3 Mose 13 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 13:1-59

Ɔhonam Ani Nsanyare Ho Nsɛnkyerɛnne

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2“Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako 3na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani. 4Na sɛ kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na sɛ kuru no hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson. 5Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na sɛ kuru no nsakrae na ɛntrɛwee wɔ ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio. 6Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. 7Na sɛ nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio 8na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare.

9“Sɛ obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no. 10Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae hɔ a, 11na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de to gua sɛ amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee sɛ ɔhonam no ayɛ kwata.

12“Nanso sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a, 13ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa. 14Na sɛ akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 15Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru wɔ honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ sɛ kwata wɔ ɔhonam no mu. 16Na sɛ akuru no wu na ɛdan yɛ fitaa sɛ ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no hɔ bio. 17Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ ɔhonam no fa hɔ ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.

18“Sɛ pɔmpɔ si obi na agyae 19na sɛ baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. 20Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu. 21Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no wɔ hɔ no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no yɛ nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson. 22Saa bere no mu sɛ beae hɔ no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata. 23Na sɛ beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew.

24“Sɛ obi hyehyew na sɛ ɔhyehyew no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 26Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson 27na wahwɛ no ne nnanson so bio. Sɛ ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no. 28Nanso sɛ ɔhonam no fa hɔ a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.

29“Sɛ kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a, 30ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata. 31Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson, 32na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, 33ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio. 34Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na sɛ ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na sɛ ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu. 35Na sɛ akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a, 36ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ sɛ nwi a ɛte sɛ akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata. 37Na sɛ ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na sɛ nwi tuntum fuw wɔ beae hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew.

38“Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani yɛ fitaa hanahana, 39na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi.

40“Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41Sɛ obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. 42Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. 43Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, 44na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata.

45“Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’ 46Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no sɛ ne ho ntew enti ɛsɛ sɛ ɔtena kurow no akyi baabi.

47“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade, 48kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ. 50Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson. 51Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a etumi san nnipa. 52Ɛsɛ sɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa.

53“Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisii no ntrɛtrɛwee a, 54ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen sɛ ɔyare no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye. 56Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa hɔ afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no. 58Sɛ wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no.”

59Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekode no mu anaa bi nni mu no ho.

New Amharic Standard Version

ዘሌዋውያን 13:1-59

ተላላፊ የቈዳ በሽታ

1እግዚአብሔር (ያህዌ) ሙሴንና አሮንን እንዲህ አላቸው፤ 2“ማንኛውም ሰው በሰውነቱ ቈዳ ላይ ዕብጠት ወይም ችፍታ ወይም ቋቍቻ ቢወጣበትና ይህም ወደ ተላላፊ የቈዳ በሽታ13፥2 በልማድ ለምጽ ይባላል፤ የዕብራይስጡ ቃል ከቈዳ ጋር ለተያያዘ በሽታ ሁሉ የሚገባ ነው። በዚህ ምዕራፍ ሌላም ስፍራ ይገኛል። የሚለወጥበት ከሆነ፣ ወደ ካህኑ አሮን ወይም ካህናት ከሆኑት ልጆቹ13፥2 ወይም ዘሮቹ ወደ አንዱ ያምጡት። 3ካህኑም በሰውየው ቈዳ ላይ ያለውን ቍስል ይመርምር፤ በቍስሉ በተበከለው አካባቢ ያለው ጠጕር ወደ ነጭነት ተለውጦ ቢያገኘውና ቦታው ጐድጕዶ13፥3 ወይም ከሌላው የቈዳ ክፍል ጠልቆ ቢገባ፤ በዚህ ምዕራፍ በሌላ ስፍራም ይገኛል። ወደ ውስጥ ቢገባ፣ ይህ ተላላፊ የቈዳ በሽታ ነው። ካህኑም መርምሮ ይህን ባወቀ ጊዜ፣ ሰውየው በአምልኮው ሥርዐት መሠረት ርኩስ መሆኑ ይገለጽ። 4በቈዳው ላይ ያለው ቋቁቻ ነጭ ሆኖ ቢታይ፣ ነገር ግን ከቈዳው በታች ዘልቆ ባይገባና በቦታው ላይ የሚገኘው ጠጕር ወደ ነጭነት ባይለወጥ፣ ካህኑ በሽተኛውን ሰባት ቀን ያግልለው። 5በሰባተኛውም ቀን ካህኑ በሽተኛውን ይመርምረው፤ ቍስሉ ለውጥ ካላመጣና በቈዳውም ላይ ካልተስፋፋ እንደ ገና ሰባት ቀን ያግልለው። 6በሰባተኛው ቀን ካህኑ እንደ ገና ይመርምረው፤ ቍስሉ ከከሰመና በቈዳው ላይ ካልተስፋፋ፣ ካህኑ ሰውየው ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ፤ ቍስሉ ችፍታ እንጂ ሌላ አይደለም። ሰውየው ልብሱን ይጠብ፤ ንጹሕም ይሆናል። 7ራሱን ለካህን አሳይቶ መንጻቱ ከታወቀ በኋላ፣ ችፍታው በቈዳው ላይ እየተስፋፋ ከሆነ፣ እንደ ገና ካህኑ ፊት ይቅረብ፤ 8ካህኑም ይመርምረው፤ ችፍታው በቈዳው ላይ ተስፋፍቶ ከተገኘ፣ ካህኑ ሰውየው ርኩስ መሆኑን ያስታውቅ፤ ተላላፊ የቈዳ በሽታ ነው።

