2 Mose 31 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 31:1-18

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no 3de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma 4sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, 5sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. 6Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo.

“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:

7“Ahyiae Ntamadan,

Apam Adaka ne mpata agua ne

Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;

8ɔpon no ne so nneɛma,

sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma,

ohuam afɔremuka;

9ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma,

nsankason ne ne nnyinaso;

10ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no

ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;

11ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no.

“Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”

12Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 13“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 

14“ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. 15Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. 16Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ. 17Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ”

18Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 31:1-18

会幕的工匠

1耶和华对摩西说: 2“看啊,在犹大支派中我已经亲自选出户珥的孙子、乌利的儿子比撒列3用我的灵充满他,使他有聪明智慧,精于各种技能和手艺, 4懂得用金、银和铜制造各式各样精巧的器具, 5又能雕刻和镶嵌宝石,精通木工和各种手艺。 6我委派支派亚希撒抹的儿子亚何利亚伯做他的助手。至于其他能工巧匠,我已赐给他们智慧,好照我对你的吩咐制造一切器具, 7即会幕、约柜和约柜上面的施恩座、会幕里面所有的器具、 8桌子和桌上的器具、纯金的灯台和灯台的一切器具、香坛、 9燔祭坛和坛上的一切器具、洗濯盆和盆座, 10还有精工制做的礼服,即亚伦祭司的圣衣及其众子供祭司之职时穿的礼服, 11以及膏油和圣所使用的芬芳的香。他们要照我对你的吩咐去做。”

安息日

12耶和华对摩西说: 13“你要吩咐以色列百姓务必守我的安息日,因为这是我与你们之间世世代代的记号,叫你们知道使你们圣洁的是我耶和华。 14你们要守安息日,以它为圣日。凡不守这诫命的,必被处死。凡在这天工作的,必从民中被铲除。 15一周要工作六天,第七天是庄严的安息日,是耶和华的圣日。凡在安息日做工的,必被处死。 16因此,以色列人世世代代都要守安息日,作为永久的约, 17这是我和以色列人之间永久的记号。耶和华用六天的时间创造天地万物,在第七天停工休息。” 18耶和华在西奈山对摩西说完这些话以后,就把自己用指头刻上诫命的两块石版交给摩西