3 Mose 24 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 24:1-23

Ngo Ne Brodo Kronkron

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da. 3Wɔ kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a esi ntwamtam a etwa kronkron mu kronkron no akyi no. Efi anwummere kosi anɔpa biara, Aaron bɛhwɛ akanea a ɛwɔ Awurade anim no so. Eyi bɛyɛ ayɛde a ɛbɛtena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 4Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akanea a esisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so bere biara.

5“Momfa asikresiam muhumuhu nto brodo amuamu dumien a mua biara mode esiam lita anan ne fa na ɛbɛto. 6Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ Awurade anim. 7Mode aduhuam pa begu kyerɛpɛn biara ho de asi brodo no anan mu ayɛ afɔrebɔde a wɔhyew wɔ ogya so ma Awurade. 8Ɛsɛ sɛ wɔde saa brodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a enni awiei ama Israelfo. 9Brodo yi yɛ Aaron ne ne mmabarima de, na ɛsɛ sɛ wodi wɔ kronkronbea hɔ, efisɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde a wɔhyew ma Awurade no mu.”

Wosiw Obusuyɛfo Bi Abo

10Da bi, aberante bi a ne na yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfo no baako nyaa ntɔkwaw wɔ wɔn atenae. 11Ntɔkwaw no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wommu no atɛn. Na ne na din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusua mu no babea. 12Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.

13Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 14“Fa obusuyɛni no fi atenae ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsiw no abo nkum no. 15Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ onya ho asotwe: 16obiara a ogu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no.

17“ ‘Obiara a okum ne yɔnko nipa no, ɛsɛ sɛ wokum no. 18Obiara a okum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu. 19Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bepira no bi saa ara. 20Dompe mu bu nsi dompe mu bu anan mu; ani nsi ani anan mu; ɛse nsi ɛse anan mu. Sɛnea obi pira ɔfoforo, no saa ara na wompira ɔno nso. 21Obiara a obekum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wokum no bi. 22Mmara koro no ara wɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuroni. Mene Awurade, mo Nyankopɔn.’ ”

23Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na woyii obusuyɛni no fii atenae hɔ kosiw no abo. Israelfo no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 24:1-23

燈和供餅的條例

1耶和華對摩西說: 2「你要吩咐以色列人給你拿來純橄欖油,作點燈之用,使燈常常亮著。 3在會幕遮掩約櫃的幔子外,亞倫要負責照看燈,使燈從晚上到早晨一直亮著。這是你們世世代代都要遵守的律例。 4亞倫要常常照看這些放在純金燈臺上的燈。

5「你要用細麵粉烤十二個餅,每個餅用兩公斤細麵粉。 6你要把餅擺成兩行放在耶和華面前的純金桌子上,每行六個, 7每行餅上放一些純乳香,象徵這些餅是獻給耶和華的火祭。 8每逢安息日,要定期把餅擺在耶和華面前。這是以色列人要永遠遵守的約。 9這些餅要歸亞倫及其子孫。他們要在聖潔之處吃,因為在獻給耶和華的火祭中,這是至聖之物,要永遠歸祭司所有。」

處死褻瀆聖名者

10有一個人,母親是以色列人,父親是埃及人,在營中與一個以色列人打起架來。 11他竟說咒詛的話,褻瀆了上帝的名,他們把他帶到摩西那裡。原來他母親叫示羅密,是支派示伯利的女兒。 12他們把他關押起來,等候耶和華的指示。 13耶和華對摩西說: 14「把那褻瀆聖名的人帶到營外,叫聽見的人把手放在他頭上,然後全體會眾要用石頭打死他。 15你要告訴以色列人,誰咒詛上帝,誰就要承擔自己的罪。 16凡褻瀆耶和華聖名的,必須被處死,全體會眾要用石頭打死他。不論是外族人還是以色列人,凡褻瀆聖名的,都必須被處死。 17凡殺人的,必須被處死。 18打死別人牲畜的,必須賠償牲畜,以命還命。 19有人傷害別人,也要同樣對待他, 20要以眼還眼,以牙還牙。他怎樣傷害別人,也要怎樣傷害他。 21打死別人牲畜的,必須賠償牲畜;殺人的,必須償命。 22不論是以色列人還是外族人,都要遵守這些律法。我是你們的上帝耶和華。」 23於是,摩西把這些話告訴以色列人,他們就按照耶和華對摩西的吩咐,把那褻瀆聖名的人帶到營外,用石頭打死了。