2 Mose 25 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 25:1-40

Hyiadan Afɔrebɔ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me.

3“Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,

4ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi,

abirekyi ho nwi,

5odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma,

ɔkanto dua,

6kanea ngo,

ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee,

7abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade25.7 asɔfotade yuu no, ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔhyɛ (28.6-14). ne nkatabo mu.

8“Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu. 9Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.

Apam Adaka No Yɛbea

10“Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa. 11Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa. 12Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa. 13Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho. 14Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no. 15Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu.

17“Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi. 18Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo. 19Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua. 20Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so. 21Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. 22Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo.

Ɔpon No Yɛbea

23“Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. 24Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia. 25Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho. 26Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi 27twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu. 28Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. 29Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa. 30Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim.

Kaneadua Yɛbea

31“Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako. 32Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. 33Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho. 34Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no. 35Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. 36Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ.

37“Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim. 38Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ. 39Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. 40Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 25:1-40

Hyiadan Afɔrebɔ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔmmɔ afɔdeɛ mma me.

3“Saa nneɛma a ɛdidi so yi mu na wɔmfiri mmɔ me afɔdeɛ no:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,

4ntoma tuntum, koogyan bibire tam; koogyan tam, serekye,

abirekyie ho nwi,

5odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyie nwoma a wɔahyɛ,

okuo dua,

6kanea ngo,

ɔsra ngo, nnuhwam a wɔhyeɛ,

7apopobibirieboɔ, aboɔdemmoɔ a wɔde bɛtuatua asɔfotadeɛ25.7 asɔfotadeɛ yuu no, ɔsɔfopanin no nko ara na ɔhyɛ (28.6-14). ne adaaboɔ no mu.

8“Mepɛ sɛ Israelfoɔ si asɔredan kronkron ma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi atena wɔn mu. 9Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi.

Apam Adaka No Yɛbea

10“Momfa okuo dua nyɛ Apam Adaka a ne ntentenemu yɛ basafa baako ne fa, ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra na ne korɔn nso nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. 11Na momfa sikakɔkɔɔ mapa nnura ɛho ne emu nyinaa. 12Momfa sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan nhyehyɛ adaka no nan ɛnan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkawa no mmienu nkɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso nkɔ ɛfa. 13Fa okuo sene mpoma, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho, 14na fa hyehyɛ nkawa no mu na wɔde apam adaka no asoa. 15Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16Mowie adaka no a, momfa ɛboɔ a matwerɛ Mmaransɛm Edu no agu so no nto mu.

17“Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛha ne beaeɛ a mobɛnya mo bɔne so ahummɔborɔ. 18Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ Kerubim mmienu. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkatasoɔ atifi na momfa ɔbaako nsi anafoɔ. 19Fa Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ na ɛne adaka no nkatasoɔ no nyɛ mua. 20Kerubim a wɔyɛ abɔfoɔ no bɛdi nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpatadwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so. 21Momfa ɛboɔ twerɛpono a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. 22Na mɛhyia mo wɔ hɔ na makasa afiri mpata beaeɛ wɔ soro hɔ afa abɔfoɔ no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfoɔ no adi akyerɛ mo.

Ɛpono No Yɛbea

23“Momfa okuo dua nyɛ ɛpono a ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. 24Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankra ntwa ho nhyia. 25Yɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankra fa ho. 26Yɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na fa nkawa ɛnan no tuatua ne nan ɛnan no biara akyi 27twɛtwɛwaso wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkawa no mu na wɔde apagya ɛpono no asoa. 28Fa okuo yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. 29Momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ nwowaa, ntere, nhina ne nsatoa. 30Ɛda biara, fa burodo to ɛpono no so wɔ mʼanim.

Kaneadua Yɛbea

31“Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako. 32Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no bɛnya nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. 33Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho. 34Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwini mfa nsiesie no. 35Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. 36Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ adeɛ fua a wɔde sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro ayɛ.

37“Monyɛ nkanea dua ntuatuaho nson wɔ kaneadua no ho wɔ ɛkwan bi so a ne hyerɛn no bɛto ne hann agu nʼanim. 38Kanea ntomaban akapɛ no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ. 39Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan na ɛho bɛhia sɛ mode yɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. 40Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ merekyerɛ mo wɔ bepɔ so ha yi no.