9“ማንኛውም ሰው ተላላፊ የቈዳ በሽታ ከያዘው፣ ወደ ካህኑ ያምጡት፤ 10ካህኑም ይመርምረው፤ በሰውነቱ ላይ ጠጕሩን ወደ ነጭነት የለወጠ ነጭ ዕባጭ ካለና በዕብጠቱም ውስጥ ቀይ ሥጋ ቢታይ፣ 11ሥር የሰደደ የቈዳ በሽታ ነውና ሰውየው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ ርኩስ መሆኑ ግልጽ ስለሆነም ሰውየውን አያግልለው።

12“ደዌው በአካላቱ ሁሉ ላይ በመውጣት በሽተኛውን ከራስ ጠጕር እስከ እግር ጥፍር ያለበሰው መሆኑን ካህኑ እስካየ ድረስ፣ 13ካህኑ ይመርምረው፤ ደዌው የሰውየውን ሰውነት ሙሉ በሙሉ ሸፍኖት ከተገኘ፣ ያ ሰው ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ፤ ሙሉ በሙሉ ነጭ ስለሆነ ንጹሕ ነው፤ 14ነገር ግን ቍስሉ አመርቅዞ ቀይ ሥጋ ቢታይበት ርኩስ ይሁን። 15ካህኑም የተገለጠውን ቀይ ሥጋ በሚያይበት ጊዜ ርኩስ መሆኑን ያስታውቅ፤ ቀይ ሥጋ ርኩስ ስለሆነ፣ ተላላፊ በሽታ ነው። 16ቀይ ሥጋ ተለውጦ ከነጣ ግን ወደ ካህኑ ይሂድ፤ 17ካህኑም ይመርምረው፤ ቍስሎች ወደ ነጭነት ተለውጠው ከተገኙ፣ የታመመው ሰው ንጹሕ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ ንጹሕም ይሆናል።

18“አንድ ሰው በገላው ላይ ዕባጭ ወጥቶ ቢድን፣ 19ዕባጩ በነበረበት ቦታ ላይም ነጭ ዕብጠት ወይም ነጣ ያለ ቀይ ቋቍቻ ቢታይ፣ ካህኑ ዘንድ ይቅረብ። 20ካህኑም ይመርምረው፤ ከቈዳው በታች ዘልቆ የገባ ቢሆን በቦታውም ያለው ጠጕር ቢነጣ፣ ሰውየው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ። 21ነገር ግን ካህኑ በሚመረምርበት ጊዜ ነጭ ጠጕር በውስጡ ከሌለ፣ ዘልቆ ካልገባና የከሰመ ቢሆን፣ ካህኑ ሰባት ቀን ያግልለው። 22በቈዳው ላይ ተስፋፍቶ ካገኘውም፣ ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ የሚተላለፍ ነው። 23ቋቍቻው ግን ባለበት ከቈየና ወደ ሌላ ስፍራ ካልተስፋፋ፣ የዕባጩ ጠባሳ እንጂ ሌላ አይደለም፤ ካህኑም ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ።

24“አንድ ሰው እሳት ቈዳውን ቢያቃጥለውና በተቃጠለው ስፍራ ነጣ ያለ ቀይ ወይም ነጭ ቋቍቻ ቢታይበት፣ 25ካህኑ ይመርምረው፤ ቋቍቻው ባለበትም ቦታ ያለው ጠጕር ቢነጣና ከቈዳው በታች ዘልቆ ቢገባ፣ በቃጠሎው ሰበብ ከውስጥ የወጣ ተላላፊ በሽታ ነው፤ ሰውየው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ ተላላፊ የቈዳ በሽታ ነው። 26ነገር ግን ካህኑ በሚመረምርበት ጊዜ ነጭ ጠጕር የሌለበት፣ ከቈዳውም በታች ዘልቆ ያልገባና የከሰመ ቢሆን፣ ካህኑ ሰውየውን ሰባት ቀን ያግልለው። 27በሰባተኛው ቀን ካህኑ ይመርምረው፤ በሽታውም በቈዳው ላይ ተስፋፍቶ ቢያገኘው፣ ሰውየው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ ተላላፊ የቈዳ በሽታ ነው። 28ቋቍቻ ባለበት ከቈየና በቈዳው ላይ ካልተስፋፋ፣ ይልቁንም እየከሰመ ከሄደ፣ በቃጠሎው ሰበብ የተከሠተ ዕብጠት ነውና ካህኑ ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ፤ የቃጠሎው ጠባሳ እንጂ ሌላ አይደለም።

