2 Mose 32 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 32:1-35

Sika Nantwi Ba

1Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

2Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyiyi mo sika nsonkaa nyinaa mmra.” 3Wɔn nyinaa yiyii wɔn nsonkaa brɛɛ Aaron. 4Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.”

5Aaron huu sɛ nnipa no ani agye sika nantwi ba ohoni no ho no, osii afɔremuka sii nantwi ba no anim kae se, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.” 6Wɔsɔree anɔpahema fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre de maa nantwi ba ohoni no. Ɛno akyi no, wɔtoo pon kɛse, didi nomee, goruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.

7Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ ntɛm na sian kɔ wo nkurɔfo a wode wɔn fi Misraim asase so bae no nkyɛn, efisɛ wɔagu wɔn ho fi, 8na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ”

9Awurade kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa. 10Afei, ma me kwan na memma mʼabufuw nnɛw ntia wɔn mma mensɛe wɔn. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.”

11Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi? 12Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no. 13Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’ ” 14Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

15Afei, Mose sian fii bepɔw no so bae a okura Mmaransɛm Du no a wɔakyerɛw agu abo apon abien akyi ne anim no. 16Onyankopɔn no ankasa na ɔkyerɛw mmaransɛm no wɔ apon no so.

17Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”

18Ɛnna Mose nso buaa no se, “Ɛnyɛ nkonimdi mu nnyigyei na ɛnyɛ nkogu de, na mmom, ɛyɛ nnwonto nnyigyei na mete.”

19Wobeduu atenae hɔ, Mose huu nantwi ba no ne asaw a wɔresaw. Enti ɔde abufuwhyew tow kyerɛwapon no hwehwee fam ma ebubuu wɔ bepɔw no ase. 20Ɔfaa nantwi ba no nan no wɔ ogya mu na edwoe no, ɔyam no muhumuhu de guu nsu mu maa nnipa no nomee.

21Obisaa Aaron se, “Dɛn nko ara na saa nnipa no yɛɛ wo a enti wudii wɔn anim ma wɔyɛɛ saa bɔne kɛse yi?”

22Aaron buaa no se, “Mma wo bo mmfuw. Wo ara wunim sɛnea wo nkurɔfo yi yɛ nnipa bɔne fa. 23Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’ 24Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!”

25Mose huu sɛ Aaron ama nnipa no adan aguamammɔfo ama wɔn atamfo anya wɔn no, 26ogyinaa wɔn atenae hɔ pon no ano teɛɛ mu se, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifo no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.

27Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’ ” 28Enti wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ da no. 29Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifo no se, “Nnɛ, moatu mo ho asi hɔ sɛ mobɛsom Awurade, efisɛ moayɛ osetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti obehyira mo bebree.”

30Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.”

31Enti Mose san kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. 32Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”

33Awurade buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu. 34Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”

35Na esiane sɛ nnipa no som Aaron nantwi ba no nti, ɔtew ɔyare guu wɔn so.

Nova Versão Internacional

Êxodo 32:1-35

O Bezerro de Ouro

1O povo, ao ver que Moisés demorava a descer do monte, juntou-se ao redor de Arão e lhe disse: “Venha, faça para nós deuses32.1 Ou um deus; também nos versículos 23 e 31. que nos conduzam, pois a esse Moisés, o homem que nos tirou do Egito, não sabemos o que lhe aconteceu”.

2Respondeu-lhes Arão: “Tirem os brincos de ouro de suas mulheres, de seus filhos e de suas filhas e tragam-nos a mim”. 3Todos tiraram os seus brincos de ouro e os levaram a Arão. 4Ele os recebeu e os fundiu, transformando tudo num ídolo, que modelou com uma ferramenta própria, dando-lhe a forma de um bezerro. Então disseram: “Eis aí os seus deuses32.4 Ou o seu deus; também no versículo 8., ó Israel, que tiraram vocês do Egito!”

5Vendo isso, Arão edificou um altar diante do bezerro e anunciou: “Amanhã haverá uma festa dedicada ao Senhor”. 6Na manhã seguinte, ofereceram holocaustos e sacrifícios de comunhão32.6 Ou de paz. O povo se assentou para comer e beber, e levantou-se para se entregar à farra.

