2 Timoteo 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 3:1-17

Amanehunu Wɔ Hɔ

1Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no, mmere no mu bɛyɛ den. 2Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛnkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso, 3wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwfafo, wɔbɛtan wɔn mfɛfo a wɔyɛ nnipa pa no, 4wɔbɛyɛ afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anigye sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. 5Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.

6Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so; 7saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nneɛma foforo, nanso wonhu nokware no akyi kwan. 8Sɛnea Yan ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe na wonsi hwee wɔ gyidi mu. 9Wonnya nkɔso biara efisɛ obiara behu wɔn kwasea.

10Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ, me boasetɔ, me dɔ, 11taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu. 12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase wɔ Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, 13nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho. 14Nanso wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, 15na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. 16Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, 17sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 3:1-17

Amanehunu Wɔ Hɔ

1Kae saa asɛm yi. Nna a ɛdi akyire no mu mmerɛ no mu bɛyɛ den. 2Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, aniberefoɔ, ahohiahiafoɔ ne ahantanfoɔ; wɔbɛyɛ abususɛnkafoɔ, asoɔdenfoɔ wɔ wɔn awofoɔ so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso, 3wɔbɛyɛ atirimuɔdenfoɔ, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa edinsɛefoɔ basabasa ne abufupɛfoɔ, wɔbɛtane wɔn mfɛfoɔ a wɔyɛ nnipa pa no, 4wɔbɛyɛ afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikadeɛ sene sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. 5Wɔbɛyɛ aniani asomfoɔ a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho firi saa nnipa no ho.

6Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so; 7saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nneɛma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyiri kwan. 8Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnnka hwee wɔ gyidie mu. 9Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.

10Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ, 11taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu. 12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, 13nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho. 14Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, 15na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa. 16Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, 17sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.