29“በወንድ ወይም በሴት ዐናት ወይም አገጭ ላይ ቍስል ቢወጣ፣ 30ካህኑ ቍስሉን ይመርምር፤ ከቈዳው በታች ዘልቆ ከገባ፣ በውስጡም ያለው ጠጕር ቢጫና ቀጭን ከሆነ ያ ሰው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ፤ የሚያሳክክ የራስ ወይም የአገጭ ተላላፊ በሽታ ነው። 31ካህኑ እንዲህ ዐይነቱን ቍስል በሚመረምርበት ጊዜ፣ ከቈዳው በታች ዘልቆ ካልገባና በውስጡም ጥቍር ጠጕር ከሌለ፣ ካህኑ ሰውየውን ሰባት ቀን ያግልለው። 32ካህኑም በሰባተኛው ቀን ቍስሉን ይመርምር፤ የሚያሳክከው ቦታ ያልሰፋ፣ ቢጫ ጠጕር የሌለውና ከቈዳው በታች ዘልቆ ያልገባ ከሆነ፣ 33ከቈሰለው ቦታ በስተቀር ጠጕሩን ይላጭ፤ ካህኑ ሰባት ተጨማሪ ቀን ሰውየውን ያግልል። 34ካህኑ በሰባተኛው ቀን የሚያሳክከውን የሰውየውን ቍስል ይመርምር፤ በቈዳው ላይ ካልሰፋና ከቈዳው በታች ዘልቆ ካልገባ ካህኑ ያ ሰው ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ፤ ልብሱን ዐጥቦ ንጹሕ ይሁን። 35ንጹሕ መሆኑ ከተገለጠ በኋላ ግን የሚያሳክከው ቍስል ተስፋፍቶ ቢገኝ፣ 36ካህኑ ይመርምረው፤ ቍስሉ በቈዳው ላይ ከሰፋ፣ ካህኑ የጠጕሩን ቢጫ መሆን አለመሆን ማየት አያሻውም፤ ሰውየው ርኩስ ነው። 37ነገር ግን ቍስሉ በካህኑ አመለካከት ለውጥ ያላሳየ ከሆነና በውስጡ ጥቍር ጠጕር ካበቀለ ቍስሉ ድኗል፤ ሰውየው ነጽቷል፤ ካህኑም ንጹሕ መሆኑን ያስታውቅ።

38“በወንድ ወይም በሴት ቈዳ ላይ ቋቍቻ ቢወጣ፣ 39ካህኑ ይመርምራቸው፤ ቋቍቻው ዳለቻ ከሆነ፣ በቈዳ ላይ የወጣ ጕዳት የማያስከትል ችፍታ ነው፤ ሰውየውም ንጹሕ ነው።

40“አንድ ሰው የራሱ ጠጕር ከዐናቱ ዐልቆ መላጣ ቢሆን ንጹሕ ነው። 41ጠጕሩ ከፊት ለፊት ተመልጦ ራሰ በራ ቢሆንም ንጹሕ ነው። 42ነገር ግን በመላጣው ወይም በበራው ላይ ነጣ ያለ ቀይ ቍስል ቢወጣበት፣ ያ ከመላጣው ወይም ከበራው የወጣ ተላላፊ በሽታ ነው። 43ካህኑ ይመርምረው፤ በመላጣው ወይም በበራው ላይ ያበጠው ተላላፊ የቈዳ በሽታ የሚመስል ነጣ ያለ ቍስል ከሆነ፣ 44ሰውየው ደዌ አለበት፤ ርኩስም ነው፤ በራሱ ላይ ካለው ቍስል የተነሣም ሰውየው ርኩስ መሆኑን ካህኑ ያስታውቅ።

