4 Mose 18 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 18:1-32

Asɔfo Ne Lewifo Asɛde

1Awurade kasa kyerɛɛ Aaron se, “Wo, wo mmabarima ne wʼabusuafo a wofi Lewi abusuakuw mu no, mfomso biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodi bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yiye wɔ asɔfodwuma no mu a, wobebisa wo ne wo mmabarima ho asɛm. 2Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho. 3Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu. 4Ɛsɛ sɛ wɔka mo ho na mohwɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ; ɛhɔ nnwuma nyinaa. Ɛnsɛ sɛ onipa foforo biara bɛn beae a wowɔ no.

5“Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio. 6Mʼankasa na mapaw wo nkurɔfo Lewifo afi Israelfo mu sɛ akyɛde ama wo, atew wɔ ho ama Awurade sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 7Nanso wo ne wo mmabarima nkutoo na na mubedi dwuma sɛ asɔfo wɔ nea ɛfa afɔremuka ne nea ɛwɔ ntwamtam no mu no ho. Mede asɔfodwuma ɔsom rema mo sɛ akyɛde. Ɛsɛ sɛ wokum onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no.”

8Awurade san ka kyerɛɛ Aaron se: “Mʼankasa na mede akyɛde a nkurɔfo de abrɛ Awurade no ahyɛ wo nsa; afɔrebɔde a Israelfo no de ma me no nyinaa no mede ma wo ne wo mmabarima sɛ mo kyɛfa; ɛyɛ mo kyɛfa afebɔɔ. 9Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara. 10Munni no sɛ ade a ɛyɛ kronkron pa ara; ɔbarima biara nni bi. Mummu no sɛ ade kronkron.

11“Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.

12“Aba a edi kan mu akyɛde a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔde a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburow ne nnɔbae biara no, mede ma mo. 13Asase no so aba a edi kan a wɔde bɛbrɛ Awurade no bɛyɛ mo de. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.

14“Biribiara a ɛwɔ Israel a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo de. 15Israelfo abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde bɛma Awurade no yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo kwan sɛ wɔnwe wɔn nam no de, munnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wotua sika kakra de si abakan biara anan. 16Sɛ abakan no di ɔsram a, na ɛsɛ sɛ wɔde ogye bo a ɛyɛ dwetɛ nkaribo gram aduonum asia sɛnea kronkronbea hɔ nkaribo a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no te no ba.

17“Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani. 18Saa mmoa yi nyinaa nam bɛyɛ mo de te sɛnea ohim afɔrebɔde koko ne ne srɛ nifa yɛ mo de no. 19Biribiara a Israelfo de bɛbrɛ Awurade a wobefi afɔrebɔ kronkron mu ayi ato hɔ no, mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Ɛyɛ ahyɛde a ɛda mo ne Awurade ne mo asefo ntam daa nyinaa.”

20Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Morennya agyapade biara mfi wɔn asase mu, na morennya kyɛfa biara mfi wɔn mu; mene mo kyɛfa ne mo agyapade wɔ Israelfo no mu.

21“Mede Israel ntotoso du du no nyinaa ma Lewifo no sɛ wɔn agyapade de retua wɔ som a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no so ka. 22Efi nnɛ rekɔ, Israelfo no nni ho kwan sɛ wɔbɛn Ahyiae Ntamadan no mu; anyɛ saa a, wobɛsoa wɔn bɔne ho asodi ama wɔawuwu. 23Lewifo no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔasoa mfomso biara a wɔbɛyɛ no ho asodi. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Wɔrennya agyapade biara wɔ Israelfo no mu. 24Mmom, ntotoso du du a Israelfo no de ba sɛ Awurade afɔrebɔde no na mede rema Lewifo no. Ɛno nti na meka faa wɔn ho se: ‘Wɔrennya agyapade wɔ Israelfo no mu no.’ ”

25Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26“Ka kyerɛ Lewifo no se, ‘Sɛ munya ntotoso du du a mede rema mo sɛ mo agyapade no fi Israelfo no nkyɛn a, momfa nkyɛmu du mu baako mmrɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔde. 27Na Awurade begye no sɛ mo afɔrebɔde a efi mo awiporowbea anaa nsa a efi mo nsakyi amoa mu. 28Saa ɔkwan yi so na mobɛfa de mo afɔrebɔ a efi ntotoso du du a mubenya afi Israelfo no nkyɛn no abrɛ Awurade. Mumfi ntotoso du du yi mu mfa Awurade kyɛfa no mma ɔsɔfo Aaron. 29Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu nea eye pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.’

