2 Mose 2 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 2:1-25

Mose Awo

1Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu. 2Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa. 3Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. 4Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

5Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. 6Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”

7Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?”

8Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. 9Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no. 10Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.”

Mose Guan Kɔ Midian

11Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. 12Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ. 13Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”

14Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.

15Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian2.15 Na Midian yɛ Abraham mmabarima no mu baako (1 Mose 25.2). Na Midianfo no te Sinai atifi fam. asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, 16Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan. 17Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee.

18Wɔsan koduu wɔn agya Reuel2.18 Reuel yɛ Yetro din foforo. nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?”

19Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.”

20Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”

21Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware. 22Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”

23Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. 24Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no. 25Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.

New Russian Translation

Исход 2:1-25

Рождение Моисея

1Один человек из рода Левия взял себе жену из того же рода2:1 Жену из того же рода – букв.: «дочь Левия».. 2Она забеременела и родила сына. Увидев, что ребенок очень хорош, она прятала его три месяца, 3а когда не смогла больше прятать, взяла тростниковую корзину и покрыла ее смолой и дегтем. Она положила в нее младенца и поставила ее среди тростника на берегу Нила. 4Сестра младенца встала поодаль, чтобы увидеть, что с ним случится. 5Дочь фараона спустилась к Нилу купаться, а ее служанки ходили по берегу. Она увидела корзину среди тростника и послала за ней рабыню. 6Открыв корзину, дочь фараона увидела младенца. Он плакал, и она пожалела его.

– Это – один из еврейских детей, – сказала она.

7Тогда сестра младенца спросила у дочери фараона:

– Пойти ли мне и привести кормилицу из евреек, чтобы она вскормила для тебя младенца?

8– Да, пойди, – ответила та.

Девочка пошла и привела мать младенца. 9Дочь фараона сказала ей:

– Возьми этого младенца и вскорми его для меня, а я тебе заплачу за это.

Женщина взяла младенца и вскормила его. 10Когда ребенок подрос, она отвела его к дочери фараона, и та усыновила мальчика. Она назвала его Моисеем2:10 Евр.: «Моше». Это имя напоминает еврейское слово «вытащить»., говоря: «Я вытащила его из воды».

Бегство Моисея в Мадиан

11Однажды, когда Моисей уже вырос, он пошел к своим соплеменникам и увидел, какую тяжелую работу они делают. Он увидел, как египтянин бьет еврея – его соплеменника. 12Оглянувшись вокруг и увидев, что никого нет, Моисей убил египтянина и спрятал его тело в песке.

13На следующий день он вышел и увидел двух дерущихся евреев. Он спросил обидчика:

– Зачем ты бьешь своего соплеменника?

14Тот ответил:

– Кто поставил тебя начальником и судьей над нами? Не думаешь ли ты убить и меня, как убил египтянина?

Моисей испугался и подумал: «Должно быть, то, что я сделал, стало известно».

15Услышав об этом, фараон хотел казнить Моисея, но Моисей убежал от него и поселился в стране мадианитян. Однажды, когда он сидел у колодца, 16семь дочерей мадианского жреца пришли начерпать воды, чтобы наполнить поилки и напоить отару отца. 17Но пришли пастухи и отогнали их, тогда Моисей встал, защитил дочерей жреца и напоил их овец.

18Когда девушки вернулись к своему отцу Рагуилу, тот спросил:

– Почему вы сегодня так рано вернулись?

19Они ответили:

– Какой-то египтянин защитил нас от пастухов. Он даже начерпал нам воды и напоил отару овец.

20– Где же он? – спросил отец у дочерей. – Почему вы оставили его? Пригласите его поесть с нами.

21Моисей согласился остаться у этого человека, и тот отдал свою дочь Циппору Моисею в жены. 22Она родила сына, и Моисей назвал его Гершом2:22 Это имя напоминает еврейские слова «поселенец там»., говоря: «Я стал поселенцем в чужой земле».

23Спустя долгое время, царь Египта умер. Израильтяне стонали в рабстве и взывали о помощи. Вопль об их рабской доле дошел до Бога, 24и Бог, услышав их стоны, вспомнил Свой завет с Авраамом, Исааком и Иаковом. 25Бог посмотрел на израильтян и обратил внимание на их участь.