3 Mose 8 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 8:1-36

Asɔfohyɛ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Afei fa Aaron ne ne mmabarima bra Ahyiae Ntamadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntade, ɔsra ngo, nantwi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien ne brodo a mmɔkaw nni mu nkɛntɛn abien 3na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” 4Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano.

5Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.” 6Afei, Mose de Aaron ne ne mmabarima no baa anim, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho. 7Ɔde Aaron atade sononko bi a ne mmeamu ka ho ne batakari a asɔfotade a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔso hyɛɛ no. 8Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu. 9Ɔbɔɔ Aaron abotiri kɛse bi a ɛwɔ sika abɔanim sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

10Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho. 11Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho. 12Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase. 13Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

14Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. 15Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata. 16Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so. 17Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

18Afei, ɔde odwennini no maa Awurade sɛ ɔhyew afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. 19Na Mose kum no de ne mogya no bi petee afɔremuka no ho nyinaa. 20Otwitwaa odwennini no nam na ɔhyew asinasin no a ne ti ne ne srade ka ho. 21Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa Awurade, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

22Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam. 23Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 24Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa. 25Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no. 26Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so. 27Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ. 28Mose gyee ne nyinaa fii wɔn nsam hyew no wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so sɛ asɔfohyɛ afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. 29Afei Mose nso faa ne yan no a na ɛyɛ ne kyɛfa wɔ asɔfohyɛ dwennini nam no mu no hinhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

30Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa Awurade dwumadi.

31Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no. 32Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew. 33Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no. 34Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. 35Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a Awurade aka.’ ”

36Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

New International Version

Leviticus 8:1-36

The Ordination of Aaron and His Sons

1The Lord said to Moses, 2“Bring Aaron and his sons, their garments, the anointing oil, the bull for the sin offering,8:2 Or purification offering; also in verse 14 the two rams and the basket containing bread made without yeast, 3and gather the entire assembly at the entrance to the tent of meeting.” 4Moses did as the Lord commanded him, and the assembly gathered at the entrance to the tent of meeting.

5Moses said to the assembly, “This is what the Lord has commanded to be done.” 6Then Moses brought Aaron and his sons forward and washed them with water. 7He put the tunic on Aaron, tied the sash around him, clothed him with the robe and put the ephod on him. He also fastened the ephod with a decorative waistband, which he tied around him. 8He placed the breastpiece on him and put the Urim and Thummim in the breastpiece. 9Then he placed the turban on Aaron’s head and set the gold plate, the sacred emblem, on the front of it, as the Lord commanded Moses.

10Then Moses took the anointing oil and anointed the tabernacle and everything in it, and so consecrated them. 11He sprinkled some of the oil on the altar seven times, anointing the altar and all its utensils and the basin with its stand, to consecrate them. 12He poured some of the anointing oil on Aaron’s head and anointed him to consecrate him. 13Then he brought Aaron’s sons forward, put tunics on them, tied sashes around them and fastened caps on them, as the Lord commanded Moses.

14He then presented the bull for the sin offering, and Aaron and his sons laid their hands on its head. 15Moses slaughtered the bull and took some of the blood, and with his finger he put it on all the horns of the altar to purify the altar. He poured out the rest of the blood at the base of the altar. So he consecrated it to make atonement for it. 16Moses also took all the fat around the internal organs, the long lobe of the liver, and both kidneys and their fat, and burned it on the altar. 17But the bull with its hide and its flesh and its intestines he burned up outside the camp, as the Lord commanded Moses.

18He then presented the ram for the burnt offering, and Aaron and his sons laid their hands on its head. 19Then Moses slaughtered the ram and splashed the blood against the sides of the altar. 20He cut the ram into pieces and burned the head, the pieces and the fat. 21He washed the internal organs and the legs with water and burned the whole ram on the altar. It was a burnt offering, a pleasing aroma, a food offering presented to the Lord, as the Lord commanded Moses.

22He then presented the other ram, the ram for the ordination, and Aaron and his sons laid their hands on its head. 23Moses slaughtered the ram and took some of its blood and put it on the lobe of Aaron’s right ear, on the thumb of his right hand and on the big toe of his right foot. 24Moses also brought Aaron’s sons forward and put some of the blood on the lobes of their right ears, on the thumbs of their right hands and on the big toes of their right feet. Then he splashed blood against the sides of the altar. 25After that, he took the fat, the fat tail, all the fat around the internal organs, the long lobe of the liver, both kidneys and their fat and the right thigh. 26And from the basket of bread made without yeast, which was before the Lord, he took one thick loaf, one thick loaf with olive oil mixed in, and one thin loaf, and he put these on the fat portions and on the right thigh. 27He put all these in the hands of Aaron and his sons, and they waved them before the Lord as a wave offering. 28Then Moses took them from their hands and burned them on the altar on top of the burnt offering as an ordination offering, a pleasing aroma, a food offering presented to the Lord. 29Moses also took the breast, which was his share of the ordination ram, and waved it before the Lord as a wave offering, as the Lord commanded Moses.

30Then Moses took some of the anointing oil and some of the blood from the altar and sprinkled them on Aaron and his garments and on his sons and their garments. So he consecrated Aaron and his garments and his sons and their garments.

31Moses then said to Aaron and his sons, “Cook the meat at the entrance to the tent of meeting and eat it there with the bread from the basket of ordination offerings, as I was commanded: ‘Aaron and his sons are to eat it.’ 32Then burn up the rest of the meat and the bread. 33Do not leave the entrance to the tent of meeting for seven days, until the days of your ordination are completed, for your ordination will last seven days. 34What has been done today was commanded by the Lord to make atonement for you. 35You must stay at the entrance to the tent of meeting day and night for seven days and do what the Lord requires, so you will not die; for that is what I have been commanded.”

36So Aaron and his sons did everything the Lord commanded through Moses.