2 Mose 24 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 24:1-18

Israelfo Gye Apam No To Mu

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. 2Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.”

3Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.” 4Mose kyerɛw Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.

Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien. 5Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma Awurade. 6Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so. 7Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.”

8Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”

9Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so 10na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu. 11Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.

12Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.”

13Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. 14Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.”

15Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16Na Awurade anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu. 17Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw. 18Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.

New International Version – UK

Exodus 24:1-18

The covenant confirmed

1Then the Lord said to Moses, ‘Come up to the Lord, you and Aaron, Nadab and Abihu, and seventy of the elders of Israel. You are to worship at a distance, 2but Moses alone is to approach the Lord; the others must not come near. And the people may not come up with him.’

3When Moses went and told the people all the Lord’s words and laws, they responded with one voice, ‘Everything the Lord has said we will do.’ 4Moses then wrote down everything the Lord had said.

He got up early the next morning and built an altar at the foot of the mountain and set up twelve stone pillars representing the twelve tribes of Israel. 5Then he sent young Israelite men, and they offered burnt offerings and sacrificed young bulls as fellowship offerings to the Lord. 6Moses took half of the blood and put it in bowls, and the other half he splashed against the altar. 7Then he took the Book of the Covenant and read it to the people. They responded, ‘We will do everything the Lord has said; we will obey.’

8Moses then took the blood, sprinkled it on the people and said, ‘This is the blood of the covenant that the Lord has made with you in accordance with all these words.’

9Moses and Aaron, Nadab and Abihu, and the seventy elders of Israel went up 10and saw the God of Israel. Under his feet was something like a pavement made of lapis lazuli, as bright blue as the sky. 11But God did not raise his hand against these leaders of the Israelites; they saw God, and they ate and drank.

12The Lord said to Moses, ‘Come up to me on the mountain and stay here, and I will give you the tablets of stone with the law and commandments I have written for their instruction.’

13Then Moses set out with Joshua his assistant, and Moses went up on the mountain of God. 14He said to the elders, ‘Wait here for us until we come back to you. Aaron and Hur are with you, and anyone involved in a dispute can go to them.’

15When Moses went up on the mountain, the cloud covered it, 16and the glory of the Lord settled on Mount Sinai. For six days the cloud covered the mountain, and on the seventh day the Lord called to Moses from within the cloud. 17To the Israelites the glory of the Lord looked like a consuming fire on top of the mountain. 18Then Moses entered the cloud as he went on up the mountain. And he stayed on the mountain forty days and forty nights.