3 Mose 15 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 15:1-33

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2“Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfo: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsen nsu no, saa nsu no yɛ fi. 3Sɛ ɛkɔ so sen o, egyae o, agu ne ho fi. Fi a nsu a egu no no de bɛba ni:

4“ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi. 5Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare. 6Obiara a ɔbɛtena akongua a ɔbarima no atena so so ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.

7“ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.

8“ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare.

9“ ‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. 10Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.

11“ ‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.

12“ ‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho.

13“ ‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu. 14Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔde ama ɔsɔfo no. 15Ɔsɔfo no de wɔn bɛbɔ afɔre a baako yɛ bɔne ho afɔre na baako no nso yɛ ɔhyew afɔre; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no bɛyɛ mpata wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, esiane nʼahosen no nti.

16“ ‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere. 17Ntama anaa mpasotam biara a ho nsu no bi begu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhoro, efisɛ ɛho ntew kosi anwummere. 18Sɛ ɔbarima fa ɔbea a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa guare, efisɛ wɔn ho ntew kosi anwummere.

19“ ‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere.

20“ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi. 21Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛhoro ne ntama, aguare, efisɛ onipa no ho agu fi kosi anwummere. 22Sɛ obi so biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho agu fi kosi anwummere. 23Sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakongua, obiara a ne ho bɛka no ho begu fi akosi anwummere.

24“ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.

25“ ‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm, 26na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa bere no ho agu fi te sɛ nea nʼafikyikɔ bere mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. 27Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama, san guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.

28“ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio. 29Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 30Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho.

31“ ‘Saa ɔkwan yi so na sɛ Israelfo no bi ho gu fi a, mobɛfa de atew wɔn ho; anyɛ saa a, esiane sɛ wɔagu mʼAhyiae Ntamadan a esi wɔn mu no ho fi nti, wobewuwu.’ ”

32Eyinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sen 33ne ɔbea a wakɔ afikyiri ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafo wɔ bere a ne ho ntew no mu no.

New International Version

Leviticus 15:1-33

Discharges Causing Uncleanness

1The Lord said to Moses and Aaron, 2“Speak to the Israelites and say to them: ‘When any man has an unusual bodily discharge, such a discharge is unclean. 3Whether it continues flowing from his body or is blocked, it will make him unclean. This is how his discharge will bring about uncleanness:

4“ ‘Any bed the man with a discharge lies on will be unclean, and anything he sits on will be unclean. 5Anyone who touches his bed must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening. 6Whoever sits on anything that the man with a discharge sat on must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

7“ ‘Whoever touches the man who has a discharge must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

8“ ‘If the man with the discharge spits on anyone who is clean, they must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

9“ ‘Everything the man sits on when riding will be unclean, 10and whoever touches any of the things that were under him will be unclean till evening; whoever picks up those things must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

11“ ‘Anyone the man with a discharge touches without rinsing his hands with water must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

12“ ‘A clay pot that the man touches must be broken, and any wooden article is to be rinsed with water.

13“ ‘When a man is cleansed from his discharge, he is to count off seven days for his ceremonial cleansing; he must wash his clothes and bathe himself with fresh water, and he will be clean. 14On the eighth day he must take two doves or two young pigeons and come before the Lord to the entrance to the tent of meeting and give them to the priest. 15The priest is to sacrifice them, the one for a sin offering15:15 Or purification offering; also in verse 30 and the other for a burnt offering. In this way he will make atonement before the Lord for the man because of his discharge.

16“ ‘When a man has an emission of semen, he must bathe his whole body with water, and he will be unclean till evening. 17Any clothing or leather that has semen on it must be washed with water, and it will be unclean till evening. 18When a man has sexual relations with a woman and there is an emission of semen, both of them must bathe with water, and they will be unclean till evening.

19“ ‘When a woman has her regular flow of blood, the impurity of her monthly period will last seven days, and anyone who touches her will be unclean till evening.

20“ ‘Anything she lies on during her period will be unclean, and anything she sits on will be unclean. 21Anyone who touches her bed will be unclean; they must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening. 22Anyone who touches anything she sits on will be unclean; they must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening. 23Whether it is the bed or anything she was sitting on, when anyone touches it, they will be unclean till evening.

24“ ‘If a man has sexual relations with her and her monthly flow touches him, he will be unclean for seven days; any bed he lies on will be unclean.

25“ ‘When a woman has a discharge of blood for many days at a time other than her monthly period or has a discharge that continues beyond her period, she will be unclean as long as she has the discharge, just as in the days of her period. 26Any bed she lies on while her discharge continues will be unclean, as is her bed during her monthly period, and anything she sits on will be unclean, as during her period. 27Anyone who touches them will be unclean; they must wash their clothes and bathe with water, and they will be unclean till evening.

28“ ‘When she is cleansed from her discharge, she must count off seven days, and after that she will be ceremonially clean. 29On the eighth day she must take two doves or two young pigeons and bring them to the priest at the entrance to the tent of meeting. 30The priest is to sacrifice one for a sin offering and the other for a burnt offering. In this way he will make atonement for her before the Lord for the uncleanness of her discharge.

31“ ‘You must keep the Israelites separate from things that make them unclean, so they will not die in their uncleanness for defiling my dwelling place,15:31 Or my tabernacle which is among them.’ ”

32These are the regulations for a man with a discharge, for anyone made unclean by an emission of semen, 33for a woman in her monthly period, for a man or a woman with a discharge, and for a man who has sexual relations with a woman who is ceremonially unclean.