2 Mose 26 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 26:1-37

Ahyiae Ntamadan Ho Nhyehyɛe

1“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no. 2Ɛsɛ sɛ nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. 3Mompam saa ntama no anum mmɔ mu mma ɛnyɛ baako. Anum a aka no nso, monyɛ no saa ara. 4Momfa ntama bibiri bamma aduonum nwurawura ntama no afa abien a ɛsensɛn hɔ no mu. 5Ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔtɔkoro aduonum ma edi nhwɛanim wɔ ɔfa biara. 6Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkoro aduonum na fa kyekyere nkɔtɔkoro no bɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Ahyiae Ntamadan hɔ no bɛyɛ ɔdan baako.

7“Monwen mmirekyi nwi mfa nkuru Ahyiae Ntamadan no so. Ɛsɛ sɛ nkuruso no dodow yɛ dubaako. 8Nkurusotam dubaako no nyinaa tenten ne ne trɛw nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw nyɛ anammɔn asia. 9Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano. 10Yɛ nkɔtɔkoro aduonum aduonum a wɔabobɔ hyehyɛ ntama asinasin akuw abien no biara ano. 11Na yɛ nsusomu aduonum na fa saa nsusomu no hyehyɛ nkɔtɔkoro no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. 12Ɔdan no nkurusotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiae Ntamadan no akyi, 13na anammɔn baako ne fa nso asensɛn anim. 14Momfa nneɛma ahorow abien mmɔ ɔdan no so. Nea edi kan no nyɛ odwennini were a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien nyɛ abirekyi were a ɛsɔ.

15“Fa ɔkanto yɛ ntaaboo na fa twa Ahyiae Ntamadan no ho. 16Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra. 17Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. 18Mobɛyɛ Ahyiae Ntamadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafo. 19Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase. 20Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. 21Ɛno nso wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. 22Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso wɔde ntaaboo asia na ebetwa ho 23a ntaaboo abien sisi twea biara. 24Wɔde nkɔtɔkoro besuso ntaaboo abien no soro ne ne fam. 25Wɔka ne nyinaa bɔ mu a, ntaaboo awotwe na wɔde bɛyɛ ɔdan no fa hɔ a wɔde besisi dwetɛ nsisiso dunsia so. Mpuran biara bɛfa nsisiso abien.

26“Fa ɔkanto sen mmeamu nnua bi na fa bea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum nkɔ ntaaboo no fa baako 27na anum a aka no nso nkɔ ɔfa baako. Fa mmeamu nnua no anum bobɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi, a ani kyerɛ atɔe fam no. 28Ma mmeamu dua a ɛbea mfimfini no nkɔ ntaaboo no soro kakra mma emfi ti nkɔka ti. 29Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkaa suso mmeamu dua no mu na ennyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.

30“Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiae Ntamadan no.

31“Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no. 32Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 33Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. 34Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. 35Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi.

36“Fa ntama foforo a ɛyɛ ɔtam bibiri ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. 37Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 26:1-37

圣幕的做法

1“要用十幅幔子造圣幕,这些幔子要用细麻线和蓝、紫、朱红三种颜色的毛线织成,还要用精致的手工绣上基路伯天使。 2每幅幔子的尺寸都一样,长十二米、宽两米。 3每五幅连在一起,形成两幅大幔子。 4要在每幅大幔子边缘钉上蓝色的扣环, 5每幅大幔子钉五十个,扣环要两两相对, 6再做五十个金钩,把两幅大幔子连在一起,成为圣幕。

7“要用山羊毛织十一幅幔子作圣幕的罩棚, 8每幅长十三米、宽两米。十一幅幔子的尺寸都要一样。 9然后,你们要把五幅连成一大幅,其余六幅连成一大幅,第六幅要在圣幕前叠起来。 10要在这两幅幔子的边缘各钉上五十个扣环, 11再做五十个铜钩,把这两幅大幔子扣在一起,成为一个完整的罩棚。 12铺罩棚所剩下来的半幅幔子要垂到圣幕后面。 13两旁余下的幔子可垂在圣幕的两边,每边长五十厘米,盖着圣幕。 14罩棚上面要盖一层染成红色的公羊皮,再盖一层海狗皮做顶盖。

15“要用皂荚木做支撑圣幕的木板, 16每块木板长四米,宽六十六厘米。 17每块木板要有两个接榫,好连接在一起。圣幕的所有木板都要这样。 18圣幕的南面要有二十块木板, 19在这些木板下面要造四十个带凹槽的银底座,每块木板下面两个,用来套在木板的两个接榫上。 20圣幕北面也要有二十块木板, 21这些木板下面也要装上四十个带凹槽的银底座,每块木板下面有两个银底座。 22圣幕后面,就是西面,要有六块木板。 23圣幕后面的两个拐角要各有两块木板, 24木板的下端连于底座26:24 连于底座”或译“是双层的”。,顶端用一个环固定。两个拐角都要这样做。 25这样,两端便共有八块木板,每块木板下面各有两个带凹槽的银底座,一共有十六个银底座。

26-27“要用皂荚木做横闩,圣幕左右两边及后面的墙板上要各有五根横闩, 28拦腰固定墙板的那根横闩要从这端贯穿到那端。 29所有的木板和横闩都要包上金,并要在木板上造金环,用来穿横闩。 30要照着我在山上所指示你的样式,把圣幕支搭起来。

造至圣所的条例

31“要用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线织成一幅幔子,上面用精致的手工绣上基路伯天使。 32要把这幅幔子挂在四根包金的皂荚木柱上,木柱上面有金钩,木柱立在四个带凹槽的银底座上面。 33要把整幅幔子挂在木柱的金钩上,把约柜抬进幔子里。这幔子把圣幕分为两个部分,幔子里面是至圣所,外面是圣所。 34要把施恩座放在至圣所里面的约柜上。 35桌子要放在幔子的外面、圣所的北面,灯台放在南面,跟桌子相对。 36要用细麻线和蓝色、紫色、朱红色的线绣制圣幕的门帘。 37要用皂荚木做五根挂门帘的柱子,柱子包上金,上面要有金钩,并要为柱子造五个带凹槽的铜底座。