3 Mose 6 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 6:1-30

Bɔne A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdi Afɔre

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, 3anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a, 4sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, 5biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. 6Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no sɛ ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo. 7Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”

8Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 9“Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. ‘Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ sɛ afɔremuka gya no kɔ so dɛw. 10Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn wɔ ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn. 11Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no. 12Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no. 13Ɛsɛ sɛ bere biara ogya no kɔ so dɛw wɔ afɔremuka no so; ɛnsɛ sɛ edum.

14“ ‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade. 15Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani. 16Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra. 17Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron. 18Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’ ”

19Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 20“Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere. 21Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dade apampaa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yiye na wɔde ba sɛ ehua a ɛsɔ Awurade nʼani. 22Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhyew ne nyinaa no. 23Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ sɛ wodi.”

24Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 25“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: ‘Saa afɔrebɔde yi ho yɛ kronkron yiye enti ɛsɛ sɛ wokum no Awurade anim wɔ beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no. 26Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ. 27Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade no wɔ beae a wɔatew ho hɔ. 28Ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no wɔ mu no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye. 29Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no bi—wɔn nko ara—efisɛ ɛyɛ kronkron yiye. 30Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi kɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de kɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 6:1-30

1耶和华对摩西说: 2“如果有人犯罪,不忠于耶和华,拒绝归还同胞委托他保管的物品或抵押品,或抢掠同胞,或欺骗同胞, 3或捡到东西却矢口否认,或起假誓,或犯其他类似的罪, 4他必须归还一切靠偷盗、欺诈、侵占、拾遗、 5或起假誓得来的东西,他必须在献赎过祭那天如数归还物主,并加赔五分之一。 6他要从羊群中选一只毫无残疾的公绵羊,或把同等价值的银子带到祭司那里,献给耶和华作赎过祭。 7祭司要在耶和华面前为他赎罪,他就会得到赦免。”

祭司献燔祭的条例

8耶和华对摩西说: 9“你要吩咐亚伦及其子孙遵行以下献燔祭的条例。

“燔祭要整夜留在祭坛上,坛上的火要不停地燃烧。 10早晨,祭司要穿上细麻衣袍和内衣,将燔祭坛上的灰烬清理好,放在祭坛旁边。 11然后,他要更换衣服,把灰烬拿到营外洁净的地方。 12祭坛上的火要不断燃烧,不能熄灭。祭司每天早上要在坛上加柴,摆上燔祭,在上面烧平安祭牲的脂肪。 13坛上的火必须不断燃烧,不可熄灭。

祭司献素祭的条例

14“以下是献素祭的条例。

“祭司——亚伦的子孙要在祭坛前向耶和华献素祭。 15祭司要从素祭中拿一把调油的细面粉和所有的乳香,作为象征放在坛上焚烧,作蒙耶和华悦纳的馨香之祭。 16亚伦及其子孙要吃剩下的祭物,要在会幕院子里的圣洁之处做无酵饼吃。 17做饼时不可加酵。这些祭物是我从献给我的火祭中赐给他们的,像赎罪祭和赎过祭一样是至圣之物。 18亚伦的子孙中,男子都可以吃。这是他们世世代代应得之份。凡接触到这些祭物的都会变得圣洁。”

19耶和华对摩西说: 20亚伦及其子孙受膏那天,要献给耶和华一公斤细面粉作为日常献的素祭,早晚各献一半。 21要把这些细面粉调上油,用煎锅做饼,切成块献上,作为蒙耶和华悦纳的馨香之祭。 22亚伦子孙中继任大祭司的,受膏时要献上素祭。这种祭物属于耶和华,必须全部烧掉。 23祭司献的这种素祭不可以吃,要全部烧掉。”

祭司献赎罪祭的条例

24耶和华对摩西说: 25“你把以下赎罪祭的条例告诉亚伦及其子孙。

“赎罪祭是至圣的,要在杀燔祭牲的地方,在耶和华面前宰祭牲。 26献这祭的祭司要在会幕院子里的圣洁之处吃这祭牲。 27凡接触到这些祭肉的,都会变得圣洁。如果衣服被溅上血,则要在圣洁之处把衣服洗净。 28用来煮祭肉的瓦锅,用后都要打碎。如果用的是铜锅,要擦干净并用水冲洗。 29这些祭肉是至圣之物,祭司家族中的男子都可以吃。 30如果祭牲的血被带进会幕,在圣所内进行赎罪,就不可吃祭肉,必须全部烧掉。