4 Mose 16 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 16:1-50

Kora Atuatew

1Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmabarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no fi Ruben abusuakuw mu no yɛɛ ahomaso 2na wɔsɔre tiaa Mose. Na mpanyimfo atitiriw ahannu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuw no mu no ka ho. 3Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

4Mose tee saa asɛm no, ɔde nʼanim butuw fam. 5Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no se, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne nea ɔyɛ kronkron ne nea wayi no sɛ ɔmmɛn no. 6Nea ɛsɛ sɛ wo, Kora ne wʼakyidifo nyinaa yɛ ni: Momfa aduhuamyɛfo nkuku 7na ɔkyena monhyew aduhuam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na nea Awurade bɛpaw no no na ɔbɛyɛ ɔkronkronni. Afei de, Lewifo moayɛ ama aboro so!”

8Mose san bisaa Kora se, “Afei mo Lewifo, muntie! 9Yi a Israel Nyankopɔn ayi wo afi nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiae Ntamadan mu adwuma, na wutumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no sua ma wo ana? 10Ɔde wo ne wo mfɛfo Lewifo nyinaa abɛn no pɛɛ, nanso afei de, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no nso. 11Ɛyɛ Awurade na wo ne wʼakyidifo abɔ mu atia no no. Hena ne Aaron a wunwiinwii tia no?”

12Afei Mose frɛɛ Eliab mmabarima Datan ne Abiram, nanso wobuae se, “Yɛremma! 13So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso! 14Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”

15Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”

16Mose ka kyerɛɛ Kora se, “Ɔkyena wo ne wʼakyidifo no nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha; wo ne wɔn ne Aaron. 17Obiara mfa nʼaduhuamyɛfo nkuku a aduhuam gu so mmra. Obiara mfa aduhuamyɛfo kuku mmra. Ne nyinaa dodow yɛ ahannu aduonum; na momfa mmra Awurade anim. Mo ne Aaron na ɛsɛ sɛ mode ba.” 18Enti wɔn mu biara de nʼaduhuamyɛfo kuku a wasɔ aduhuam wɔ mu bae na wɔne Mose ne Aaron begyinagyinaa Ahyiae Ntamadan no ano. 19Bere a Kora aboa nʼakyidifo a wɔasɔre atia wɔn no nyinaa ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no, Awurade daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ nnipa no nyinaa. 20Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 21“Montwe mo ho mfi saa nnipa yi ho na manya kwan asɛe wɔn prɛko.”

22Nanso Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛe se, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Nyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”

23Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 24“Ka kyerɛ nnipa no se, ‘Mumfi Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu.’ ”

25Enti Mose kɔɔ Datan ne Abiram ntamadan no mu a na Israel mpanyimfo di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, 26Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Monsan mfi saa nnipabɔnefo yi ntamadan no mu! Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara, anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa, esiane wɔn bɔne nti.” 27Enti nnipa no fii Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu. Na Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyinagyinaa wɔn ntamadan no akwan ano.

28Mose kae se, “Ɛnam eyi so bɛma moahu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ nea mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara mʼadwene mu na mifi yɛɛ saa. 29Sɛ owu nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wohu nea ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. 30Na sɛ Awurade ma ade a ɛyɛ foforo koraa ba, na asase bue nʼanom mene wɔn ne wɔn ahode na sɛ wɔkɔ asaman anikann a, ɛbɛma moahu sɛ, saa nnipa yi abu Awurade animtiaa.”

31Ka a ɔkaa eyinom wiei ara pɛ, na asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee, 32na ɛbaee nʼanom menee wɔn ne wɔn abusuafo, wɔn nnamfonom a na wogyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapade nyinaa. 33Wowuraa asase mu anikann kɔɔ asaman na asase no san ka too mu ma wɔyera fii ɔman no mu. 34Israelfo nyinaa guanee a na wɔreteɛteɛ mu se, “Asase rebɛmene yɛn nso!”

35Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew nnipa ahannu aduonum a na wɔrehyew aduhuam no nyinaa.

36Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 37“Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar sɛ onyi aduhuamyɛfo nkuku no mfi nso no mu, efisɛ ɛyɛ kronkron, na ɔntrɛtrɛw nnyansramma no mu nkɔ akyiri 38mfi saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhuamyɛfo nkuku no ase. Boro aduhuamhyew nkuku no mma ɛnyɛ ntrantraa na momfa nkata afɔremuka no so. Saa aduhuamyɛfo nkuku yi yɛ kronkron, efisɛ wɔde baa Awurade anim. Ma ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo no.”

39Enti ɔsɔfo Eleasar faa wɔn a wɔahyew no aduhuamyɛfo nkuku no na ɔboro maa ɛyɛɛ ntrantraa na ɔde kataa afɔremuka no so, 40sɛnea Awurade nam Mose so kyerɛɛ no no. Na Israelfo no nam so akae se obiara a omfi Aaron ase no nni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhyew aduhuam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne ne ne dɔm no bi bɛto no.

41Ade kyee anɔpa no, Israelfo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron se, “Moakum Awurade nkurɔfo.”

42Nanso bere a nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano sɛ wɔretia Mose ne Aaron na wotwaa wɔn ani hwɛɛ Ahyiae Ntamadan no, prɛko pɛ, omununkum no kataa so ma wohuu Awurade anuonyam. 43Mose ne Aaron begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, 44na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 45“Twe wo ho fi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Na Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam.

46Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Fa aduhuamyɛfo kuku no na yi ogya fi afɔremuka no so gu mu. Fa aduhuam gu so na fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpata ma wɔn, efisɛ Awurade abufuw adu wɔn so. Ɔyaredɔm no afi ase.” 47Aaron yɛɛ nea Mose hyɛɛ no no, na otuu mmirika kɔɔ nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyew aduhuam no de yɛɛ mpata maa wɔn. 48Na ogyinaa ateasefo ne awufo ntam, na ɔyaredɔm no gyaee. 49Nanso na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dedaw abɛka wɔn a wɔne Kora wuwui da a edi anim no ho. 50Ɔyaredɔm no gyaee no, Aaron san kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.

New International Version

Numbers 16:1-50

Korah, Dathan and Abiram

1Korah son of Izhar, the son of Kohath, the son of Levi, and certain Reubenites—Dathan and Abiram, sons of Eliab, and On son of Peleth—became insolent16:1 Or Peleth—took men 2and rose up against Moses. With them were 250 Israelite men, well-known community leaders who had been appointed members of the council. 3They came as a group to oppose Moses and Aaron and said to them, “You have gone too far! The whole community is holy, every one of them, and the Lord is with them. Why then do you set yourselves above the Lord’s assembly?”

4When Moses heard this, he fell facedown. 5Then he said to Korah and all his followers: “In the morning the Lord will show who belongs to him and who is holy, and he will have that person come near him. The man he chooses he will cause to come near him. 6You, Korah, and all your followers are to do this: Take censers 7and tomorrow put burning coals and incense in them before the Lord. The man the Lord chooses will be the one who is holy. You Levites have gone too far!”

8Moses also said to Korah, “Now listen, you Levites! 9Isn’t it enough for you that the God of Israel has separated you from the rest of the Israelite community and brought you near himself to do the work at the Lord’s tabernacle and to stand before the community and minister to them? 10He has brought you and all your fellow Levites near himself, but now you are trying to get the priesthood too. 11It is against the Lord that you and all your followers have banded together. Who is Aaron that you should grumble against him?”

12Then Moses summoned Dathan and Abiram, the sons of Eliab. But they said, “We will not come! 13Isn’t it enough that you have brought us up out of a land flowing with milk and honey to kill us in the wilderness? And now you also want to lord it over us! 14Moreover, you haven’t brought us into a land flowing with milk and honey or given us an inheritance of fields and vineyards. Do you want to treat these men like slaves16:14 Or to deceive these men; Hebrew Will you gouge out the eyes of these men? No, we will not come!”

