4 Mose 10 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 10:1-36

Dwetɛ Ntorobɛnto No

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn. 3Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 4Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn. 5Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ. 6Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ. 7Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.

8“Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa. 9Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam. 10Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”

11Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so, 12enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so. 13Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.

14Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan. 15Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim. 16Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim. 17Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.

18Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim. 19Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim; 20Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. 21Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.

22Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim; 23Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; 24na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.

25Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim. 26Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, 27na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim. 28Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.

29Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”

30Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”

31Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo. 32Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.”

33Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn. 34Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.

35Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se,

Awurade, sɔre!

Ma wʼatamfo nhwete;

ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”

36Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se,

Awurade, san bra

Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 10:1-36

银号

1耶和华对摩西说: 2“你要用银子打造两支号,用来招聚会众和发出拔营的号令。 3吹响两支号时,全体会众要聚集到你那里,即会幕门口。 4如果只吹响一支号,担任首领的以色列各族长要聚集到你那里。 5如果吹响拔营的号令,在东面扎营的就要启行; 6第二次吹响拔营号令时,在南面扎营的就要启行。拔营号令是启行的信号。 7但吹号招聚会众时,不要用拔营号令。 8做祭司的亚伦子孙要负责吹号,这是世代不变的律例。 9当你们在自己的土地上跟敌人作战时,要吹号,你们的上帝耶和华必眷顾你们,救你们脱离敌人。 10在节期和朔日10:10 朔日”即每月初一。这些欢乐的日子献燔祭和平安祭的时候,你们要吹号,好在你们的上帝面前蒙眷顾。我是你们的上帝耶和华。”

离开西奈山

11第二年的二月二十日,云彩从安放约柜的圣幕上升起, 12以色列人就从西奈旷野启行,直到云彩停在巴兰旷野时才停下来。 13这是他们初次照耶和华借摩西的吩咐启行。

14犹大旗下的营队率先出发,率领犹大支派的是亚米拿达的儿子拿顺15率领以萨迦支派的是苏押的儿子拿坦业16率领西布伦支派的是希伦的儿子以利押17然后,圣幕被拆下,革顺米拉利的子孙抬着圣幕出发。 18随后出发的是吕便旗下的营队,率领吕便支派的是示丢珥的儿子以利苏19率领西缅支派的是苏利沙代的儿子示路蔑20率领迦得支派的是丢珥的儿子以利雅萨

21随后出发的是哥辖人,他们抬着圣物前行。在他们到达之前,圣幕应已支好。 22随后出发的是以法莲旗下的营队,率领以法莲支派的是亚米忽的儿子以利沙玛23率领玛拿西支派的是比大苏的儿子迦玛列24率领便雅悯支派的是基多尼的儿子亚比但

25殿后的是旗下的营队,率领支派的是亚米沙代的儿子亚希以谢26率领亚设支派的是俄兰的儿子帕结27率领拿弗他利支派的是以南的儿子亚希拉28这是以色列各营队拔营前行的次序。

29摩西对岳父流珥之子米甸何巴说:“我们就要动身前往耶和华应许给我们的地方,祂曾说要把那地方赐给我们。请你跟我们一起去吧,我们必厚待你,耶和华已经应许要赐福给以色列人。” 30何巴说:“我不去了,我要回到我的家乡和亲族那里。” 31摩西说:“请不要离开我们。你熟悉旷野,可以做我们的向导,告诉我们在哪里扎营。 32如果你跟我们同去,我们一定与你分享耶和华赐给我们的福气。”

33以色列人离开耶和华的山,走了三天的路程,期间耶和华的约柜一直在队伍的前头,为他们寻找安营之地。 34他们拔营前行的时候,白天总有耶和华的云彩在他们上面。 35每当约柜出发的时候,摩西就说:“耶和华啊,求你兴起,击溃你的敌人,使恨你的人逃窜。” 36约柜停下来的时候,他就说:“耶和华啊,求你回到以色列的千万人中。”