2 Petro 1 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Petro 1:1-21

1Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn,

Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no:

2Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.

Onyankopɔn Frɛ

3Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nea ofi nʼanuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. 4Ɔnam nʼanuonyam ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yiye. Ɛno nti, mobɛyɛ ne nyameyɛ no adedifo na moafi nea wiase yi porɔwee a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.

5Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; 6na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; 7na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho. 8Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. 9Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade. Ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne ho afi ne bɔne dedaw no mu.

10Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. 11Sɛ mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu.

12Ne saa nti daa mekaakae mo saa asɛm yi a munim na ase atim wɔ nokware a moagye adi no mu no. 13Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho. 14Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama moakae saa nsɛm yi bere biara wɔ me wu akyi.

16Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse. 17Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a nne bi fii Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. 18Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi ɔsoro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.

19Ɛno nti ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkyɛ ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no. 20Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase. 21Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn.

King James Version

2 Peter 1:1-21

1Simon Peter, a servant and an apostle of Jesus Christ, to them that have obtained like precious faith with us through the righteousness of God and our Saviour Jesus Christ: 2Grace and peace be multiplied unto you through the knowledge of God, and of Jesus our Lord, 3According as his divine power hath given unto us all things that pertain unto life and godliness, through the knowledge of him that hath called us to glory and virtue: 4Whereby are given unto us exceeding great and precious promises: that by these ye might be partakers of the divine nature, having escaped the corruption that is in the world through lust. 5And beside this, giving all diligence, add to your faith virtue; and to virtue knowledge; 6And to knowledge temperance; and to temperance patience; and to patience godliness; 7And to godliness brotherly kindness; and to brotherly kindness charity. 8For if these things be in you, and abound, they make you that ye shall neither be barren nor unfruitful in the knowledge of our Lord Jesus Christ. 9But he that lacketh these things is blind, and cannot see afar off, and hath forgotten that he was purged from his old sins. 10Wherefore the rather, brethren, give diligence to make your calling and election sure: for if ye do these things, ye shall never fall: 11For so an entrance shall be ministered unto you abundantly into the everlasting kingdom of our Lord and Saviour Jesus Christ.

12Wherefore I will not be negligent to put you always in remembrance of these things, though ye know them, and be established in the present truth. 13Yea, I think it meet, as long as I am in this tabernacle, to stir you up by putting you in remembrance; 14Knowing that shortly I must put off this my tabernacle, even as our Lord Jesus Christ hath shewed me. 15Moreover I will endeavour that ye may be able after my decease to have these things always in remembrance. 16For we have not followed cunningly devised fables, when we made known unto you the power and coming of our Lord Jesus Christ, but were eyewitnesses of his majesty. 17For he received from God the Father honour and glory, when there came such a voice to him from the excellent glory, This is my beloved Son, in whom I am well pleased. 18And this voice which came from heaven we heard, when we were with him in the holy mount. 19We have also a more sure word of prophecy; whereunto ye do well that ye take heed, as unto a light that shineth in a dark place, until the day dawn, and the day star arise in your hearts: 20Knowing this first, that no prophecy of the scripture is of any private interpretation. 21For the prophecy came not in old time by the will of man: but holy men of God spake as they were moved by the Holy Ghost.