3 Mose 20 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 20:1-27

Bɔne So Asotwe

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2‘Obiara a ofi mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ wosiw no abo. 3Na mʼankasa metia saa onipa no na mayi no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ ɔde ne ba ama Molek ama wagu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fi. 4Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wonnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔre ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa metia 5ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu.

6“ ‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu.

7“ ‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Nyankopɔn. 8Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

9“ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no, efisɛ wadome ne na ne nʼagya, ne mogya begu nʼatifi.

10“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman.

11“ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no, wɔn mogya begu wɔn atifi.

12“ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi; wɔn mogya begu wɔn atifi.

13“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wonkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.

14“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea bi na ɔsan kɔfa ɔbea no na ka ho a, ɛyɛ atiwuisɛm. Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumɔyɛsɛm no afi mo mu.

15“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no na wokum aboa no nso.

16“ ‘Sɛ ɔbea nso ma aboa fa no a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.

17“ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabea da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babea o, sɛ nso ɛyɛ ne na babea o, ɛyɛ animguasesɛm, wobegyina bagua mu ayi wɔn afi wɔn nkurɔfo mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdi.

18“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbea a wabu ne nsa a, ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn nkurɔfo mu, efisɛ ɔbarima no ada ɔbea no adagyaw adi.

19“ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabea da a, ɛyɛ akyiwade. Saa ara nso na ɔne ne na nuabea da a, ɛyɛ akyiwade ara ne no, efisɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Wɔn baanu nyinaa bɛsoa wɔn afɔdi.

20“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa ade a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotwe ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔrenwo ba.

21“ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afide, efisɛ wafa ne nua ade na wɔn nyinaa renwo ba.

22“ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so na mampam mo amfi mo asase foforo yi so. 23Munnni ɔman no amanne a maka no mo anim sɛ enye no akyi, efisɛ nneɛma a wɔyɛ a enye no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dedaw. Ɛno nti na mikyi saa aman no. 24Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu.

25“ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso muhu nnomaa ne mmoa a mama mo ho kwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonoe. Ɛwɔ mu sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so de, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuw. 26Mobɛyɛ kronkron ama me, efisɛ me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afi nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me de.

27“ ‘Ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛ samanfrɛfo anaasɛ osumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mukum no. Ɛsɛ sɛ musiw no abo; ne mogya begu nʼankasa atifi.’ ”

Ketab El Hayat

اللاويين 20:1-27

عقوبات الخطيئة

1وَكَلَّمَ الرَّبُّ مُوسَى قَائِلاً: 2«قُلْ لِبَنِي إِسْرَائِيلَ: أَيُّ إِنْسَانٍ مِنْهُمْ أَوْ مِنَ الْغُرَبَاءِ الْمُقِيمِينَ بَيْنَهُمْ قَرَّبَ لِلصَّنَمِ مُولَكَ أَحَدَ أَبْنَائِهِ، فَإِنَّهُ يُقْتَلُ إِذْ يَرْجُمُهُ شَعْبُ الأَرْضِ بِالْحِجَارَةِ. 3وَأَنَا أَنْقَلِبُ عَلَى ذَلِكَ الإِنْسَانِ وَأَسْتَأْصِلُهُ مِنْ بَيْنِ شَعْبِهِ، لأَنَّهُ قَرَّبَ أَحَدَ أَبْنَائِهِ لِلْوَثَنِ مُولَكَ لِيُنَجِّسَ قُدْسِي وَيُدَنِّسَ اسْمِي الْمُقَدَّسَ. 4وَإِنْ تَغَاضَى شَعْبُ الأَرْضِ عَنْ ذَلِكَ الإِنْسَانِ، عِنْدَمَا قَرَّبَ لِمُولَكَ أَحَدَ أَبْنَائِهِ، فَلَمْ يَقْتُلُوهُ، 5فَإِنِّي أَنْقَلِبُ عَلَى ذَلِكَ الإِنْسَانِ وَعَلَى عَشِيرَتِهِ، وَأَسْتَأْصِلُهُ مَعَ جَمِيعِ الضَّالِّينَ وَرَاءَهُ، الزَّانِينَ مَعَ الصَّنَمِ مُولَكَ مِنْ بَيْنِ شَعْبِهِمْ. 6وَكُلُّ نَفْسٍ غَوَتْ وَرَاءَ أَصْحَابِ الْجَانِّ وَتَعَلَّقَتْ بِالتَّوَابِعِ خِيَانَةً لِي، أَنْقَلِبُ عَلَى تِلْكَ النَّفْسِ وَأَسْتَأْصِلُهَا مِنْ بَيْنِ شَعْبِهَا. 7فَتَقَدَّسُوا وَكُونُوا قِدِّيسِينَ، لأَنِّي أَنَا الرَّبُّ إِلَهُكُمْ. 8أَطِيعُوا فَرَائِضِي وَاعْمَلُوا بِها، فَأَنَا الرَّبُّ الَّذِي يُقَدِّسُكُمْ.