30“Ka kyerɛ Lewifo no se: ‘Sɛ mode emu nea eye pa ara no ba a, wɔbɛfa no sɛ nea efi mo ankasa mo awiporowbea anaa mo nsakyibea hɔ. 31Mo ne mo fifo betumi adi nkae no wɔ baabiara a mopɛ, efisɛ ɛyɛ mo adwuma a moyɛ no wɔ Ahyiae Ntamadan mu no so akatua. 32Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 18:1-32

祭司和利未人的职责

1耶和华对亚伦说:“你和你的儿子及亲族要承担触犯圣所的罪责;你和你儿子也要承担触犯祭司职务的罪责。 2你和你儿子在安放约柜的圣幕供职时,要把你们利未支派的亲族也一同带去,让他们协助你。 3他们要遵守你的吩咐,看守整个圣幕,但不可接近圣所的器具和祭坛,以免他们和你们都死亡。 4他们要协助你,负责看守圣幕,办理圣幕的一切事务。外人不可靠近。 5你们要看守圣所和祭坛,以免我的愤怒再临到以色列人。 6我已从以色列人中选出你们的利未亲族归给我,协助你们在会幕中司职。 7你和你儿子要尽祭司的本分,负责祭坛和至圣所的一切事务。祭司的职分是我赏赐给你们的,外人若近前来,必被处死。”

祭司当得之物

8耶和华对亚伦说:“你看!我让你照管以色列人献给我的礼物,把举祭等一切圣物赐给你和你的子孙,作为你们应得之份。此律永远不变。 9以色列人献给我的至圣之物——素祭、赎罪祭和赎过祭中留下不烧的部分都归你和你的子孙。 10你们男子都可以吃这些圣物,要在极其圣洁的地方吃。要把这些视为圣物。 11以色列人献的举祭和摇祭都归你,我已把它们赐给你和你的儿女,这是永远的定例。你家中所有洁净的人都可以吃。 12我把以色列人献给耶和华的初熟之物——最好的新油、新酒和五谷都赐给你。 13他们献给耶和华的一切初熟之物都归你,你家中洁净的人都可以吃。 14以色列人永远献上的一切18:14 永远献上的一切”指彻底奉献给耶和华的人或物,要么被毁灭,要么被献为供物。都要归你。 15奉献给耶和华的长子和头生的牲畜都归你,但要赎出长子和不洁净的头生牲畜。 16他们要在满月的时候被赎回,以圣所的秤为准,即一舍客勒是二十季拉,赎价是五十五克银子。 17头生的牛、绵羊和山羊不用赎出来,它们都是圣物。你要把它们的血洒在祭坛上,把脂肪烧掉,作为献给耶和华的馨香火祭; 18它们的肉要归你,正如摇祭的胸肉和举祭的右腿肉一样。 19以色列人献给耶和华的圣物中,我把举祭赐给你和你的儿女,这是永远的定例,是我与你及你的后代所立的永世之约。”

20耶和华对亚伦说:“你在以色列人将得之地不可有产业,不可有份于他们的财产,因为我是你在以色列人中的所得之份,是你的产业。

利未人应得之物

21“我要把以色列人出产的十分之一赐给利未人作产业,作为他们在会幕司职的酬劳。 22今后以色列人不可走近会幕,以免因犯罪而死。 23只有利未人可在会幕司职,他们要担负触犯圣幕的罪责,这是你们世世代代要遵守的条例。利未人在以色列人中不可有产业, 24因为我已经把以色列人给耶和华的十分之一出产赐给他们作产业。因此,我吩咐他们不可在以色列人中有产业。”

利未人应纳的十分之一

25耶和华对摩西说: 26“你把以下条例告诉利未人。

“你们从以色列人手中得到我赐给你们作产业的十分之一后,要从中取出十分之一作为举祭献给耶和华, 27这就算作你们献上了麦场的五谷和榨酒池的酒。 28这样,你们要从以色列人给你们的十分之一中,拿出一部分献给耶和华作举祭,将这举祭归给亚伦祭司。 29你们要把所得之物中至圣至好的献给耶和华作举祭。

30“你要告诉利未人,‘你们奉献了最好的以后,其余的算作你们麦场上的五谷和榨酒池的酒, 31你们和家人可以在任何地方吃,因为这些是你们在会幕司职的酬劳。 32你们献上最好的以后,就不会获罪了。你们不可亵渎以色列人献上的圣物,免得死亡。’”