2 Samuel 10 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 10:1-19

Dawid Di Amonfo So Nkonim

1Akyiri no, Amonfo10.1 Amonfo yɛ nnipa a na wɔte nweatam a na ɛwɔ Yordan apuei fam no so. hene Nahas wui. Ne babarima Hanun na odii nʼade sɛ ɔhene. 2Dawid kae se, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔe, sɛnea nʼagya yɛɛ me adɔe no.” Nʼagya wu nti, Dawid tuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden.

Bere a Dawid abɔfo baa Amonfo asase so no, 3Amonfo atitiriw no kobisaa wɔn wura Hanun se, “Wugye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfo baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ nidi ampa ara ana? Wunnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabetu agu?” 4Ɛno nti, Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii obiara abogyesɛ fa, twitwaa wɔn ntade to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wogyaa wɔn kwan, ma wɔde animguase kɔe.

5Bere a wɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, otuu abɔfo ma wokohyiaa mmarima no, efisɛ woguu wɔn anim ase yiye. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Montena Yeriko kosi sɛ mo abogyesɛ befuw ansa na moasan aba.”

6Bere a Amonfo huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw no, wɔkɔbɔɔ Aramfo asraafo mpem aduonu paa fii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem fii ne nkyɛn, na Tob nso wonyaa mmarima mpem dumien. 7Dawid tee saa no, ɔkaa Yoab ne akofo asraafo guu mu. 8Amonfo no gyinaa wɔn kurow pon ano. Saa bere no na Aramfo a wofi Soba ne Rehob ne mmarima a wofi Tob ne Maaka no wɔ mfikyiri baabiara retwɛn ɔtamfo no.

9Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ. 10Ogyaw asraafo no nkae hɔ, de wɔn hyɛɛ ne nuabarima Abisai nsa sɛ ɔsafohene a ɔbɛkɔ akotua Amonfo no. 11Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfo no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”

13Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 14Na Amonfo no huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fii Abisai ho kɔhyɛɛ kurow no mu. Ɔko no gui no, Yoab san kɔɔ Yerusalem.

15Afei, Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo. Enti wɔboaa wɔn ho ano bio. 16Aram asraafo foforo bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn fii Asubɔnten Eufrate fa nohɔ bae. Saa asraafo no beduu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a otua Hadadeser asraafo nyinaa ano nso.

17Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so. 18Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19Bere a ahemfo a wɔhyɛ Hadadeser ase no huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfo nkoa.

Ɛno akyi no, Aramfo suroo sɛ wɔbɛboa Amonfo.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 10:1-19

Dawid Di Amonfoɔ So Nkonim

1Akyire no, Amonhene10.1 Amonfoɔ yɛ nnipa a na wɔte anweatam a na ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no so. Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden.

Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no, 3Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?” 4Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ.

5Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri sɛ, wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena Yeriko kɔsi sɛ mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba.”

6Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu. 7Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. 8Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no wɔ mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no.

9Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ. 10Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. 11Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfoɔ no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”

13Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ. 14Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.

15Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no. 16Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso.

17Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so. 18Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa.

Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ.