2 Mose 17 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 17:1-16

Ɔbotan Mu Nsu

1Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ. 2Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!”

Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

3Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”

4Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”

5Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. 6Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea Awurade kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu. 7Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?”

Israelfo Di Amalekfo So Nkonim

8Afei, akofo a wofi Amalek17.8 Amalekfo no yɛ Esau nena barima asefo, na wɔtow hyɛ afoforo so fom wɔn nneɛma wɔ nweatam no so. bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe. 9Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”

10Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. 11Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. 12Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe. 13Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.

14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.”

15Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa. 16Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.”

Korean Living Bible

출애굽기 17:1-16

바위에서 솟는 물

1이스라엘 백성은 여호와의 명령대로 신 광야를 떠나 또 다른 곳으로 이동 하였다. 그들이 르비딤에 이르러 천막을 쳤으나 그 곳에는 마실 물이 없었다.

2그러자 백성들이 모세에게 투덜대며 “우리에게 마실 물을 주시오” 하고 소리쳤다. 그래서 모세가 그들에게 “여러분은 어째서 투덜대십니까? 어째서 여호와를 시험하십니까?” 하고 꾸짖었다.

3그러나 목마른 백성들은 모세에게 “어째서 당신이 우리를 이집트에서 끌어내어 우리와 우리 자녀와 가축이 다 목말라 죽게 하십니까?” 하고 불평하였다.

4그때 모세가 여호와께 “내가 이 백성을 어떻게 해야 합니까? 얼마 안 가서 그들이 나에게 돌질할 것입니다” 하고 부르짖자

5여호와께서 모세에게 대답하셨다. “너는 백성들 앞으로 가거라. 네가 갈 때는 이스라엘 장로들을 데리고 나일강을 치던 네 지팡이를 손에 들고 가거라.

6내가 17:6 또는 ‘호렙산’시내산 바위 위에서 네 앞에 서겠다. 너는 그 지팡이로 바위를 쳐라. 그러면 바위에서 물이 나와 백성이 마실 수 있을 것이다.” 그래서 모세는 이스라엘 장로들이 보는 앞에서 그대로 하였다.

7모세는 그 곳 이름을 17:7 ‘시험한다’ 는뜻.맛사 또는 17:7 ‘다툰다’ 는뜻.므리바라고 불렀다. 이것은 이스라엘 백성이 여호와와 다투고 시험하여 “여호와께서 우리 가운데 계시느냐, 계시지 않느냐?” 하고 떠들어댔기 때문이었다.

아말렉과의 전쟁

8이때 아말렉 사람들이 와서 르비딤에 있는 이스라엘 백성을 공격하였다.

9그러자 모세가 여호수아에게 “병력을 동원하여 나가서 아말 렉과 싸워라. 내일 내가 하나님의 지팡이를 손에 들고 산꼭대기에 서겠다” 하고 말하였다.

10그래서 여호수아는 모세가 명령한 대로 나가서 아말렉과 싸우고 한편 모세와 아론과 훌은 산꼭대기로 올라갔다.

11그런데 모세가 손을 들고 있는 동안은 이스라엘 백성이 이기고 손을 내리면 아말렉이 이겼다.

12모세의 팔이 피곤해지자 아론과 훌이 돌을 가져다가 모세를 그 위에 앉히고 해가 질 때까지 그들이 양쪽에 서서 하나는 이 팔을, 하나는 저 팔을 붙들어 그 손이 내려오지 않게 하였다.

13이렇게 하여 여호수아는 아말렉군을 쳐서 완전히 무찔렀다.

14그때 여호와께서 모세에게 “너는 이것을 책에 기록하여 기념이 되게 하고 그것을 여호수아에게 자세히 들려 주어라. 내가 지상에서 아말렉을 완전히 없애 버리겠다” 하고 말씀하셨다.

15모세는 거기서 단을 쌓고 그것을 17:15 ‘여호와는나의기’ 라는뜻.‘여호와 – 닛시’ 라고 부르며

16“여호와의 기를 높이 쳐들어라! 여호와께서 아말렉과 대대로 싸우실 것이다!” 하고 외쳤다.