3 Mose 27 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 27:1-34

Sɛnea Wogye Nea Ɛyɛ Awurade De No

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ otua sika mmom a, 3obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570) ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia, 4sɛ ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (340), 5abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 6Abarimaa a wadi ɔsram kosi mfe anum no wobetua dwetɛ gram 60; na ɔbabea nso wɔatua dwetɛ gram 35. 7Ɔbarima a wadi boro mfe aduosia no wobetua dwetɛ gram ɔha aduoson (170); na ɔbea nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 8Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfo anim, na ɔsɔfo no akyerɛ no sika a obetumi atua.

9“ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔde a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron. 10Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa sɛ ɔde nea enye sesa nea eye. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa abien no nyinaa ho tew. 11Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho ntew na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔde ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfo, 12na wahwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ onni mu, na wakyerɛ sika dodow a ɛsɛ sɛ otua de si aboa no anan. 13Sɛ aboa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsan gye nʼade a, obetua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka bo a ɔsɔfo no betwa ama no sɛ ontua no ho.

14“ ‘Sɛ obi de ne fi ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan gye a, ɔsɔfo no bɛsese ahu sɛ eye anaasɛ enye. Bo biara a ɔsɔfo no bɛkyerɛ no na ɛsɛ sɛ wotua. 15Sɛ nea ɔde ofi no mae no pɛ sɛ ɔsan gye a ɛsɛ sɛ otua ne bo no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho na ama ofi no asan abɛyɛ ne de.

16“ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔre ma Awurade a, wobegyina aba kɛntɛnma dodow a ebehia sɛ wobedua wɔ so no so atwa asase no bo; aba kɛntɛnma biara bo yɛ dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570). 17Mfirihyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuw kyɛ a, ne bo no rensesa. 18Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so. 19Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ogye nʼasase a, ɔsɔfo no bo a ɔbɛbɔ no, obetua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. 20Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ogye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforo a, ɛno de, wɔrentumi nnye bio. 21Sɛ wɔdan asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde bɛto hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade.

22“ ‘Sɛ obi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a, 23ɔsɔfo no begyina mfe a aka ama wɔadi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne bo. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ka no da no ara, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Awurade. 24Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, asase no bɛsan akɔ nea ɔtɔnee no anaasɛ nea na ɔyɛ asase no wura no nkyɛn. 25Wɔbɛsese ho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbona a wogye wɔ hyiadan mu no ho, a ɛyɛ gram dubaako.

26“ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, efisɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan no, yɛ Awurade de dedaw. 27Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho ntew no bi a, onipa no betumi atua ne bo no, na ɔde ɛbo no ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio de a, wɔbɛtɔn aboa no sɛnea ne bo te.

28“ ‘Ade biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsan gye, efisɛ biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.

29“ ‘Onipa biara a Awurade ayi no ama ɔsɛe no, wɔmmfa biribi ntua ne ti ka. Ɛsɛ sɛ wokum no.

30“ ‘Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, sɛ ɛyɛ aburow anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron. 31Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ saa aduaba anaa aburow no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne bo nkyɛmu anum mu baako ka ho. 32Anantwi ne nguan no ntotoso du du nyinaa, aboa biara a ɔto so du a ɔfa oguanhwɛfo nsam no yɛ kronkron ma Awurade. 33Aboa a ɔto so du a wɔde bɛma Awurade no, wɔnnhwɛ sɛ oye anaa onye, na wɔmmfa biribiara nsi nʼanan mu, efisɛ sɛ wɔde biribiara si anan mu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ”

34Eyinom ne ahyɛde a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no.

Bibelen på hverdagsdansk

3. Mosebog 27:1-34

Regler for gaver til Herren og deres løskøbelse

1Herren sagde til Moses: 2„Sig til Israels folk, at hvis et menneske er blevet givet eller giver sig selv til Herrens tjeneste som følge af et særligt løfte, kan dette menneske købes fri mod følgende betaling: 350 shekel for en mand mellem 20 og 60 år, 430 shekel for en kvinde, 520 shekel for en dreng mellem 5 og 20 år, 10 shekel for en pige, 6fem shekel for en dreng mellem en måned og fem år, tre shekel for en pige, 715 shekel for en mand over 60 år; og ti shekel for en kvinde over 60 år. 8Men hvis den, der aflagde løftet, ikke har råd til at betale det forlangte beløb, skal han føre personen til præsten, og præsten skal vurdere, hvor meget den pågældende kan betale.

