4 Mose 12 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 12:1-16

Miriam Ne Aaron Tia Mose

1Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani. 2Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

3Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.

4Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim. 5Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no, 6ɔkae se, “Muntie me nsɛm:

“Sɛ odiyifo wɔ mo mu a,

Me, Awurade, menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no,

me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.

7Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho.

Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.

8Me ne no kasa anim ne anim,

kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu.

Na ohu Awurade sɛnea ɔte.

Adɛn nti na moansuro

sɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”

9Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.

10Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no, 11ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso. 12Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”

13Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”

14Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.” 15Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.

16Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 12:1-16

米利暗受罚

1米利暗亚伦摩西娶了一个古实的女子而批评他,说: 2“难道耶和华只借着摩西说话吗?祂不也借着我们说话吗?”耶和华听见了这话。 3其实摩西为人十分谦和,比世上任何人都谦和。 4耶和华立刻对摩西亚伦米利暗说:“你们三人都到会幕去。”他们就去了。 5耶和华在云柱中降临,站在会幕门口呼唤亚伦米利暗,二人就走到前面。 6耶和华说:“你们听我说,你们中间若有先知,我耶和华必在异象中向他显现,在梦中跟他说话。 7但我不是这样对待我的仆人摩西,他是我子民中最忠心的人, 8我跟他面对面说话,清清楚楚,不用谜语,他看得见我的形象。你们怎敢批评我的仆人摩西?” 9耶和华向他们发怒,然后离去。 10云彩从会幕上离开的时候,米利暗身上患了麻风病,像雪一样白。亚伦见状, 11便对摩西说:“我主啊,求你不要因我们愚昧犯罪而惩罚我们。 12求你不要让她像那一出母腹便半身腐烂的死胎。” 13于是,摩西呼求耶和华:“上帝啊,求你医治她!” 14耶和华对摩西说:“如果她父亲在她脸上吐唾沫,她岂不也要蒙羞七天吗?现在把她关在营外,七天后再让她回来。” 15于是,米利暗被关在营外七天,民众等她回营后才继续前行。 16他们离开哈洗录,到巴兰旷野安营。