3 Mose 22 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 22:1-33

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima se wɔmfa nidi mma afɔrebɔde kronkron a Israelfo atew ho ama me no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me din ho fi. Mene Awurade.

3“Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Awurade a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene Awurade.

4“Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no, 5anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwade bi anaa obi a biribi nti, wɔagu ne ho fi no, 6saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare. 7Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew na ɛno akyi no obetumi adi afɔrebɔde kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ nʼaduan. 8Ɛnsɛ sɛ odi aboa funu anaa nea akekaboa bi atetew ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.

9“Bɔ asɔfo no kɔkɔ na wonni saa mmara yi so yiye, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so nti. Mene Awurade a matew wɔn ho.

10“Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi. 11Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfo no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wodi bi. 12Sɛ ɔsɔfo babea kɔware fi abusuakuw no akyi baabi a, onni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi. 13Na sɛ ɔyɛ okunafo anaa obi a wɔagyaa no aware na onni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno nti ɔsan ba nʼagya nkyɛn a, otumi di nʼagya aduan no bi bio. Eyinom akyi no, asɔfo no abusuafo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde kronkron no.

14“Sɛ obi anhu na okodi saa afɔrebɔde kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ otua ho ka na ɔsan bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. 15Afɔrebɔde kronkron a Israelfo de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wonni bi no di bi, efisɛ Awurade na ɔde saa afɔrebɔde yi nyinaa abrɛ no. 16Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene Awurade a metew afɔrebɔde nyinaa ho.”

17Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 18“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no, 19sɛ afɔrebɔde no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwi ba anaa oguan anaa abirekyi no, Awurade begye. 20Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛho tɔ kyima bɔ afɔre, efisɛ wɔrennye wɔ wo din mu. 21Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye. 22Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa kuru anaa nwewee wɔ ne ho, anaa were ani yare ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔremuka so bɛbɔ afɔre ama Awurade. 23Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwi ba anaa oguan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔre na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔre. 24Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔre. Monnyɛ eyi wɔ mo ankasa asase so, 25na munnye saa mmoa no mmfi ahɔho a wɔfra mo mu hɔ mmfa mmɔ aduan afɔre mma mo Nyankopɔn. Wɔrennye, efisɛ wɔtɔ kyima na wɔadi dɛm.’ ”

26Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 27“Sɛ wɔwo nantwi, oguan anaa abirekyi ba a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne na nkyɛn nnanson. Na efi nnaawɔtwe rekɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔre a, Awurade begye. 28Munnkum aboa bi ne ne ba da koro, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan.

29“Sɛ morebɔ aseda afɔre ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɔkwan pa so na wɔagye wɔ mo din mu. 30Ɛsɛ sɛ, mowe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam da no ara a wokum no no. Mommma ade nkye bi so. Mene Awurade.

31“Munni me mmaransɛm nyinaa so na mene Awurade. 32Ɛnsɛ sɛ mugu me din kronkron no ho fi. Munni me ni na mene Awurade, a meyɛ mo kronkron 33na me na mede mo fii Misraim bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 22:1-33

吃圣物的条例

1耶和华对摩西说: 2“你告诉亚伦父子们要谨慎处理以色列人献给我的圣物,免得亵渎我的圣名。我是耶和华。 3把以下条例告诉他们。

“你们的后代中,如果有人不洁净,却接近以色列人献给我的圣物,必须把他从我面前铲除。我是耶和华。 4亚伦的后代中若有人患了麻风病或漏症,在他洁净之前,不可吃圣物。如果有人遗精,或碰到因接触尸体而不洁净之物, 5或碰到不洁净的爬虫,或碰到不洁净的人, 6这人就不洁净,要到傍晚之后才能洁净。他要沐浴后才可吃圣物。 7日落之后,他就洁净了,可以吃圣物,因为那是他应得的食物。 8他不可吃自然死亡或被野兽撕裂的动物,否则就不洁净。我是耶和华。 9他们要遵守我的命令,免得他们犯罪,因违背我的命令而死亡。我是使他们圣洁的耶和华。

10“只有祭司一家可以吃圣物,在祭司家中寄居的或做雇工的都不可吃, 11但出生在祭司家里或用钱买来的奴隶都可以吃。 12如果祭司的女儿嫁给本族以外的人,她便不可再吃举祭。 13如果祭司的女儿守寡或被休,无儿无女,又像年轻时回到父亲家居住,便可以吃父亲的食物。除此以外,不属于祭司家的人都不可以吃。 14任何人如果误吃圣物,就要如数偿还给祭司,并加赔五分之一。 15祭司不可亵渎以色列民众献给耶和华的圣物, 16以免有人因擅自吃圣物而担罪、受罚。我是使圣物圣洁的耶和华。”

选择祭牲的条例

17耶和华对摩西说: 18“你把以下条例告诉亚伦父子们及所有以色列人。

“任何以色列人或寄居在以色列的外族人若向耶和华献燔祭,无论是为了还愿还是出于自愿, 19都必须献毫无残疾的公牛、公绵羊或公山羊才能蒙悦纳。 20不可献有残疾的,因为不蒙悦纳。 21如果有人为了还愿或自愿献牛羊作平安祭,必须献毫无残疾的牛羊才能蒙悦纳。 22不可献给耶和华瞎眼的、骨折的、残废的、长疥癣的牲畜,也不可把这些牲畜献给耶和华作火祭。 23至于畸形或发育不全的公牛或绵羊羔,可以用作自愿献的祭,但不可用作还愿祭。 24不可献给耶和华睪丸受损、被压碎、破裂或被阉割的牲畜。在你们境内不可做这样的事, 25也不可从外族人手中接受这些牲畜并献给你们的上帝作食物。因为这些牲畜是畸形的、残疾的,不蒙悦纳。”

26耶和华对摩西说: 27“刚出生的牛、绵羊或山羊,前七天要与母亲在一起。从第八天起,可以把它们献给我作火祭。 28不可在同一天内宰杀母牛和小牛或母羊和小羊。 29你们献感恩祭给耶和华时,要使你们所献的蒙悦纳。 30要当天吃完祭物,不可留到第二天早晨。我是耶和华。 31你们要遵行我的一切诫命。我是耶和华。 32不可亵渎我的圣名,我要在以色列人中彰显我的圣洁,我是使你们圣洁的耶和华。 33我领你们离开埃及,为要做你们的上帝。我是耶和华。”