2 Mose 7 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 7:1-25

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mayɛ wo sɛ Onyankopɔn ama Farao na wo nua Aaron nso bɛyɛ wo diyifo. 2Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim. 3Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim 4nanso ɔrentie mo. Na mɛfa atemmu a mu yɛ den so de me nsa ato Misraim so na mayi me nkurɔfo Israelfo no. 5Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfo no a, wobehu sɛ mene Awurade no, na mayi me nkurɔfo no afi mu.”

6Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no. 7Bere a Mose ne Aaron kohyiaa Farao no, na Mose adi mfe aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfe aduɔwɔtwe abiɛsa.

Mose Pema Dan Ɔwɔ

8Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 9“Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwonwade akyerɛ no ama wahu sɛ, nokware, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ obisa saa a, Aaron ntow ne pema no nkyene fam na ɛbɛdan ɔwɔ.”

10Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwonwade no sɛnea Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron tow ne pema no kyenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfo anim ma ɛdan ɔwɔ. 11Farao nso frɛɛ nʼanyansafo ne ne nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwonwade koro no ara bi. 12Wɔn nso pema tumi dan ɔwɔ. Nanso Aaron ɔwɔ no menee wɔn de no. 13Farao kɔɔ so yɛɛ komaden a na ɔmpɛ sɛ otie asɛm a Awurade kae no.

Nsu Dan Mogya

14Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Farao apirim ne koma nti, ɔbɛkɔ so asiw nnipa no kwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. 15Nanso Awurade kae se: San kɔ Farao7.15 Na Farao taa kɔbɔ mpae wɔ Nil (anyame agya) nyame so. Sɛ woka Nil a sɛ enni hɔ a anka Misraim bɛyɛ nweatam no a, na woaka Misraim honhom. nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kogyina asu no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wukura wo pema a ɛdan ɔwɔ no. 16Ka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn asan asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ sare so. Woayɛ asoɔden. 17Afei, Awurade se: Wubehu sɛ mene Awurade no. Efisɛ maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne pema no mmɔ Nil asu no mu na nsu no bɛdan mogya. 18Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.’ ”

19Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne pema no nkyerɛ nsu a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔnten, wɔn nsuwa, wɔn atare ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ ne nsu a ɛwɔ afi mu nyinaa so na ɛbɛdan mogya.”

20Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade ahyɛ wɔn no. Bere a Farao ne ne mpanyimfo gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de pema no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no dan mogya. 21Mpataa a wɔwɔ mu nyinaa wuwu maa nsu no bɔnee, enti na Misraimfo no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa dan mogya.

22Nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayi so maa nsu dan mogya, nti Farao kɔɔ so pirim ne koma a na ontie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. 23Ɔsan kɔɔ nʼahemfi a hwee ampusuw no. 24Misraimfo no tutuu mmura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛnea wobenya nsu anom, efisɛ na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu.

25Asubɔnten a ɛdan mogya no dii nnaawɔtwe.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 7:1-25

亚伦和摩西面见法老

1耶和华对摩西说:“我要使你在法老面前像上帝一样,你哥哥亚伦是你的发言人。 2你要把我吩咐你的话告诉你哥哥亚伦,由他要求法老让以色列人离开埃及3可是,我要使法老的心刚硬,虽然我在埃及行许多神迹奇事, 4他将无动于衷。那时,我必伸手重重地惩罚埃及,然后领我的大队子民离开埃及5埃及人看见我伸手攻击他们、把以色列人带出埃及,就会知道我是耶和华。” 6摩西亚伦便遵命而行。 7去见法老的时候,摩西八十岁,亚伦八十三岁。

8耶和华对摩西亚伦说: 9“倘若法老要你们行神迹给他看,你就吩咐亚伦把手杖丢在法老面前,使杖变作蛇。”

10摩西亚伦照耶和华的吩咐来到法老面前。亚伦把手杖丢在法老和他的臣仆面前,杖就变作蛇。 11法老召他的谋士和巫师前来,这些人是埃及的术士,他们也用邪术如法炮制。 12各人将自己的手杖扔在地上,杖就变作蛇,但亚伦的杖吞噬了他们的杖。 13法老却仍然硬着心,不肯听从摩西亚伦,正如耶和华所言。

水变血之灾

14耶和华对摩西说:“法老非常顽固,不肯释放百姓。 15明天早晨,法老会去尼罗河边,你就在那里等他,要拿着曾变成蛇的手杖。 16你要对他说,‘希伯来人的上帝耶和华差遣我来告诉你,要让祂的子民到旷野去事奉祂,但到如今你还是不肯。 17所以祂说要用手杖击打尼罗河水,使河水变成血,好叫你知道祂是耶和华。 18河里的鱼会死,河水会发臭,埃及人不能再喝尼罗河的水。’”

19耶和华对摩西说:“你告诉亚伦,让他向埃及境内的各江河、溪流、池塘伸杖,使水变成血。埃及境内,包括木桶和石缸里将到处是血。” 20摩西亚伦就按着耶和华所吩咐的去做,亚伦在法老和埃及众臣仆面前举杖击打尼罗河水,河水都变成了血。 21河里的鱼都死了,河水臭得不能饮用。埃及遍地都是血。 22可是,法老的巫师也一样用邪术使水变成血。法老的心仍然刚硬,不肯听从摩西亚伦的话,正如耶和华所言。 23法老若无其事地转身回宫去了。 24因为河水不能饮用,埃及人就在尼罗河两岸掘井取水饮用。

25击打河水后,七天过去了。