3 Mose 25 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 25:1-55

Homeda Afe

1Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, Awurade ka kyerɛɛ no se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede rebɛma mo no so a, mfe ason biara, momma asase no nya Awurade mu homeda. 3Momfa mfe asia nnua mo nnɔbae wɔ mo mfuw mu na munyiyi mo bobe nturo mu na muntwa mo nnɔbae. 4Na mfe ason so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Munnnua so aba. Afe no nyinaa mu, munnyiyi mo bobe nturo no mu. 5Na aba biara a ebefifi no, monntew mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Efisɛ ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home. 6Nanso aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduan ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔho, 7wo nyɛmmoa ne wuram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Munni biribiara a asase no bɛma biara.

Mfirihyia Aduonum Afahyɛ

8“ ‘Bubu Homeda mfe ason, mfe ason ahorow ason, na wubenya mfe aduanan akron. 9Afei, ɔsram a ɛto so ason no da du no yɛ Mpata Da. Monhyɛn torobɛnto wɔ baabiara. Mpata Da no, monhyɛn torobɛnto no denneennen nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara. 10Montew mfe aduonum no ho na mompae ahofadi mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsan akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafo ho. 11Mfe aduonum so no bɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo; munnnua biribiara na munntwa nnɔbae biara, na bobe a moadua nso, monntew so aba. 12Efisɛ ɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho tew. Munni nea munya fi asase no mu nko ara.

13“ ‘Saa mfirihyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.

14“ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛe a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapade bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko. 15Sɛ woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. 16Mfe no dodow na ɛma ɛbo no kɔ soro. Saa ara nso na mfe kakra bi ma ɛbo no kɔ fam. Eyinom nyinaa mu no, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodow a wobetwa afi asase no so. 17Munsuro mo Nyankopɔn na obi ansisi ne yɔnko. Na mene Awurade.

18“ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoe mu de a, munni me mmara so. 19Sɛ moyɛ osetie a, aduan bebu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoe mu. 20Mubebisa se, “Na sɛ wose yennnua anaa yenntwa saa afe no so a, dɛn na yebedi wɔ mfe ason no so no?” 21Mmuae ara ne sɛ, mfe asia no so, mehyira mo ama nnɔbae aba abu so kosi sɛ mubetwa mfe awotwe mu nnɔbae no. 22Sɛ mudua nnɔbae wɔ mfe awotwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a etwaa mu no mu nnuan. Nokware, nnuan dedaw no na mubedi akosi sɛ otwabere bedu so mfe akron no mu.

23“ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti munni ho kwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔho na meyɛ asase wura ma mo. 24Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe sɛ asasetɔnfo no tumi san begye asase no bere biara.

25“ ‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafo tumi begye. 26Sɛ onni obi a obegye ama no na sɛ ɔno ankasa nya sika a, 27wɔbɛsese ɛso nnɔbae a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛw Afe no reba na wɔagyina so atua ka no, na nea ɔtɔe no nso adan asase no ama no. 28Na sɛ nea asase no yɛ ne de no ankasa antumi annye a, ɛno de, ɛbɛyɛ nea ɔtɔ no dea ara kosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no, na nea ɔtɔe no de onipa no ade asan ama no.

29“ ‘Sɛ obi tɔn ofi wɔ kurom a, ɔwɔ afe a otumi san gye nʼade a biribiara nsiw no ho kwan. 30Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ nea ɔtɔe no de korakora. Ɔrensan mfa mma onipa a kan no na ɛyɛ ne dea no wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu. 31Nanso akuraa dan a wɔntoo ɔfasu ntwaa ho nhyiae te sɛ agyapade a ɛwɔ wuram de, wotumi san kogye no bere biara, na Mfe Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsan de ma ne wura ankasa.

32“ ‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifo afi a ɛwɔ nkurow a wɔde afasu atwa ho mu no, wotumi san gye no bere biara. 33Enti Lewifo de, wotumi gye wɔn agyapade; wɔn kurow biara mu ofi a wɔtɔnee, ɛsɛ sɛ wɔdan ma wɔn wuranom wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu, efisɛ afi no yɛ wɔn dea. 34Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn nsase a atwa Lewifo no nkurow ho ahyia, efisɛ eyinom yɛ wɔn agyapade afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ.

