3 Mose 18 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 18:1-30

Mogyafra Yɛ Mmarato

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2‘Mene Awurade mo Nyankopɔn, 3enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn. 4Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene Awurade mo Nyankopɔn. 5Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene Awurade.

6“ ‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

7“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.

8“ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.

9“ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.

10“ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.

11“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.

12“ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.

13“ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.

14“ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no.

15“ ‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.

16“ ‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.

17“ ‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

18“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase.

19“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.

20“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.

21“ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

22“ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

23“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.

24“ ‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so. 25Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so. 26Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi. 27Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi. 28Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no.

29“ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu. 30Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’ ”

New International Version – UK

Leviticus 18:1-30

Unlawful sexual relations

1The Lord said to Moses, 2‘Speak to the Israelites and say to them: “I am the Lord your God. 3You must not do as they do in Egypt, where you used to live, and you must not do as they do in the land of Canaan, where I am bringing you. Do not follow their practices. 4You must obey my laws and be careful to follow my decrees. I am the Lord your God. 5Keep my decrees and laws, for the person who obeys them will live by them. I am the Lord.

6‘ “No-one is to approach any close relative to have sexual relations. I am the Lord.

7‘ “Do not dishonour your father by having sexual relations with your mother. She is your mother; do not have relations with her.

8‘ “Do not have sexual relations with your father’s wife; that would dishonour your father.

9‘ “Do not have sexual relations with your sister, either your father’s daughter or your mother’s daughter, whether she was born in the same home or elsewhere.

10‘ “Do not have sexual relations with your son’s daughter or your daughter’s daughter; that would dishonour you.

11‘ “Do not have sexual relations with the daughter of your father’s wife, born to your father; she is your sister.

12‘ “Do not have sexual relations with your father’s sister; she is your father’s close relative.

13‘ “Do not have sexual relations with your mother’s sister, because she is your mother’s close relative.

14‘ “Do not dishonour your father’s brother by approaching his wife to have sexual relations; she is your aunt.

15‘ “Do not have sexual relations with your daughter-in-law. She is your son’s wife; do not have relations with her.

16‘ “Do not have sexual relations with your brother’s wife; that would dishonour your brother.

17‘ “Do not have sexual relations with both a woman and her daughter. Do not have sexual relations with either her son’s daughter or her daughter’s daughter; they are her close relatives. That is wickedness.

18‘ “Do not take your wife’s sister as a rival wife and have sexual relations with her while your wife is living.

19‘ “Do not approach a woman to have sexual relations during the uncleanness of her monthly period.

20‘ “Do not have sexual relations with your neighbour’s wife and defile yourself with her.

21‘ “Do not give any of your children to be sacrificed to Molek, for you must not profane the name of your God. I am the Lord.

22‘ “Do not have sexual relations with a man as one does with a woman; that is detestable.

23‘ “Do not have sexual relations with an animal and defile yourself with it. A woman must not present herself to an animal to have sexual relations with it; that is a perversion.

24‘ “Do not defile yourselves in any of these ways, because this is how the nations that I am going to drive out before you became defiled. 25Even the land was defiled; so I punished it for its sin, and the land vomited out its inhabitants. 26But you must keep my decrees and my laws. The native-born and the foreigners residing among you must not do any of these detestable things, 27for all these things were done by the people who lived in the land before you, and the land became defiled. 28And if you defile the land, it will vomit you out as it vomited out the nations that were before you.

29‘ “Everyone who does any of these detestable things – such persons must be cut off from their people. 30Keep my requirements and do not follow any of the detestable customs that were practised before you came and do not defile yourselves with them. I am the Lord your God.” ’