45“እንዲህ ያለ ተላላፊ በሽታ ያለበት ሰው የተቀደደ ልብስ ይልበስ፤ ጠጕሩን ይግለጥ፤13፥45 ወይም ራሱንም አይሸፍን እስከ አፍንጫውም ድረስ ተሸፋፍኖ ‘ርኩስ ነኝ! ርኩስ ነኝ!’ እያለ ይጩኽ። 46ተላላፊ በሽታው እስካለበት ጊዜ ድረስ ርኩስ ነው፤ ብቻውን ይቀመጥ፤ ከሰፈር ውጪም ይኑር።

በልብስ ላይ የሚታይ ተላላፊ በሽታ

47“ከበግ ጠጕር ወይም ከበፍታ የተሠራ ማንኛውም ዐይነት ልብስ በተላላፊ በሽታ ቢበከል፣ 48በሸማኔ ዕቃ ወይም በእጅ የተሠራ ማንኛውም ዐይነት የበግ ጠጕር ወይም የበፍታ ልብስ ወይም ማንኛውም ቈዳ ወይም ከቈዳ የተሠራ ነገር ቢሆን፣ 49በልብስ ወይም በዐጐዛ፣ በሸማኔ ዕቃ በተሠራ ወይም በእጅ በተጠለፈ ወይም ከቈዳ በተሠራ ዕቃ ላይ አረንጓዴ ወይም ቀይ መሳይ ደዌ ቢከሠት፣ እየሰፋ የሚሄድ ተላላፊ በሽታ ስለሆነ ካህኑ ይየው። 50ካህኑ ደዌውን ይመርምር፤ በደዌ የተበከለውንም ዕቃ ሰባት ቀን ያግልል። 51በሰባተኛውም ቀን ይመርምረው፤ ደዌው በልብሱ፣ በሸማኔ ዕቃ በተሠራው ወይም በእጅ በተጠለፈው ጨርቅ ወይም ለማናቸውም አገልግሎት በሚውል ዐጐዛ ላይ ተስፋፍቶ ቢገኝ፣ ክፉ ደዌ ነው፤ ዕቃውም ርኩስ ነው። 52ልብሱን ወይም በሸማኔ ዕቃ የተሠራውን ወይም በእጅ የተጠለፈውን የበግ ጠጕር ወይም በፍታ ወይም ደዌው ያለበትን ማንኛውንም ከቈዳ የተሠራ ዕቃ ያቃጥል፤ ደዌው ክፉ ነውና፤ ዕቃው ይቃጠል።

53“ነገር ግን ካህኑ በሚመረምርበት ጊዜ ደዌው በልብሱ ወይም በሸማኔ ዕቃ በተሠራው ወይም በእጅ በተጠለፈው ጨርቅ ላይ፣ ወይም ከቈዳ በተሠራው ዕቃ ላይ ተስፋፍቶ ካልተገኘ፣ 54ካህኑ ደዌው ያለበት ነገር እንዲታጠብ ይዘዝ፤ ዕቃውንም ሰባት ቀን ደግሞ ያግልል። 55ደዌው ያለበት ዕቃ ከታጠበ በኋላ ካህኑ ይመርምረው፤ ደዌው ባይስፋፋም እንኳ መልኩን ካልለወጠ፣ ርኩስ ነው፤ ደዌው የወጣው በውስጥም ሆነ በውጭ ዕቃው በእሳት ይቃጠል። 56ዕቃው ከታጠበ በኋላ ካህኑ በሚመረምርበት ጊዜ ደዌው ከስሞ ቢገኝ፣ በደዌ የተበከለውን ቦታ ከልብሱ ወይም ከቈዳው ወይም በሸማኔ ዕቃ ከተሠራው ወይም በእጅ ከተጠለፈው ጨርቅ ቀዶ ያውጣ። 57ነገር ግን ደዌው በልብሱ ወይም በሸማኔ ዕቃ በተሠራው ወይም በእጅ በተጠለፈው ጨርቅ ላይ ወይም ከቈዳ በተሠራው ዕቃ ላይ ቢታይ፣ መስፋፋቱ ስለሆነ ደዌው ያለበት ማንኛውም ነገር በእሳት ይቃጠል። 58ታጥቦ ከደዌ የጠራ ልብስ ወይም በሸማኔ ዕቃ የተሠራ ወይም በእጅ የተጠለፈ ጨርቅ ወይም ከቈዳ የተሠራ ማንኛውም ዕቃ እንደ ገና ይታጠብ፤ ንጹሕም ይሆናል።”

59ከበግ ጠጕር ወይም ከበፍታ የተሠራ ልብስ ወይም በሸማኔ ዕቃ የተሠራ ወይም በእጅ የተጠለፈ ጨርቅ ወይም ከቈዳ የተሠራ ማንኛውም ዕቃ በደዌ ቢበከል፣ ንጹሕ ወይም ርኩስ መሆኑን ለማወቅ ሕጉ ይህ ነው።