35“ ‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi. 36Suro wo Nyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho mfɛntom. 37Kae sɛ worennye ho mfɛntom biara; na ma no biribiara a ɛho hia no na ɛnyɛ wo ka. Mpɛ mfaso! 38Efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no yii mo fii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛnea mɛyɛ mo Nyankopɔn.

39“ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ; 40na mmom, yɛ no sɛ obi a wutua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔho na ɔnsom wo nkosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no. 41Edu saa bere no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapade nyinaa kɔ wɔn abusuafo nkyɛn. 42Efisɛ Israelfo no yɛ mʼasomfo a mede wɔn fi Misraim asase so bae; ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa. 43Mommfa atirimɔden nni wɔn so; munsuro mo Nyankopɔn.

44“ ‘Nanso mubetumi atɔ asomfo afi aman afoforo a atwa mo ho ahyia no so. 45Saa ara nso na mutumi tɔ ahɔho a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu. 46Mubetumi ayɛ wɔn nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfo no de, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa.

47“ ‘Sɛ ɔhɔho a ɔte mo mu no bɛyɛ ɔdefo, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho no anaa ɔhɔho no abusuafo a, 48ɔwɔ kwan sɛ wogye no wɔ ne tɔn akyi; ne nuanom bi tumi begye no. 49Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho nipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso benya sika a, otumi de begye ne ho. 50Ne ho a obegye no gyina mfe a aka na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu ne sika dodow a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfo a, anka obegye saa mfe a aka no mu no so. 51Sɛ aka mfe pii ansa na Ahosɛpɛw Afe no aso a, obetua sika a ogyee wɔ bere a ɔtɔn ne ho no nyinaa. 52Sɛ mfe no pii atwam ama aka kakra na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu a, ɛno de, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. 53Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho a, ɔhɔho no bɛfa no sɛ ne somfo a otua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne somfo koraa anaa nʼagyapade.

54“ ‘Sɛ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du na wonnyee no a, wobegyaa ɔne ne mma nyinaa, 55efisɛ wɔyɛ mʼasomfo. Mede wɔn fi Misraim na ɛbae. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.

New International Version – UK

Leviticus 25:1-55

The Sabbath Year

1The Lord said to Moses at Mount Sinai, 2‘Speak to the Israelites and say to them: “When you enter the land I am going to give you, the land itself must observe a sabbath to the Lord. 3For six years sow your fields, and for six years prune your vineyards and gather their crops. 4But in the seventh year the land is to have a year of sabbath rest, a sabbath to the Lord. Do not sow your fields or prune your vineyards. 5Do not reap what grows of itself or harvest the grapes of your untended vines. The land is to have a year of rest. 6Whatever the land yields during the sabbath year will be food for you – for yourself, your male and female servants, and the hired worker and temporary resident who live among you, 7as well as for your livestock and the wild animals in your land. Whatever the land produces may be eaten.

The Year of Jubilee

8‘ “Count seven sabbath years – seven times seven years – so that the seven sabbath years amount to a period of forty-nine years. 9Then sound the trumpet everywhere on the tenth day of the seventh month; on the Day of Atonement sound the trumpet throughout your land. 10Consecrate the fiftieth year and proclaim liberty throughout the land to all its inhabitants. It shall be a jubilee for you; each of you is to return to your family property and to your own clan. 11The fiftieth year shall be a jubilee for you; do not sow and do not reap what grows of itself or harvest the untended vines. 12For it is a jubilee and is to be holy for you; eat only what is taken directly from the fields.

13‘ “In this Year of Jubilee everyone is to return to their own property.

14‘ “If you sell land to any of your own people or buy land from them, do not take advantage of each other. 15You are to buy from your own people on the basis of the number of years since the Jubilee. And they are to sell to you on the basis of the number of years left for harvesting crops. 16When the years are many, you are to increase the price, and when the years are few, you are to decrease the price, because what is really being sold to you is the number of crops. 17Do not take advantage of each other, but fear your God. I am the Lord your God.

