2 Timoteo 2 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 2:1-26

Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den

1Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa. 3Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani. 5Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so. 6Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo sɛ odi kan nya ne nnɔbae bi. 7Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase.

8Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ. 10Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi.

11Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni:

“Sɛ yɛne no wui a,

yɛne no bɛtena ase.

12Sɛ yɛampa abaw a

yɛne no bedi hene.

Sɛ yɛpa no a,

ɔno nso bɛpa yɛn.

13Sɛ yɛnyɛ nokwafo a,

ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo

efisɛ ɔrensan nʼasɛm.”

Nnye Akyinnyehunu

14Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ. 15Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. 17Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”

20Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa. 21Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.

22Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba. 24Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no. 26Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

提摩太後書 2:1-26

基督的精兵

1我兒啊!你要靠著基督耶穌的恩典剛強起來。 2以前你在許多見證人面前聽過我的教導,你要把這些教導傳給忠信可靠、能夠教導他人的人。

3你要作基督耶穌的精兵與我同受苦難。 4當兵的若讓其他事務纏身,就不能取悅徵召他的上司。 5同樣,參加比賽的人若不遵守比賽規則,就不可能得獎。 6辛勞的農夫理當先享受收成。 7你要思想我說的話,因為主必賜你悟性明白各樣的事。

8你要切記我所傳的福音:耶穌基督是大衛的後裔,祂從死裡復活了。 9我為這福音受苦,甚至像犯人一樣被囚禁,但上帝的道是囚禁不住的。 10我為了上帝所揀選的人忍受一切痛苦,使他們可以獲得在基督耶穌裡的救恩和永遠的榮耀。 11有真實可信的話說:

「我們若與基督同死,

就必與祂同活。

12我們若忍耐到底,

就必與祂一同作王。

我們若不承認祂,

祂也必不承認我們。

13我們縱然會失信,

祂仍然信實可靠,

因為祂不能違背自己。」

做無愧的工人

14你要提醒眾人這些事,在主面前囑咐他們:不要為言詞爭辯,因為那對聽見的人有害無益。 15你應當竭力在上帝面前做經得起考驗、問心無愧的工人,正確地闡釋真理之道。 16要遠避一切世俗的空談,因為好空談的人只會越來越不敬虔。 17他們講的話像毒瘡,只會越爛越大,許米乃腓理徒就是例子。 18他們離經背道,說復活的事已成過去,動搖了許多人的信心。 19然而,上帝所立的堅實根基永不動搖,這根基上刻著:「主認識誰是屬於祂的人」,「凡自稱是屬於主的人都要離棄罪惡。」

20大戶人家不但有金器銀器,也有木器瓦器,這些器皿的用途有貴賤之分。 21人若潔身自愛,遠離卑賤的事,就必成為聖潔無瑕的貴重器皿,可以被主用來成就各樣的善事。

22你要逃避年輕人的邪情私慾,要跟那些以清潔的心求告主的人一同追求公義、信心、仁愛、和平。 23不要參與愚昧無知的辯論,因為這些事只會引起紛爭。 24上帝的奴僕不可與人爭執,總要溫和待人,善於教導,心存忍耐。 25要溫柔地規勸那些反對我們的人,也許上帝會賜給他們悔改的心,使他們明白真理, 26讓他們這些被魔鬼擄去、受其擺佈的人能夠醒悟過來,脫離魔鬼的網羅。