4 Mose 27 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 27:1-23

Selofehad Mmabea

1Hefer a ɔyɛ Manase ba, Mika ba, Gilead ba no babarima Selofehad a wofi Manase mmusua a efi Yosef ase no mmabea a wɔn din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa sɔree. 2Wɔbaa Mose, ɔsɔfo Eleasar, mpanyimfo ne wɔn a wɔahyia wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no nyinaa anim bɛkaa se, 3“Yɛn agya wuu wɔ sare so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛma wowuwuu no ho. Ɔno ankasa bɔne nti na owui a wannyaw mmabarima. 4Adɛn nti na esiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima nti ne din ayera fi nʼabusua mu? Momma yɛn yɛn agya abusua mu agyapade no bi.”

5Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6Awurade buaa no se, 7“Asɛm a Selofehad mmabea no ka no yɛ nokware. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapade a sɛ wɔn agya no te ase a anka obenya no ma wɔn.

8“Ka kyerɛ Israelfo no se sɛ obi wu na onni mmabarima a ɛsɛ sɛ nʼagyapade kɔ ne mmabea hɔ. 9Na sɛ onni ɔbabea nso a, ɛsɛ sɛ agyapade no kɔ ne nuabarimanom nkyɛn. 10Na sɛ onni nuabarimanom a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11Na sɛ onni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfo di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”

Woyi Yosua Sɛ Mose Abediakyiri

12Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim mmepɔw no so na hwɛ asase a mede maa Israelfo no. 13Sɛ wohwɛ wie a, wubewu sɛnea wo nua Aaron wui no, 14efisɛ wɔsɔre tiaa me mmara wɔ Sin sare so hɔ, mo baanu no buu mʼahyɛde so na moanhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn ani so.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsu “Akoe” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin sare so no so.

15Mose ka kyerɛɛ Awurade se, 16Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti, yi obi ma onni dɔm yi anim 17a ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade nnipa renyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”

18Enti Awurade buaa Mose se, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ akanni honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa to no so. 19Fa no kɔ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa anim na fa ne dwumadi hyɛ ne nsa. 20Fa wo tumi no bi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nyinaa betie no. 21Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”

22Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa. 23Na ɔde ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛnea Awurade nam ne so hyɛe no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 27:1-23

女儿的继承权

1西罗非哈约瑟之子玛拿西的玄孙、玛吉的曾孙、基列的孙子、希弗的儿子。他的女儿是玛拉挪阿曷拉密迦得撒。她们前来, 2站在会幕门口对摩西以利亚撒祭司、众首领和全体会众说: 3“我们的父亲死在旷野,他并没有跟可拉一伙一起反叛耶和华,而是因自己的罪而死,没有留下儿子。 4难道因为他没有儿子,他的名字就要从族中消失吗?请让我们在父亲的家族中分一份产业吧。” 5摩西就把她们的请求呈到耶和华面前。 6耶和华对摩西说: 7西罗非哈的女儿说得有理。你要从她们父亲的家族中分一份产业给她们,让她们继承父亲的产业。 8你要告诉以色列人,‘人死后如果没有儿子,就由女儿继承产业; 9如果没有女儿,就由其兄弟继承; 10如果没有兄弟,就由其父的兄弟继承; 11如果其父没有兄弟,就由其族中最近的亲属继承。’”这是耶和华吩咐摩西颁布给以色列人的律例。

约书亚接替摩西做首领

12耶和华对摩西说:“你上亚巴琳山去眺望我赐给以色列人的土地。 13看了以后,你就要像你哥哥亚伦一样去祖先那里了。 14因为会众在旷野反叛我的时候,你们二人没有按照我的指示取水,没有在他们面前尊我为圣。”耶和华指的是米利巴泉事件,发生在旷野的加低斯15摩西对耶和华说: 16“耶和华啊,你是赐人生命的上帝,求你立一个人做会众的首领, 17带领他们或进或退,免得你的会众像没有牧人的羊群。” 18耶和华对摩西说:“的儿子约书亚心里有圣灵,你把他召来,按手在他身上, 19让他站在以利亚撒祭司和全体会众面前,当着他们的面任命他做首领, 20把你的权柄赐给他,使以色列全体会众都听从他。 21遇到事情,他要去以利亚撒祭司那里,让祭司借着乌陵为他求问我。他和全体会众或进或出都要听从以利亚撒的指示。” 22摩西遵命而行,把约书亚召来,让他站在以利亚撒祭司和全体会众面前, 23然后照耶和华的吩咐按手在他的头上,任命他做首领。