次盖上海狗皮和纯蓝色的布,然后穿上抬约柜的横杠。

7“要在摆放供饼的桌子上铺一块蓝布,把盘、碟、杯和献酒用的瓶子摆在上面。桌上要有供饼。 8这些东西上面要盖朱红色的布,再盖上海狗皮,然后穿上抬桌子的横杠。

9“要用蓝布把灯台、灯盏、蜡剪、蜡盘和盛油的器皿全遮盖起来, 10再在上面盖上海狗皮,然后放在抬架上。

11“金香坛上面要盖蓝色布,再盖上海狗皮,穿上抬金香坛的横杠。

12“圣所里面一切器皿都要用蓝色布包好,盖上海狗皮,放在抬架上。

13“要清除祭坛上的灰烬,铺上紫色布, 14然后把火鼎、肉叉、铲、碗等祭坛的器具放在上面,再盖上海狗皮,穿上抬祭坛的横杠。

15“拔营出发时,哥辖的子孙要等到亚伦父子们把圣所和圣所的器具都盖好后,才可以来抬。他们负责抬这些会幕的器具,但不可触摸这些圣物,免得死亡。 16亚伦祭司的儿子以利亚撒负责管理整个圣幕及里面的灯油、香料、素祭、膏油等一切物品。”

17耶和华对摩西亚伦说: 18“不要让哥辖宗族在利未人中灭绝。 19他们走近至圣之物以前,亚伦父子们要先进去指派他们做什么、抬什么,以免他们死亡。 20他们不可进去看圣物,一刻都不可,免得死亡。”

革顺子孙的职责

21耶和华对摩西说: 22“你要按宗族和家系统计革顺子孙的人数, 23登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 24以下是他们负责的事务。

25“他们要抬圣幕的幔子、会幕、会幕顶盖、顶盖上的海狗皮、会幕门帘、 26围绕圣幕和祭坛的院子的帷幔、院门门帘、绳索等器具,还负责其他相关事务。 27你们要把任务分配给革顺的子孙,他们要遵照亚伦父子们的吩咐司职。 28这是革顺宗族的人在会幕里的职责,他们要按祭司亚伦的儿子以他玛的吩咐司职。

米拉利子孙的职责

29“你要按宗族和家系统计米拉利子孙的人数, 30登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 31他们在会幕里负责抬圣幕的木板、横闩、柱子、带凹槽的底座, 32院子四周的柱子及其带凹槽的底座、橛子、绳索和其他相关器具。你们要把当抬的物件一一指派给他们。 33这是米拉利宗族的人在会幕的职责,由祭司亚伦的儿子以他玛监督。”

34于是,摩西亚伦和会众的首领按宗族和家系统计哥辖的子孙, 35登记了三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子, 36共两千七百五十人。 37这是哥辖宗族在会幕司职的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

38-40按宗族和家系统计,革顺的子孙中三十岁到五十岁、可在会幕司职的共两千六百三十人。 41这是革顺宗族在会幕司职的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

42-44按宗族和家系统计,米拉利的子孙中三十岁到五十岁、可在会幕司职的共三千二百人。 45这是米拉利宗族的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

46摩西亚伦以色列人的首领按宗族和家系统计了利未人的人数, 47-48三十岁到五十岁可司职、搬运会幕器具的利未人共八千五百八十人。 49照耶和华对摩西的吩咐,每个人都被统计在内,都有指定的职责和当抬的器具。这样,照耶和华对摩西的吩咐,人口统计完毕。