2 Mose 23 – AKCB & CARS

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 23:1-33

Atɛntrenee Ho Mmara

1“Monkeka nkontomposɛm. Mo ne ɔbɔnefo nni nsawɔso, na moanni adansekurum.

2“Mommfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ moredi adanse a, monnhwɛ nnipa bi dodow so nni mmoa wɔn, 3na munni adanse mmoa ohiani wɔ asennibea.

4“Sɛ muhu mo tamfo nantwi anaa nʼafurum a wayera a, monkyere no nkɔma ne wura no. 5Sɛ mokɔto sɛ mo tamfo bi repagyaw nʼafurum agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, monntwa ne ho nkɔ, mmom mommoa no.

6“Mommfa atɛntrenee nkame ahiafo wɔ asennibea. 7Mommfa asɛm a munhui nto obi a odi bem anaa ɔnokwafo so mma wonkum no, efisɛ merennyaa ɔfɔdifo.

8“Munnye adanmude na adanmudegye fura onipa ani. Adanmudegye ma nea nʼasɛm yɛ dɛ no asɛm sɛe.

9“Monnhyɛ ɔnanani so; mo ankasa munim sɛnea ɔnananiyɛ te, efisɛ na moyɛ ananafo wɔ Misraim.

Homeda Ho Mmara

10“Munnua na muntwa no nnɔbae ntoatoa so saa ara nkosi mfe asia, 11nanso afe a ɛto so ason so de, momma asase no nna hɔ kwa mma ahiafo ntwa nnɔbae biara a ebenyin wɔ so no; nkae no, munnyaw mma mmoa nwe. Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne wo ngonnua turo nso.

12“Nnansia na momfa nyɛ adwuma na monhome ne nnanson so. Eyi bɛma mo anantwi, mo mfurum, mo fifo, mo asomfo ne mo ahɔho nso ahome.

13“Munni asɛm biara a maka no so. Monnkankye mmɔ onyame foforo biara din; momma wɔnnte bi mmfi mo ano.”

Afe Mu Afahyɛ Abiɛsa No Ho Mmara

14“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me anuonyam.

15“Nea edi kan no, munni Apiti Afahyɛ no. Sɛ edu so a, munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson, sɛnea mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔsram Abib23.15 Yudafo ɔsram a ɛne asranna ɔsram Ɔbɛnem hyia. mu, ɔsram a mode tu fii Misraim no mu.

“Edu saa bere no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔde.

16“Ɛno akyi no, Otwabere Afahyɛ23.16 Otwa Nnapa no ara na wɔfrɛ no Nnaawɔtwe Afahyɛ, efisɛ wɔhyɛ saa fa no Twam akyi ɔsram no nnaawɔtwe abiɛsa. Ɛne otwa no awiei hyia. na edi so. Saa afahyɛ yi du so a, momfa mo aduankan mmrɛ me.

“Nea etwa to yɛ nnɔbae anoboa afahyɛ23.16 Anoboa Afahyɛ no na ɛkyerɛ sɛ otwa no aba nʼawie. a ɛsɛ sɛ wodi no otwa bere no akyi.

17“Afahyɛ ahorow abiɛsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Nyankopɔn anim.

18“Mommfa biribiara a mmɔkaw wɔ mu mmɔ mogya afɔre mma me.

“Saa ara na ɛnsɛ sɛ mʼafahyɛ afɔrebɔde mu srade no tena hɔ ma ade kye so.

19“Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi.

“Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.

Onyankopɔn Bammɔ Ho Bɔhyɛ

20“Meresoma ɔbɔfo na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. 21Momfa nidi mma no na munni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, efisɛ ɔremfa mo amumɔyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ me nsiananmu, na me din na ɛda ne so. 22Na sɛ motɔ mo bo ase, na mutie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfo atia mo atamfo. 23Me bɔfo bedi mo anim de mo aba Amorifo, Hetifo, Perisifo, Kanaanfo, Hewifo ne Yebusifo asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. 24Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔre mma wɔn da biara da. Munnni saa abosonsomfo yi akyi. Munni wɔn so na mummubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasede no ngu. 25Mo Awurade, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so. 26Ɔpɔn anaa abonin remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.

27Awurade ho hu bɛka aman a mubedi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔaguan wɔ mo anim. 28Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifo, Kanaanfo ne Hetifo afi mo anim. 29Merenyɛ eyinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annan sare amma nkekaboa ammu amfa mo so. 30Mɛpam wɔn nkakrankakra kosi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.