9كُلُّ مَنْ شَتَمَ أَبَاهُ أَوْ أُمَّهُ يُقْتَلُ لأَنَّهُ شَتَمَ أَبَاهُ أَوْ أُمَّهُ، لِذَلِكَ دَمُهُ عَلَيْهِ. 10إِذَا زَنَى رَجُلٌ مَعَ امْرَأَةِ قَرِيبِهِ، فَالزَّانِي وَالزَّانِيَةُ يُقْتَلانِ. 11وَإذَا عَاشَرَ رَجُلٌ زَوْجَةَ أَبِيهِ، فَكِلاهُمَا يُقْتَلانِ لأَنَّهُ كَشَفَ عَوْرَةَ أَبِيهِ، وَيَكُونُ دَمُهُمَا عَلَى رَأْسَيْهِمَا. 12وَإذَا عَاشَرَ رَجُلٌ كَنَّتَهُ فَكِلاهُمَا يُقْتَلانِ، لأَنَّهُمَا قَدِ اقْتَرَفَا فَاحِشَةً، وَيَكُونُ دَمُهُمَا عَلَى رَأْسَيْهِمَا. 13وَإذَا ضَاجَعَ رَجُلٌ ذَكَراً مُضَاجَعَةَ امْرَأَةٍ، فَكِلاهُمَا يُقْتَلانِ لأَنَّهُمَا ارْتَكَبَا رِجْساً. وَيَكُونُ دَمُهُمَا عَلَى رَأْسَيْهِمَا. 14وَإذَا تَزَوَّجَ رَجُلٌ مِنِ امْرَأَةٍ وَأُمِّهَا، فَتِلْكَ رَذِيلَةٌ. لِيُحْرَقُوا بِالنَّارِ لِئَلّا تَفْشُوَ رَذِيلَةٌ بَيْنَكُمْ. 15وَإذَا عَاشَرَ رَجُلٌ بَهِيمَةً فَإِنَّهُ يُقْتَلُ، وَكَذَلِكَ الْبَهِيمَةُ تُمِيتُونَهَا أَيْضاً 16وَإذَا قَارَبَتِ امْرَأَةٌ بَهِيمَةً ذَكَراً لِتَنْزُوَهَا فَأَمِتْهُمَا. كِلاهُمَا يُقْتَلانِ، وَيَكُونُ دَمُهُمَا عَلَى رَأْسَيْهِمَا. 17إِذَا تَزَوَّجَ رَجُلٌ أُخْتَهُ، ابْنَةَ أَبِيهِ أَوِ ابْنَةَ أُمِّهِ، فَذَلِكَ عَارٌ، وَيَجِبُ أَنْ يُسْتَأْصَلا عَلَى مَشْهَدٍ مِنْ أَبْنَاءِ شَعْبِهِ، لأَنَّهُ قَدْ كَشَفَ عَوْرَةَ أُخْتِهِ، وَيُعَاقَبُ بِذَنْبِهِ. 18إِذَا عَاشَرَ رَجُلٌ امْرَأَةً حَائِضاً وَكَشَفَ عَوْرَتَهَا فَقَدْ عَرَّى يَنْبُوعَهَا، وَهِيَ أَيْضاً كَشَفَتْ عَنْهُ. فَيَجِبُ أَنْ يُسْتَأْصَلا كِلاهُمَا مِنْ بَيْنِ شَعْبِهِمَا. 19إِذَا عَاشَرَ رَجُلٌ عَمَّتَهُ أَوْ خَالَتَهُ، يُعَاقَبُ كِلاهُمَا بِذَنْبِهِمَا. 20وَإذَا عَاشَرَ رَجُلٌ زَوْجَةَ عَمِّهِ فَقَدْ كَشَفَ عَوْرَتَهَا، وَيُعَاقَبُ كِلاهُمَا بِذَنْبِهِمَا، وَيَمُوتَانِ مِنْ غَيْرِ أَنْ يُعْقِبَا نَسْلاً. 21وَإذَا تَزَوَّجَ رَجُلٌ امْرَأَةَ أَخِيهِ فَذَلِكَ نَجَاسَةٌ لأَنَّهُ كَشَفَ عَوْرَةَ أَخِيهِ. كِلاهُمَا يَمُوتَانِ مِنْ غَيْرِ أَنْ يُعْقِبَا نَسْلاً.

22أَطِيعُوا جَمِيعَ فَرَائِضِي وَأَحْكَامِي وَاعْمَلُوا بِها فَلا تَنْبِذَكُمُ الأَرْضُ الَّتِي أَنَا ذَاهِبٌ بِكُمْ إِلَيْهَا لِتُقِيمُوا فِيهَا. 23لَا تُمَارِسُوا عَادَاتِ الأُمَمِ الَّتِي سَأَطْرُدُهَا مِنْ أَمَامِكُمْ، لأَنَّهَا ارْتَكَبَتْ كُلَّ هَذِهِ الْقَبَائِحِ، فَكَرِهْتُهَا، 24وَوَعَدْتُكُمْ أَنْ تَرِثُوا دِيَارَهَا. وَأَنَا أَهَبُكُمْ إِيَّاهَا لِتَمْتَلِكُوهَا، أَرْضاً تَفِيضُ لَبَناً وَعَسَلاً. فَأَنَا الرَّبُّ إِلَهُكُمْ، مَيَّزْتُكُمْ عَنْ بَقِيَّةِ الشُّعُوبِ. 25مَيِّزُوا الْبَهَائِمَ الطَّاهِرَةَ مِنَ النَّجِسَةِ، وَالطُّيُورَ النَّجِسَةَ مِنَ الطَّاهِرَةِ، فَلا تُدَنِّسُوا أَنْفُسَكُمْ بِالْبَهَائِمِ وَالطُّيُورِ وَالزَّوَاحِفِ الَّتِي حَظَرْتُهَا عَلَيْكُمْ. 26وَكُونُوا قِدِّيسِينَ لأَنِّي أَنَا قُدُّوسٌ، وَقَدْ أَفْرَزْتُكُمْ مِنْ بَيْنِ الشُّعُوبِ لِتَكُونُوا خَاصَّتِي.

27أَيُّ رَجُلٍ أَوِ امْرَأَةٍ يُمَارِسُ الْوَسَاطَةَ مَعَ الْجَانِّ أَوْ مُنَاجَاةَ الأَرْوَاحِ، ارْجُمُوهُ وَيَكُونُ دَمُهُ عَلَى رَأْسِهِ».