9Har man lovet Herren et af de dyr, der kan anvendes som offerdyr, kan det ikke købes fri. Når det først er lovet til Herren, er det blevet hans ejendom. 10Når løftet skal indfries, kan man ikke bytte det lovede dyr med et andet, hvad enten det er et ringere eller et bedre dyr. Kommer man med et andet dyr end det lovede, skal begge dyr tilfalde Herren.

11Har man lovet Herren et af de dyr, der ikke kan anvendes som offerdyr, skal man føre dyret til præsten, 12så han kan vurdere dets pris, og den vurdering kan ikke ankes. 13Ønsker giveren nu at løskøbe dyret, kan han gøre det ved at betale vurderingssummen plus 20 procent.

14Har nogen lovet at give sit hus til Herren, skal præsten vurdere husets værdi, og den vurdering kan ikke ankes. 15Hvis giveren ønsker at tilbagekøbe huset, skal han betale vurderingssummen med et tillæg på 20 procent.

16Har nogen lovet at give et stykke af sin slægtsjord til Herren, skal jordens pris vurderes efter, hvor meget såsæd, der skal bruges til at tilså jordstykket med byg, 50 shekel pr. tønde27,16 På hebraisk: „en homer”. Størrelsen af dette rummål kendes ikke med sikkerhed, men anslås normalt til ca. 220 liter. En dansk tønde er ca. 130 liter. såsæd. 17Dette beløb skal gælde, hvis jorden bliver givet i et jubelår. 18Men sker det efter et jubelår, skal vurderingssummen udregnes i forhold til antallet af de årsafgrøder, der er tilbage indtil næste jubelår, så beløbet bliver reduceret. 19Ønsker giveren senere at tilbagekøbe sit jordstykke, skal han betale vurderingssummen med et tillæg på 20 procent. 20Men hvis han ikke køber jorden tilbage inden jubelåret, eller hvis præsten allerede har solgt den videre, kan jorden ikke senere købes tilbage af den oprindelige ejer. 21Når jubelåret kommer, og jordstykket gives fri, skal den tilhøre Herren og overdrages til præsternes brug.

22Hvis nogen har købt et stykke jord, som ikke er hans egen slægtsjord, og ønsker at give jorden til Herren, 23skal præsten vurdere jordens værdi efter, hvor lang tid der er til jubelåret. Giveren skal så i stedet for jorden straks betale et beløb svarende til præstens vurderingssum. 24Når jubelåret kommer, skal jorden overdrages den oprindelige ejer, som i sin tid solgte den. 25En shekel sølv skal vejes efter den standardvægt, der bruges i helligdommen.27,25 Standardvægten for en shekel menes at have været ca. 10 gram.

26Ingen kan give den førstefødte kalv eller det førstefødte lam eller kid til Herren, for det førstefødte tilhører i forvejen Herren. 27Men hvis det førstefødte dyr er af den slags, der ikke kan bruges som offerdyr, skal ejeren betale præsten vurderingsprisen med et tillæg på 20 procent, og hvis ejeren ikke vil løskøbe dyret, skal præsten sælge det til en anden for vurderingssummen. 28Men alt, som betingelsesløst er helliget Herren, hvad enten det drejer sig om mennesker, dyr eller arvet jord, kan ikke købes tilbage eller sælges, for det er helligt og tilhører Herren ubetinget. 29Hvis et menneske er skyldig til døden, kan det ikke købes fri mod at betale en løsesum. Det menneske skal dø.

30En tiendedel af landets korn- og frugthøst er helliget Herren og tilhører ham. 31Hvis nogen ønsker at betale med rede penge i stedet, skal han betale vurderingssummen med et tillæg på 20 procent. 32Også hver tiende af jeres hornkvæg og småkvæg skal gives til Herren. 33I må ikke skele til om dyrene er gode eller dårlige, når I betaler jeres tiende til Herren. Et lovet dyr kan ikke senere ombyttes med et andet. Kommer nogen med et andet dyr, skal begge dyr tilfalde Herren, og de kan ikke købes fri med penge.”

34Det var, mens Moses opholdt sig på Sinaibjerget, at Herren gav ham alle de her love, som skulle gives videre til Israels folk.