2 Mose 34 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 34:1-35

Onyankopɔn Kyerɛw Apam No Bio

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo. 2Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.”

4Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea Awurade hyɛe no no. 5Awurade sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. 6Awurade faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso; 7me Awurade, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.”

8Mose kotow Awurade som no. 9Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”

10Awurade buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no. 11Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim. 12Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo. 13Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu. 14Na monnsom onyame foforo biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.

15“Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan. 16Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.

17“Monnyɛ ahoni biara.

18“Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim.

19“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi. 20Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa.

“Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi.

21“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome.

22“Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 23Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim. 24Sɛ mokɔ Awurade mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu.

25“Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so.

26“Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi.

“Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.”

27Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.” 28Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so.

29Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn. 30Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. 31Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae. 32Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn.

33Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim, 34na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no 35a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 34:1-35

Onyankopɔn Twerɛ Apam No Bio

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ aboɔ twerɛ apono mmienu te sɛ deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara pɛ ama wo. 2Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.”

4Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no. 5Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. 6Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; 7me Awurade, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”

8Mose kotoo Awurade somm no. 9Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”

10Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no. 11Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim. 12Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi. 13Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu. 14Na monnsom onyame foforɔ biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.

15“Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri sɛ, wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ. 16Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.

17“Monnsom ahoni biara.

18“Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim.

19“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie. 20Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa.

“Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi.

21“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.

22“Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ. 23Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade wo Onyankopɔn anim. 24Sɛ mokɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu.

25“Mommfa burodo a mmɔreka wɔ mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma adeɛ nkye so.

26“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.

“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.”

27Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, ɛfiri sɛ, ɛgyina hɔ ma me ne wo ne Israel apam.” 28Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so.

29Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn. 30Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ sɛ wɔbɛbɛn no. 31Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ. 32Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn.

33Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim, 34na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no 35a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.