3 Mose 11 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 11:1-47

Mmoa A Wɔn Ho Tew Ne Wɔn A Wɔn Ho Ntew

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2“Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu. 3Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.

4“ ‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. 5Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. 6Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. 7Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo. 8Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.

9“ ‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu. 10Nanso nsumnam a aka no de, mukyi. 11Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew. 12Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew.

13“ ‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri, 14ɔkompete, ɔsansa, 15kwaakwaadabi, 16sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma, 17patu, sare so patu, patukɛse, 18bakanoma, nantwinoma, opete, 19asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan.

20“ ‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe. 21Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we. 22Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we. 23Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew.

24“ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere. 25Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi.

26“ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi. 27Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade. 28Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere.

29“ ‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso, 30opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew. 31Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere 32Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew. 33Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no. 34Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara. 35Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu. 36Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi. 37Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi, 38Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi.

39“ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere. 40Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere.

41“ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam. 42Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi. 43Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. 44Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. 45Mene Awurade a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.

46“ ‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. 47Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 11:1-47

有關食物的條例

1耶和華對摩西亞倫說: 2「你們把以下條例告訴以色列人。

「地上的動物, 3凡是蹄子分瓣且反芻的,你們都可以吃。 4但你們不可吃只有蹄子分瓣或只反芻的動物。駱駝不潔淨,因為牠雖反芻但蹄子不分瓣; 5獾不潔淨,因為牠雖反芻但蹄子不分瓣; 6野兔不潔淨,因為牠雖反芻但蹄子不分瓣; 7豬不潔淨,因為牠蹄子雖分瓣但不反芻。 8你們不可吃牠們的肉,也不可摸牠們的屍體,因為牠們對你們來說不潔淨。

9「海洋與河流裡的動物,凡有鰭有鱗的,你們都可以吃。 10但海洋與河流裡無鰭無鱗的動物,你們要憎惡。 11牠們都是可憎之物,不可吃牠們的肉,也不可摸牠們的屍體。 12水中任何無鰭無鱗的動物,你們都要視為可憎之物。

13「你們不可吃以下鳥類,要視為可憎之物。牠們是鵰、胡兀鷲、黑禿鷲、 14鳶、隼類、 15烏鴉類、 16駝鳥、夜鷹、海鷗、鷹類、 17小鴞、鸕鷀、大鴞、 18倉鴞、鵜鶘、魚鷹、 19鸛、鷺鳥類、戴鵀和蝙蝠。

20「你們要憎惡會飛會爬的昆蟲, 21但可以吃會飛會跳的昆蟲, 22包括蝗蟲、蟋蟀和蚱蜢。 23所有會飛會爬的昆蟲,你們要視為可憎之物。

24「以下的動物會使你們不潔淨。任何人接觸到牠們的屍體,都不潔淨,要等到傍晚才能潔淨。 25任何人拿牠們的屍體,都必須洗淨所穿的衣服,要等到傍晚才能潔淨。 26蹄子不分瓣或不反芻的動物,你們要視為不潔淨,碰到牠們的人都不潔淨。 27所有以腳掌走路的四足動物,你們要視為不潔淨,碰到牠們屍體的人都不潔淨,要等到傍晚才能潔淨。 28凡拿牠們屍體的人都必須洗淨所穿的衣服,要等到傍晚才能潔淨。你們要視牠們為不潔淨的動物。

29「地上不潔淨的動物有鼬鼠、老鼠、大蜥蜴、 30壁虎、巨蜥、小蜥蜴和變色龍。 31這些爬蟲都是不潔淨的。任何人碰到牠們的屍體,都不潔淨,要等到傍晚才能潔淨。 32如果牠們的屍體掉在什麼東西上,不管是木器、衣物、皮件還是袋子,不管作何用途,都會變得不潔淨。要把那東西放在水中,一直到傍晚才能潔淨。 33如果牠們的屍體掉在陶器裡,陶器裡盛的東西都不潔淨。你們必須打碎那陶器。 34陶器裡的水如果滴到食物上,食物就不潔淨;如果滴到盛飲料的器皿裡,飲料也不潔淨。 35牠們的屍體無論掉在什麼東西上,那東西都不潔淨,無論是爐是鍋都要打碎。 36如果牠們的屍體掉進水泉或儲水池裡,水泉和儲水池仍然是潔淨的,但碰到屍體的人是不潔淨的。 37如果牠們的屍體接觸到將要播撒的種子,種子仍是潔淨的。 38但如果牠們的屍體碰到泡過水的種子,種子就不潔淨。

39「一隻可以食用的動物死後,任何人如果碰到牠的屍體,都不潔淨,要等到傍晚才能潔淨。 40任何人如果吃牠的肉,或拿牠的屍體,都必須洗淨衣服,等到傍晚才能潔淨。

41「所有地上的爬蟲都是可憎的,你們不可吃。 42你們不可吃用肚子、四腳或多腳爬行的動物,這些都是可憎的。 43你們不可讓這些動物玷污自己,使自己不潔淨。 44我是你們的上帝耶和華。你們要分別出來做聖潔的人,因為我是聖潔的。你們不可讓地上的爬蟲玷污自己。 45我是耶和華,我帶你們離開埃及,為要做你們的上帝。你們要聖潔,因為我是聖潔的。

46「以上是有關飛禽走獸、水族和地上一切爬蟲的條例, 47使你們可以分清什麼是潔淨的、什麼是不潔淨的、什麼是可吃的、什麼是不可吃的。」