2 Mose 19 – AKCB & NVI

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 19:1-25

Israelfo Du Sinai Bepɔw Ho

1Anadwo a Israelfo no tu fii Misraim no, nʼasram abiɛsa so na wɔde koduu Sinai sare so. 2Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase.

3Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na Awurade frɛɛ no fii bepɔw no so kae se, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefo Israelman se, 4‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no. 5Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. 6Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.”

7Mose sian fii bepɔw no so bae no, ɔfrɛɛ mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnka no kyerɛɛ wɔn. 8Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

9Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛnea ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.”

10Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, 11na siesie wo ho ma ɔkyena akyi efisɛ saa da no mesian aba Sinai Bepɔw no so a ɔmanfo nyinaa ani tua me. 12Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. 13Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.”

14Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtew wɔn ho ma wɔhoroo wɔn nneɛma nyinaa. 15Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbea ho.”

16Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe. 17Mose dii nnipa no anim fi wɔn atenae hɔ sɛ wɔrekohyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no ase. 18Wusiw kumɔnn kataa Sinai Bepɔw no so, efisɛ Awurade sian baa so sɛ ogya. Wusiw buaa wim nyinaa te sɛ nea efi fononoo mu, na asasewosow wosoo bepɔw no denneennen. 19Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae.

20Enti Awurade baa Sinai Bepɔw no atifi, na ɔfrɛɛ Mose ma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn 21na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu. 22Asɔfo a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”

23Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’ ”

24Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfo no ne nnipa no ntra ahye no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”

25Enti Mose sian kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn.

Nueva Versión Internacional

Éxodo 19:1-25

Los israelitas en el Sinaí

1Los israelitas llegaron al desierto de Sinaí el primer día del tercer mes de haber salido de Egipto. 2Después de partir de Refidín, se internaron en el desierto de Sinaí y allí en el desierto acamparon, frente al monte, 3al cual subió Moisés para encontrarse con Dios. Y desde allí lo llamó el Señor y le dijo: «Anúnciale esto al pueblo de Jacob; declárale esto al pueblo de Israel: 4“Ustedes son testigos de lo que hice con Egipto y de que los he traído hacia mí como sobre alas de águilas. 5Si ahora ustedes me son del todo obedientes y cumplen mi pacto, serán mi propiedad exclusiva entre todas las naciones. Aunque toda la tierra me pertenece, 6ustedes serán para mí un reino de sacerdotes y una nación santa”.

»Comunícales todo esto al pueblo de Israel».

7Moisés volvió y convocó a los jefes del pueblo para exponerles todas estas palabras que el Señor había ordenado comunicarles, 8y todo el pueblo respondió a una sola voz: «Cumpliremos con todo lo que el Señor nos ha ordenado».

Así que Moisés llevó al Señor la respuesta del pueblo 9y el Señor dijo:

—Voy a presentarme ante ti en medio de una densa nube, para que el pueblo me oiga hablar contigo y también tenga siempre confianza en ti.

Moisés refirió al Señor lo que el pueblo le había dicho 10y el Señor dijo:

—Ve y consagra al pueblo hoy y mañana. Diles que laven sus ropas 11y que se preparen para el tercer día, porque en ese mismo día yo, el Señor, descenderé sobre el monte Sinaí, a la vista de todo el pueblo. 12Pon límites alrededor del monte para que el pueblo no pase. Diles que no suban al monte, y que ni siquiera pongan un pie en él, pues cualquiera que lo toque será condenado a muerte. 13Sea hombre o animal, no quedará con vida. Quien se atreva a tocarlo, morirá a pedradas o a flechazos. Solo podrán subir al monte cuando se oiga el toque largo de la trompeta de cuerno de carnero.

14En cuanto Moisés bajó del monte, consagró al pueblo; ellos, por su parte, lavaron sus ropas. 15Luego Moisés les dijo: «Prepárense para el tercer día y absténganse de relaciones sexuales».

16En la madrugada del tercer día hubo truenos y relámpagos, y una densa nube se posó sobre el monte. Un toque muy fuerte de trompeta puso a temblar a todos los que estaban en el campamento. 17Entonces Moisés sacó del campamento al pueblo para que fuera a su encuentro con Dios, y ellos se detuvieron al pie del monte Sinaí. 18El monte estaba cubierto de humo, porque el Señor había descendido sobre él en medio de fuego. Era tanto el humo que salía del monte, que parecía un horno; todo el monte se sacudía violentamente, 19y el sonido de la trompeta era cada vez más fuerte. Entonces habló Moisés y Dios le respondió en el trueno.

20El Señor descendió a la cumbre del monte Sinaí y desde allí llamó a Moisés para que subiera. Cuando Moisés llegó a la cumbre, 21el Señor dijo:

—Baja y advierte al pueblo que no intenten romper el cerco para verme, no sea que muchos de ellos pierdan la vida. 22Hasta los sacerdotes que se acercan a mí deben consagrarse; de lo contrario, yo arremeteré contra ellos.

23Moisés dijo al Señor:

—El pueblo no puede subir al monte Sinaí, pues tú mismo nos has advertido: “Pon límites alrededor del monte y conságralo”.

24El Señor respondió:

—Baja y dile a Aarón que suba contigo. Pero ni los sacerdotes ni el pueblo deben romper el cerco, pues de lo contrario, yo arremeteré contra ellos.

25Moisés bajó y repitió eso mismo al pueblo.