31“Mɛto mo ahye afi Po Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo mpoano, na mede afi sare a ɛwɔ anafo fam no so akosi Asu Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afi mo anim. 32Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. 33Mommma wɔmmɛtena mo mu, anyɛ saa a wɔbɛma mo ayɛ bɔne atia me; esiane sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn abosonsom no som bɛyɛ afiri a ebeyi mo.”

Священное Писание

Исход 23:1-33

Законы о справедливости и милосердии

1– Не разносите лживых слухов. Не помогайте виновному лжесвидетельством.

2Не следуйте за большинством, творя зло или извращая на суде правду, 3и не потворствуйте бедному в его тяжбе.

4Если увидите, что вол или осёл вашего врага заблудились, то непременно верните их ему. 5Если увидите, что осёл того, кто ненавидит вас, упал под ношей, не оставляйте его так – непременно помогите ему.

6Не лишайте бедняков правосудия. 7Не обвиняйте ложно; не казните невиновного и честного: Я не прощу такого злодеяния.

8Не берите взяток: они ослепляют зрячих и губят невиновных.

9Не угнетайте поселенцев. Вы знаете, каково им, потому что сами были поселенцами в Египте.

Субботний год и субботний день

10– Шесть лет засевайте поля и собирайте урожай, 11а на седьмой год пусть земля отдыхает под паром. Тогда бедняки из народа смогут кормиться от неё, а звери – доедать после них остатки. Так же поступайте с виноградниками и масличными рощами.

12Шесть дней трудитесь, но в седьмой день не работайте, чтобы ваши вол и осёл отдохнули, а раб, рождённый у вас в доме, и поселенец набрались сил.

13Будьте внимательны ко всему, что Я вам сказал. Не призывайте других богов. Пусть ваши уста даже не произносят их имён.

Три ежегодных праздника

14– Три раза в год устраивайте Мне праздник.

15Справляйте праздник Пресных хлебов. Семь дней ешьте хлеб, приготовленный без закваски, как Я повелел вам. Делайте так в установленное время месяца авива (ранней весной), потому что в это время вы вышли из Египта.

Пусть никто не приходит поклоняться Мне с пустыми руками.

16Справляйте праздник Жатвы, когда собираете первые плоды посеянного вами в поле.

Справляйте и праздник Сбора плодов23:16 Позже этот праздник стали называть праздником Шалашей (см. Лев. 23:39-43). в конце года (осенью), когда убираете с поля весь урожай.

17Три раза в год все мужчины должны приходить поклоняться Владыке Вечному.

18Не приносите Мне жертвенной крови вместе с чем-либо, приготовленным на закваске.

Жир от праздничных приношений нельзя хранить до утра.

19Лучшее из первых плодов земли приносите в дом Вечного, вашего Бога.

Не варите козлёнка в молоке его матери.

Ангел, посланный приготовить путь

20– Я посылаю перед вами Ангела, чтобы защищать вас в пути и привести на место, которое Я для вас приготовил. 21Будьте внимательны к Нему и слушайтесь Его. Не восставайте против Него; Он не простит вам отступничества, потому что в Нём Моё имя. 22Если вы будете слушаться Его, если будете исполнять всё, что Я говорю, Я буду врагом вашим врагам и противником вашим противникам. 23Мой Ангел пойдёт перед вами и приведёт вас в землю аморреев, хеттов, перизеев, хананеев, хивеев и иевусеев, и Я погублю их. 24Не поклоняйтесь их богам, не служите им и не подражайте их обычаям. Сокрушите их и разбейте на куски их священные камни. 25Служите Вечному, вашему Богу, и Его благословение будет на вашей пище и воде. Я избавлю вас от болезней, 26и в вашей земле не будет выкидышей и бесплодия. Я сделаю полным число дней вашей жизни.

27Я повергну в смятение любой народ, против которого вы пойдёте, и наведу на него страх. Я обращу в бегство ваших врагов. 28Я пошлю перед вами шершней23:28 Или: «страх». на хивеев, хананеев и хеттов, чтобы прогнать их с вашей дороги. 29Но Я не прогоню их в один год – ведь тогда земля опустеет, а диких зверей станет слишком много. 30Я буду прогонять их от вас постепенно, пока вас не станет достаточно, чтобы завладеть этой землёй.

31Я проведу ваши границы от Тростникового моря до Средиземного и от Сирийской пустыни до Евфрата23:31 Букв.: «от Тростникового моря до Филистимского моря и от пустыни до реки».. Я отдам вам во власть жителей этой земли, и вы прогоните их от себя. 32Не вступайте в союз ни с ними, ни с их богами. 33Не давайте им жить на вашей земле, иначе они введут вас в грех против Меня – служение их богам непременно станет для вас западнёй.