2 Mose 18 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 18:1-27

Yetro Afotu

1Ankyɛ biara na Mose ase, Midian sɔfo Yetro, tee anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo Israelfo ne Mose, ne sɛnea wayi wɔn afi Misraim asase so no.

2Mose de ne yere Sipora kɔe no, nʼase Yetro gyee no 3a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” 4Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.”

5Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmabarima baanu no kaa ne ho. Wodui no, na Mose ne nnipa no abɔ atenae wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho. 6Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmabarima baanu no ka ne ho.”

7Mose sɔre kohyiaa nʼase. Ɔkotow no nidi mu gyee no fɛw so. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkɔɔ Mose ntamadan mu. 8Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

9Yetro tee nea Awurade ayɛ ama Israel, ne titiriw no, sɛnea oyii wɔn fii Misraim no, nʼani gyee yiye. 10Yetro kae se, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afi Misraimfo ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. 11Afei, mahu sɛ Awurade yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.” 12Yetro de ɔhyew afɔrebɔde bae, na ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Akyiri no, Aaron ne Israel mpanyimfo no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreguan no wɔ Awurade anim.

13Ade kyee no, Mose tenaa ase fii anɔpa kosii anwummere tiee ntawntaw a asisi wɔ nnipa no mu. 14Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?”

15Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. 16Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.”

17Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye. 18Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. 19Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. 20Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. 21Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo. 22Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. 23Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.”

24Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ. 25Oyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufo—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du. 26Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛse no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketenkete no.

27Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 18:1-27

叶忒罗看望摩西

1摩西的岳父——米甸的祭司叶忒罗,听说上帝为摩西和祂的子民以色列人所做的一切事——如何带领他们离开埃及2就带着女儿西坡拉和两个外孙去见摩西西坡拉摩西的妻子,摩西曾让她回娘家暂时居住。 3摩西的两个儿子一个叫革舜,因为摩西说:“我成了在异乡寄居的人”; 4一个叫以利以谢,因为摩西说:“我父亲的上帝帮助我,从法老的刀下拯救了我。” 5摩西的岳父叶忒罗带着摩西的妻子和两个儿子来到上帝的山,就是摩西在旷野安营的地方。 6叶忒罗事先差人把他带着摩西的妻子和两个儿子要来的消息通知摩西7摩西出去迎接岳父,向他下拜,与他亲吻,彼此问安,然后大家都进了帐篷。 8摩西把耶和华为拯救以色列人而向法老和埃及人所行的事,以及怎样救百姓脱离路上遇见的种种困难,都告诉了叶忒罗9叶忒罗为耶和华恩待以色列人、把他们救出埃及而高兴, 10便说:“耶和华当受称颂,因为祂从埃及人和法老手中拯救了你们,把这百姓从埃及人手中拯救了出来。 11我现在知道,耶和华比一切神明都伟大,因为祂惩治了虐待这些百姓的狂妄之徒。”

12摩西的岳父叶忒罗说完,便向上帝献燔祭及其他祭物。亚伦以色列的长老都来与他一起在上帝面前吃饭。

13第二天,摩西坐着审理百姓的纠纷,百姓从早到晚都站在摩西周围。 14摩西的岳父叶忒罗看见摩西对百姓所行的一切,就对摩西说:“你为什么这样处理百姓的事?为什么你独自坐着,众百姓从早到晚都站在你周围?” 15摩西对岳父说:“他们是来求问上帝的, 16我亲自审理他们中间的是非,教他们认识上帝的律例和法度。” 17摩西的岳父叶忒罗摩西说:“这不是好方法, 18你和这些百姓都会疲惫不堪,你一个人无法担当如此繁重的工作。 19你要听我的劝告,愿上帝与你同在。你要做百姓的代表,把案件奏明上帝, 20又要教导他们律例和法度,指示他们当行的道、当做的事。 21此外,要在百姓当中挑选一些敬畏上帝、有才干、诚实、正直、憎恶不义之财的人,派他们做千夫长、百夫长、五十夫长和十夫长,管理百姓。 22让他们随时为百姓判案,处理小纠纷,遇到大事才由你审理。有他们分担你的责任,你会更轻省。 23如果你这样做,并且上帝也这样吩咐你,你就能承受得住,百姓也可以平安地回家。”

24于是,摩西接纳了岳父的建议,依言而行, 25从百姓中挑选有才干的人,委派他们做千夫长、百夫长、五十夫长和十夫长管理百姓。 26他们负责随时审理百姓的事,遇到难断的案件就呈到摩西那里,自己则审理普通的事。 27之后,摩西送岳父上路,他就返回了家乡。