2 Samuel 17 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 17:1-29

1Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, “Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid. 2Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.” 4Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.

Husai Tia Ahitofel Afotu Mu

5Nanso Absalom kae se, “Momfrɛ Husai a ofi Arki no mmra na yentie nea ɔwɔ ka.” 6Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, “Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”

7Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi. 8Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi. 9Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’ 10Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru.

11“Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim. 12Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”

14Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.

Husai Bɔ Dawid Kɔkɔ Sɛ Onguan

15Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar. 16Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.”

17Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu. 19Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu.

20Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?”

Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.

21Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.

23Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu.

24Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan. 25Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba. 26Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.

27Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir17.27 Saa Makir yi ara na ogyee Mefiboset (Yonatan ba bubuafo) no ne no tenaa Lo-debar no. ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so. 28Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua, 29ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten wɔ sare so.”

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 17:1-29

1Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mɛyi akodɔm mpem dumienu, na mafiri ha anadwo yi akɔtaa Dawid so. 2Mɛto no wɔ ɛberɛ a wabrɛ na nʼaba mu abu. Ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛbɔ hu na wɔadwane. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ kɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara.” 4Saa nhyehyɛeɛ yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani.

Husai Tia Ahitofel Afotuo Mu

5Nanso, Absalom kaa sɛ, “Momfrɛ Husai a ɔfiri Arki no mmra na yɛntie deɛ ɔwɔ ka.” 6Husai baeɛ no, Absalom kaa deɛ Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei ɔbisaa no sɛ, “Wʼadwene ne sɛn? Yɛmfa Ahitofel afotuo no anaa? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”

7Husai buaa Absalom sɛ, “Mʼadwene ne sɛ saa ɛberɛ yi deɛ Ahitofel ayɛ mfomsoɔ. 8Wonim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ. Saa ɛberɛ yi, wɔn ani abre sɛ sisire a wɔawia ne mma wɔ wiram. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodie mu. Ɔne nʼakodɔm no rentena anadwo yi. 9Sɛ merekasa yi, wakɔtɛ ɔbodan bi mu anaa baabi foforɔ. Na sɛ ɔdi ɛkan to hyɛ mo so na mo mu kakra bi mpo totɔ a, ehu bɛtɔ wo dɔm no so na obiara bɛteam sɛ wɔrekunkum wo dɔm no. 10Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a nʼakoma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofoɔ, na wɔn a wɔka ne ho no nso bo yɛ duru.

11“Enti, metu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba. Woyɛ saa a wobɛnya akodɔm a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea. Na megye medi sɛ wʼankasa bɛdi akodɔm no anim. 12Na sɛ yɛhunu Dawid a, yɛbɛto ahyɛ no so, sɛdeɛ bosuo gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13Na sɛ Dawid adwane kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel akodɔm nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yɛbɛtumi afa ntampehoma de atwe kuro no afasuo, akɔgu bɔnhwa a ɛbɛn mu, kɔsi sɛ ɛboɔ biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”

14Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa sɛ, “Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no.” Ɛfiri sɛ, Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.

Husai Bɔ Dawid Kɔkɔ Sɛ Ɔnnwane

15Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar. 16Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no sɛ, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ ɔtwa kɔ ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu.”

17Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu. 19Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te sɛ deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu sɛ nnipa hyɛ abura no mu.

20Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?”

Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.

21Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.

23Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu.

24Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan. 25Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba. 26Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so.

27Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas a ɔfiri Raba babarima Sobi Amonni no, kyeaa no fɛ so. Saa ara na Amiel a ɔfiri Lo-debar babarima Makir17.27 Saa Makir yi ara na ɔgyee Mefiboset (Yonatan ba obubuafoɔ) no ne no tenaa Lo-debar. ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim nso gyee no fɛ so. 28Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atokoɔ, asikyiresiam, nkyeweɛ, asɛ ne asɛdua, 29ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyene mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na wɔkaa sɛ, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɛkɔm ne sukɔm de mo ɛfiri sɛ moanante ɛkwan tenten wɔ ɛserɛ so.”