2 Mose 4 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 4:1-31

Awurade Tumi Ho Nsɛnkyerɛnne

1Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ”

2Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?”

Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.”

3Awurade ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.”

Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho. 4Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no. 5Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.”

6Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.

7Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.

8Awurade ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi. 9Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”

10Nanso Mose srɛe se, “Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”

11Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? 12Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”

13Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”

14Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye. 15Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. 16Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no. 17Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.”

18Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.”

Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.”

19Ansa na Mose rebefi Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” 20Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae.

21Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ. 22Na ka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan 23na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ”

24Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no. 25Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.” 26Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)

27Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono. 28Na Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron.

29Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa, 30na Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn 31ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.

Nova Versão Internacional

Êxodo 4:1-31

Os Sinais Concedidos a Moisés

1Moisés respondeu: “E se eles não acreditarem em mim nem quiserem me ouvir e disserem: ‘O Senhor não apareceu a você’?”

2Então o Senhor lhe perguntou: “Que é isso em sua mão?”

“Uma vara”, respondeu ele.

3Disse o Senhor: “Jogue-a ao chão”.

Moisés jogou-a, e ela se transformou numa serpente. Moisés fugiu dela, 4mas o Senhor lhe disse: “Estenda a mão e pegue-a pela cauda”. Moisés estendeu a mão, pegou a serpente e esta se transformou numa vara em sua mão. 5E disse o Senhor: “Isso é para que eles acreditem que o Deus dos seus antepassados, o Deus de Abraão, o Deus de Isaque, o Deus de Jacó, apareceu a você”.

6Disse-lhe mais o Senhor: “Coloque a mão no peito”. Moisés obedeceu e, quando a retirou, ela estava leprosa4.6 O termo hebraico não se refere somente à lepra, mas também a diversas doenças da pele.; parecia neve.

7Ordenou-lhe depois: “Agora, coloque de novo a mão no peito”. Moisés tornou a pôr a mão no peito e, quando a tirou, ela estava novamente como o restante da sua pele.

8Prosseguiu o Senhor: “Se eles não acreditarem em você nem derem atenção ao primeiro sinal milagroso, acreditarão no segundo. 9E, se ainda assim não acreditarem nesses dois sinais nem lhe derem ouvidos, tire um pouco de água do Nilo e derrame-a em terra seca. Quando você derramar essa água em terra seca, ela se transformará em sangue”.

10Disse, porém, Moisés ao Senhor: “Ó Senhor! Nunca tive facilidade para falar, nem no passado nem agora que falaste a teu servo. Não consigo falar bem!”

11Disse-lhe o Senhor: “Quem deu boca ao homem? Quem o fez surdo ou mudo? Quem lhe concede vista ou o torna cego? Não sou eu, o Senhor? 12Agora, pois, vá; eu estarei com você, ensinando-lhe o que dizer”.

13Respondeu-lhe, porém, Moisés: “Ah, Senhor! Peço-te que envies outra pessoa”.

14Então o Senhor se irou com Moisés e lhe disse: “Você não tem o seu irmão, Arão, o levita? Eu sei que ele fala bem. Ele já está vindo ao seu encontro e se alegrará ao vê-lo. 15Você falará com ele e dirá o que ele deve dizer; eu estarei com vocês quando falarem e direi a vocês o que fazer. 16Assim como Deus fala ao profeta, você falará a seu irmão, e ele será o seu porta-voz diante do povo. 17E leve na mão esta vara; com ela você fará os sinais milagrosos”.

A Volta de Moisés ao Egito

18Depois Moisés voltou a Jetro, seu sogro, e lhe disse: “Preciso voltar ao Egito para ver se meus parentes ainda vivem”.

Jetro lhe respondeu: “Vá em paz!”

19Ora, o Senhor tinha dito a Moisés, em Midiã: “Volte ao Egito, pois já morreram todos os que procuravam matá-lo”. 20Então Moisés levou sua mulher e seus filhos montados num jumento e partiu de volta ao Egito. Levava na mão a vara de Deus.

21Disse mais o Senhor a Moisés: “Quando você voltar ao Egito, tenha o cuidado de fazer diante do faraó todas as maravilhas que concedi a você o poder de realizar. Mas eu vou endurecer o coração dele, para não deixar o povo ir. 22Depois diga ao faraó que assim diz o Senhor: Israel é o meu primeiro filho, 23e eu já disse a você que deixe o meu filho ir para prestar-me culto. Mas você não quis deixá-lo ir; por isso matarei o seu primeiro filho!”

24Numa hospedaria ao longo do caminho, o Senhor foi ao encontro de Moisés4.24 Ou do filho de Moisés e procurou matá-lo. 25Mas Zípora pegou uma pedra afiada, cortou o prepúcio de seu filho e tocou os pés de Moisés4.25 Hebraico: pés dele. Possível eufemismo para os órgãos genitais.. E disse: “Você é para mim um marido de sangue!” 26Ela disse “marido de sangue”, referindo-se à circuncisão. Nessa ocasião o Senhor o deixou.

27Então o Senhor disse a Arão: “Vá ao deserto encontrar-se com Moisés”. Ele foi, encontrou-se com Moisés no monte de Deus e o saudou com um beijo. 28Moisés contou a Arão tudo o que o Senhor lhe tinha mandado dizer e prosseguiu falando de todos os sinais milagrosos que o Senhor lhe havia ordenado realizar.

29Assim Moisés e Arão foram e reuniram todas as autoridades dos israelitas, 30e Arão lhes contou tudo o que o Senhor dissera a Moisés. Em seguida, Moisés também realizou os sinais diante do povo, 31e eles creram. Quando o povo soube que o Senhor decidira vir em seu auxílio, tendo visto a sua opressão, curvou-se em adoração.