15Then Moses became very angry and said to the Lord, “Do not accept their offering. I have not taken so much as a donkey from them, nor have I wronged any of them.”

16Moses said to Korah, “You and all your followers are to appear before the Lord tomorrow—you and they and Aaron. 17Each man is to take his censer and put incense in it—250 censers in all—and present it before the Lord. You and Aaron are to present your censers also.” 18So each of them took his censer, put burning coals and incense in it, and stood with Moses and Aaron at the entrance to the tent of meeting. 19When Korah had gathered all his followers in opposition to them at the entrance to the tent of meeting, the glory of the Lord appeared to the entire assembly. 20The Lord said to Moses and Aaron, 21“Separate yourselves from this assembly so I can put an end to them at once.”

22But Moses and Aaron fell facedown and cried out, “O God, the God who gives breath to all living things, will you be angry with the entire assembly when only one man sins?”

23Then the Lord said to Moses, 24“Say to the assembly, ‘Move away from the tents of Korah, Dathan and Abiram.’ ”

25Moses got up and went to Dathan and Abiram, and the elders of Israel followed him. 26He warned the assembly, “Move back from the tents of these wicked men! Do not touch anything belonging to them, or you will be swept away because of all their sins.” 27So they moved away from the tents of Korah, Dathan and Abiram. Dathan and Abiram had come out and were standing with their wives, children and little ones at the entrances to their tents.

28Then Moses said, “This is how you will know that the Lord has sent me to do all these things and that it was not my idea: 29If these men die a natural death and suffer the fate of all mankind, then the Lord has not sent me. 30But if the Lord brings about something totally new, and the earth opens its mouth and swallows them, with everything that belongs to them, and they go down alive into the realm of the dead, then you will know that these men have treated the Lord with contempt.”

31As soon as he finished saying all this, the ground under them split apart 32and the earth opened its mouth and swallowed them and their households, and all those associated with Korah, together with their possessions. 33They went down alive into the realm of the dead, with everything they owned; the earth closed over them, and they perished and were gone from the community. 34At their cries, all the Israelites around them fled, shouting, “The earth is going to swallow us too!”

35And fire came out from the Lord and consumed the 250 men who were offering the incense.

36The Lord said to Moses, 37“Tell Eleazar son of Aaron, the priest, to remove the censers from the charred remains and scatter the coals some distance away, for the censers are holy— 38the censers of the men who sinned at the cost of their lives. Hammer the censers into sheets to overlay the altar, for they were presented before the Lord and have become holy. Let them be a sign to the Israelites.”

39So Eleazar the priest collected the bronze censers brought by those who had been burned to death, and he had them hammered out to overlay the altar, 40as the Lord directed him through Moses. This was to remind the Israelites that no one except a descendant of Aaron should come to burn incense before the Lord, or he would become like Korah and his followers.

41The next day the whole Israelite community grumbled against Moses and Aaron. “You have killed the Lord’s people,” they said.

42But when the assembly gathered in opposition to Moses and Aaron and turned toward the tent of meeting, suddenly the cloud covered it and the glory of the Lord appeared. 43Then Moses and Aaron went to the front of the tent of meeting, 44and the Lord said to Moses, 45“Get away from this assembly so I can put an end to them at once.” And they fell facedown.

46Then Moses said to Aaron, “Take your censer and put incense in it, along with burning coals from the altar, and hurry to the assembly to make atonement for them. Wrath has come out from the Lord; the plague has started.” 47So Aaron did as Moses said, and ran into the midst of the assembly. The plague had already started among the people, but Aaron offered the incense and made atonement for them. 48He stood between the living and the dead, and the plague stopped. 49But 14,700 people died from the plague, in addition to those who had died because of Korah. 50Then Aaron returned to Moses at the entrance to the tent of meeting, for the plague had stopped.16:50 In Hebrew texts 16:36-50 is numbered 17:1-15.