18‘ “Follow my decrees and be careful to obey my laws, and you will live safely in the land. 19Then the land will yield its fruit, and you will eat your fill and live there in safety. 20You may ask, ‘What will we eat in the seventh year if we do not plant or harvest our crops?’ 21I will send you such a blessing in the sixth year that the land will yield enough for three years. 22While you plant during the eighth year, you will eat from the old crop and will continue to eat from it until the harvest of the ninth year comes in.

23‘ “The land must not be sold permanently, because the land is mine and you reside in my land as foreigners and strangers. 24Throughout the land that you hold as a possession, you must provide for the redemption of the land.

25‘ “If one of your fellow Israelites becomes poor and sells some of their property, their nearest relative is to come and redeem what they have sold. 26If, however, there is no-one to redeem it for them but later on they prosper and acquire sufficient means to redeem it themselves, 27they are to determine the value for the years since they sold it and refund the balance to the one to whom they sold it; they can then go back to their own property. 28But if they do not acquire the means to repay, what was sold will remain in the possession of the buyer until the Year of Jubilee. It will be returned in the Jubilee, and they can then go back to their property.

29‘ “Anyone who sells a house in a walled city retains the right of redemption a full year after its sale. During that time the seller may redeem it. 30If it is not redeemed before a full year has passed, the house in the walled city shall belong permanently to the buyer and the buyer’s descendants. It is not to be returned in the Jubilee. 31But houses in villages without walls round them are to be considered as belonging to the open country. They can be redeemed, and they are to be returned in the Jubilee.

32‘ “The Levites always have the right to redeem their houses in the Levitical towns, which they possess. 33So the property of the Levites is redeemable – that is, a house sold in any town they hold – and is to be returned in the Jubilee, because the houses in the towns of the Levites are their property among the Israelites. 34But the pasture-land belonging to their towns must not be sold; it is their permanent possession.

35‘ “If any of your fellow Israelites become poor and are unable to support themselves among you, help them as you would a foreigner and stranger, so that they can continue to live among you. 36Do not take interest or any profit from them, but fear your God, so that they may continue to live among you. 37You must not lend them money at interest or sell them food at a profit. 38I am the Lord your God, who brought you out of Egypt to give you the land of Canaan and to be your God.

39‘ “If any of your fellow Israelites become poor and sell themselves to you, do not make them work as slaves. 40They are to be treated as hired workers or temporary residents among you; they are to work for you until the Year of Jubilee. 41Then they and their children are to be released, and they will go back to their own clans and to the property of their ancestors. 42Because the Israelites are my servants, whom I brought out of Egypt, they must not be sold as slaves. 43Do not rule over them ruthlessly, but fear your God.

44‘ “Your male and female slaves are to come from the nations around you; from them you may buy slaves. 45You may also buy some of the temporary residents living among you and members of their clans born in your country, and they will become your property. 46You can bequeath them to your children as inherited property and can make them slaves for life, but you must not rule over your fellow Israelites ruthlessly.

47‘ “If a foreigner residing among you becomes rich and any of your fellow Israelites become poor and sell themselves to the foreigner or to a member of the foreigner’s clan, 48they retain the right of redemption after they have sold themselves. One of their relatives may redeem them: 49an uncle or a cousin or any blood-relative in their clan may redeem them. Or if they prosper, they may redeem themselves. 50They and their buyer are to count the time from the year they sold themselves up to the Year of Jubilee. The price for their release is to be based on the rate paid to a hired worker for that number of years. 51If many years remain, they must pay for their redemption a larger share of the price paid for them. 52If only a few years remain until the Year of Jubilee, they are to compute that and pay for their redemption accordingly. 53They are to be treated as workers hired from year to year; you must see to it that those to whom they owe service do not rule over them ruthlessly.

54‘ “Even if someone is not redeemed in any of these ways, they and their children are to be released in the Year of Jubilee, 55for the Israelites belong to me as servants. They are my servants, whom I brought out of Egypt. I am the Lord your God.