7Então o Senhor disse a Moisés: “Desça, porque o seu povo, que você tirou do Egito, corrompeu-se. 8Muito depressa se desviaram daquilo que lhes ordenei e fizeram um ídolo em forma de bezerro, curvaram-se diante dele, ofereceram-lhe sacrifícios e disseram: ‘Eis aí, ó Israel, os seus deuses que tiraram vocês do Egito’ ”.

9Disse o Senhor a Moisés: “Tenho visto que este povo é um povo obstinado. 10Deixe-me agora, para que a minha ira se acenda contra eles, e eu os destrua. Depois farei de você uma grande nação”.

11Moisés, porém, suplicou ao Senhor, o seu Deus, clamando: “Ó Senhor, por que se acenderia a tua ira contra o teu povo, que tiraste do Egito com grande poder e forte mão? 12Por que diriam os egípcios: ‘Foi com intenção maligna que ele os libertou, para matá-los nos montes e bani-los da face da terra’? Arrepende-te do fogo da tua ira! Tem piedade, e não tragas este mal sobre o teu povo! 13Lembra-te dos teus servos Abraão, Isaque e Israel, aos quais juraste por ti mesmo: ‘Farei que os seus descendentes sejam numerosos como as estrelas do céu e lhes darei toda esta terra que lhes prometi, que será a sua herança para sempre’ ”. 14E sucedeu que o Senhor arrependeu-se do mal que ameaçara trazer sobre o povo.

15Então Moisés desceu do monte, levando nas mãos as duas tábuas da aliança; estavam escritas em ambos os lados, frente e verso. 16As tábuas tinham sido feitas por Deus; o que nelas estava gravado fora escrito por Deus.

17Quando Josué ouviu o barulho do povo gritando, disse a Moisés: “Há barulho de guerra no acampamento”.

18Respondeu Moisés:

“Não é canto de vitória,

nem canto de derrota;

mas ouço o som de canções!”

19Quando Moisés aproximou-se do acampamento e viu o bezerro e as danças, irou-se e jogou as tábuas no chão, ao pé do monte, quebrando-as. 20Pegou o bezerro que eles tinham feito e o destruiu no fogo; depois de moê-lo até virar pó, espalhou-o na água e fez com que os israelitas a bebessem.

21E perguntou a Arão: “Que fez esse povo a você para que o levasse a tão grande pecado?”

22Respondeu Arão: “Não te enfureças, meu senhor; tu bem sabes como esse povo é propenso para o mal. 23Eles me disseram: ‘Faça para nós deuses que nos conduzam, pois não sabemos o que aconteceu com esse Moisés, o homem que nos tirou do Egito’. 24Então eu lhes disse: ‘Quem tiver enfeites de ouro, traga-os para mim’. O povo trouxe-me o ouro, eu o joguei no fogo e surgiu esse bezerro!”

25Moisés viu que o povo estava desenfreado e que Arão o tinha deixado fora de controle, tendo se tornado objeto de riso para os seus inimigos. 26Então ficou em pé, à entrada do acampamento, e disse: “Quem é pelo Senhor, junte-se a mim”. Todos os levitas se juntaram a ele.

27Declarou-lhes também: “Assim diz o Senhor, o Deus de Israel: ‘Pegue cada um sua espada, percorra o acampamento, de tenda em tenda, e mate o seu irmão, o seu amigo e o seu vizinho’ ”. 28Fizeram os levitas conforme Moisés ordenou, e naquele dia morreram cerca de três mil dentre o povo. 29Disse então Moisés: “Hoje vocês se consagraram ao Senhor, pois nenhum de vocês poupou o seu filho e o seu irmão, de modo que o Senhor os abençoou neste dia”.

30No dia seguinte Moisés disse ao povo: “Vocês cometeram um grande pecado. Mas agora subirei ao Senhor e talvez possa oferecer propiciação pelo pecado de vocês”.

31Assim, Moisés voltou ao Senhor e disse: “Ah, que grande pecado cometeu este povo! Fizeram para si deuses de ouro. 32Mas agora, eu te rogo, perdoa-lhes o pecado; se não, risca-me do teu livro que escreveste”.

33Respondeu o Senhor a Moisés: “Riscarei do meu livro todo aquele que pecar contra mim. 34Agora vá, guie o povo ao lugar de que lhe falei, e meu anjo irá à sua frente. Todavia, quando chegar a hora de puni-los, eu os punirei pelos pecados deles”.

35E o Senhor feriu o povo com uma praga porque quiseram que Arão fizesse o bezerro.