2 Samuel 7 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 7:1-29

Onyankopɔn Hyɛ Dawid Bɔ

1Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no, 2Dawid frɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ahemfi a wɔde sida asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntamadan mu.”

3Na Natan buaa ɔhene no se, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”

4Na anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Natan se,

5“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Wone obi a ɛsɛ sɛ wusi dan ma me na metena mu ana? 6Efi bere a mede Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ no, mentenaa ɔdan mu da. Daa wotu mʼase fi baabi kɔ baabi. 7Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?” ’

8“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo fii mmoa adidibea ne nguan akyidi mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. 9Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfo nyinaa afi wʼanim. Na mɛma woagye din wɔ asase yi nyinaa so. 10Na mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, 11efi bere a mepaw atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Mɛsan ama mo bammɔ afi mo atamfo nyinaa nsam.

“ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo se, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere ofi ama wo; ahemfo ntoatoaso fi. 12Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ofi wʼasen mu adi wʼade, na matim nʼaheman ase. 13Ɔno ne obi a obesi dan de me din ato so. Na matim nʼaheman mu ahengua ase afebɔɔ. 14Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me Ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15Nanso, merenyi me dɔ mfi ne so da, sɛnea miyi fii Saulo a miyii no fii wʼanim no so ansa na wubedii nʼade no. 16Wo fi ne wʼahenni betim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahengua betim daa nyinaa.’ ”

17Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.

Dawid Aseda Mpaebɔ

18Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se,

Awurade Tumfo, me ne hena, na me fifo yɛ dɛn a wode me abedu nnɛ? 19Na afei Otumfo Awurade, eyinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahenni a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sɛɛ ana, Awurade Tumfo?

20“Dɛn bio na metumi aka? Efisɛ wunim wʼakoa, Awurade Tumfo. 21Wʼasɛm ne wo pɛ mu nti, woayɛ nneɛma kɛse yi nyinaa akyerɛ wo somfo.

22“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Awurade Tumfo! Obiara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforo bi mpo ho asɛm ɛ! 23Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn na woayi no afi nkoasom mu de wɔn ayɛ wo man? Bere a wuyii wo nkurɔfo fii Misraim no, wugyee din. Woyɛɛ anwonwade a ɛyɛ hu de pam aman ne ahoni ahorow a na wɔyɛ akwanside ma wo nkurɔfo no. 24Woasi wo nkurɔfo Israel sɛ wʼankasa wʼade afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.

25“Na afei, Awurade Nyankopɔn, di bɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne fi ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa, 26na ama wo din akorɔn afebɔɔ. Na nnipa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Israel so Nyankopɔn.’ Na ma wo somfo Dawid ahenni ase ntim wɔ wʼanim.

27“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi efisɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekye ofi a ɛyɛ daa ahenni ama me. 28Awurade Tumfo, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotoso, na woahyɛ wo somfo nnepa ho bɔ. 29Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wubehyira wʼakoa fi so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Awurade, woakasa, na wo nhyira a wode behyira wo somfo fi no bɛyɛ daapem nhyira.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记下 7:1-29

上帝对大卫的应许

1大卫住在王宫里,耶和华使他安享太平,不受四围的仇敌侵扰。 2一天,王对拿单先知说:“你看!我住在香柏木造的王宫中,但上帝的约柜还留在帐篷里。” 3拿单答道:“你只管照着自己的想法去做吧,因为耶和华与你同在。” 4当晚耶和华对拿单说: 5“你去告诉我的仆人大卫,‘耶和华说,你岂是为我建造殿宇的人? 6从我把以色列人带出埃及那天起,直到今天,我从未住过殿宇,一路上都住在帐篷里。 7在我与以色列人同行的日子,我从未责问任何我委派牧养我子民的士师,你为何不为我建香柏木的殿宇呢?’

8“现在你要告诉我的仆人大卫,万军之耶和华说,‘你原本在草场牧羊,我召你来做我以色列子民的首领。 9无论你去哪里,我都与你同在,为你铲除所有仇敌。现在我要使你声名远播,与世上的伟人齐名。 10-11我必为我的以色列子民预备一个地方,栽培他们,让他们住在自己的家园,不再受惊扰,不会像从前我设立士师治理他们的时候那样受恶人压迫。我必使你安定,免受仇敌的侵扰。我耶和华向你宣告,我必建立你的王室。 12你寿终正寝、与祖先同眠之后,我必立你的后裔接替你的王位,使他江山稳固。 13他必为我的名建造圣殿,我必使他的王位坚立,直到永远。 14我要做他的父亲,他要做我的儿子。如果他犯了罪,我必用人的杖、世人的鞭子来惩治他, 15但我的慈爱却不会像离开从你面前被废的扫罗那样离开他。 16你的家和你的国必在我面前永远坚立,你的王位必永远稳固。’”

17拿单就把所听到的启示全部告诉大卫

大卫的祷告

18于是,大卫王走进会幕,在耶和华面前坐下,说:“主耶和华啊,我是谁?我的家算什么?你竟如此厚待我。 19主耶和华啊,你觉得这还不够,你还要施恩赐福给你仆人的后代。主耶和华啊,这样的福分岂是常人可以得到的? 20主耶和华啊,我还能对你说什么呢?你深知你的仆人。 21你让仆人知道你凭自己的应许、按自己的旨意行了这大事。 22主耶和华啊,你真伟大!我们从未听过有谁能与你相比,你是独一无二的上帝。 23世上哪个民族比得上你的以色列子民呢?你从埃及救出他们,让他们做你的子民,又彰显你的大名,行神迹奇事,把列国及其神明从你的以色列子民面前赶走。 24你让以色列人永远做你的子民,你耶和华做他们的上帝。

25“耶和华上帝啊,求你永远信守你对仆人和仆人家的应许。 26这样,你的名必永远被尊崇,人们必说,‘万军之耶和华是治理以色列的上帝。’愿你仆人大卫的家在你面前坚立。 27以色列的上帝——万军之耶和华啊,因为你曾启示仆人,说你要使我家世代为王,仆人才有勇气这样向你祷告。 28主耶和华啊,只有你是上帝,你的话真实可靠,你给了仆人美好的应许。 29现在求你赐福给仆人家,让仆人家在你面前永续不断。主耶和华啊,这些都是你的应许,愿你永远赐福给仆人家。”