4 Mose 11 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 11:1-35

Israelfo Anwiinwii

1Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi. 2Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumii. 3Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.

4Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi? 5Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no. 6Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.”

7Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam. 8Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu. 9Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ.

10Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso. 11Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so? 13Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.”

16Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.

18“Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe. 19Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu! 20Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’ ”

21Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram! 22Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”

23Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”

24Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae. 25Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu.

26Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ. 27Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ 28na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!”

29Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!” 30Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ.

31Na Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan. 32Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa. 33Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara. 34Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ.

35Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.

New International Reader’s Version

Numbers 11:1-35

The Lord Sends Fire Among the People

1The people weren’t happy about the hard times they were having. The Lord heard what they were saying. It made him very angry. Then the Lord sent fire on them. It blazed out among the people. It burned up some of the outer edges of the camp. 2The people cried out to Moses. Then he prayed to the Lord. And the fire died down. 3So that place was named Taberah. That’s because fire from the Lord had blazed out among them there.

The Lord Sends Quail for the People to Eat

4Some people with them began to wish for other food. Again the Israelites began to cry out. They said, “We wish we had meat to eat. 5We remember the fish we ate in Egypt. It didn’t cost us anything. We also remember the cucumbers, melons, leeks, onions and garlic. 6But now we’ve lost all interest in eating. We never see anything but this manna!”

7The manna was like coriander seeds. It looked like sap from a tree. 8The people went around gathering it. Then they ground it up in a small mill they held in their hands. Or they crushed it in a stone bowl. They cooked it in a pot. Or they made loaves out of it. It tasted like something made with olive oil. 9When the dew came down on the camp at night, the manna also came down.

10Moses heard people from every family crying at the entrances to their tents. The Lord became very angry. So Moses became upset. 11He asked the Lord, “Why have you brought this trouble on me? Why aren’t you pleased with me? Why have you loaded me down with the troubles of all these people? 12Am I like a mother to them? Are they my children? Why do you tell me to carry them in my arms? Do I have to carry them the way a nurse carries a baby? Do I have to carry them to the land you promised? You promised the land to their people of long ago. 13Where can I get meat for all these people? They keep crying out to me. They say, ‘Give us meat to eat!’ 14I can’t carry all these people by myself. The load is too heavy for me. 15Is this how you are going to treat me? If you are pleased with me, just put me to death right now. Don’t let me live if I have to see myself destroyed anyway.”

16The Lord said to Moses, “Bring me 70 of Israel’s elders. Bring men that you know are leaders and officials among the people. Have them come to the tent of meeting. I want them to stand there with you. 17I will come down and speak with you there. I will take some of the power of the Spirit that is on you. And I will put it on them. They will share the responsibility of these people with you. Then you will not have to carry it alone.

18“Tell the people, ‘Set yourselves apart for tomorrow. At that time you will eat meat. The Lord heard you when you cried out. You said, “We wish we had meat to eat. We were better off in Egypt.” Now the Lord will give you meat. And you will eat it. 19You will not eat it for just one or two days. You will not eat it for just five, ten or 20 days. 20Instead, you will eat it for a whole month. You will eat it until it comes out of your noses. You will eat it until you hate it. The Lord is among you. But you have turned your back on him. You have cried out while he was listening. You have said, “Why did we ever leave Egypt?” ’ ”

21But Moses said to the Lord, “Here I am among 600,000 men on the march. And you say, ‘I will give them meat to eat for a whole month’! 22Would they have enough if flocks and herds were killed for them? Would they have enough even if all the fish in the ocean were caught for them?”

23The Lord answered Moses, “Am I not strong enough? Now you will see whether what I say will come true for you.”

24So Moses went out. He told the people what the Lord had said. He gathered 70 of their elders together. He had them stand around the tent of meeting. 25Then the Lord came down in the cloud. He spoke with Moses. He took some of the power of the Spirit that was on Moses. And he put it on the 70 elders. When the Spirit came on them, they prophesied. But they didn’t do it again.

26Two men had remained in the camp. Their names were Eldad and Medad. They were listed among the elders. But they didn’t go out to the tent of meeting. In spite of that, the Spirit came on them too. So they prophesied in the camp. 27A young man ran up to Moses. He said, “Eldad and Medad are prophesying in the camp.”

28Joshua spoke up. He was the son of Nun. Joshua had been Moses’ helper from the time he was young. He said, “Moses! Please stop them!”

29But Moses replied, “Are you jealous for me? I wish that all the Lord’s people were prophets. And I wish that the Lord would put his Spirit on them.” 30Then Moses and the elders of Israel returned to the camp.

31The Lord sent out a wind. It drove quail in from the Red Sea. It scattered them all around the camp. They were about three feet above the ground. They could be seen in every direction as far as a person could walk in a day. 32The people went out all day and gathered quail. They gathered them all night and all the next day. No one gathered less than 60 bushels. Then they spread the quail out all around the camp. 33But while the meat was still in their mouths, the Lord acted. Before the people could swallow it, he became very angry with them. He struck them with a terrible plague. 34So the place was named Kibroth Hattaavah. That’s where the bodies of the people who had wished for other food were buried.

35From Kibroth Hattaavah the people traveled to Hazeroth. And they stayed there.