2 Mose 16 – AKCB & NVI

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 16:1-36

Nnuan A Efi Ɔsoro

1Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ. 2Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se, 3“Sɛ yɛwɔ Misraim na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.”

4Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so. 5Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.”

6Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ Awurade na oyii mo fii Misraim asase so. 7Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn? 8Anwummere yi, Awurade bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa Awurade.”

9Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.”

10Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, Awurade fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi.

11Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12“Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’ ”

13Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee. 14Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so. 15Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?”

Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no. 16Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’”

17Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi. 18Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de.

19Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.”

20Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye.

21Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee. 22Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa. 23Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’ ”

24Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ Awurade homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so. 26Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.”

27Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ. 28Awurade bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn? 29Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.” 30Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee.

31Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. 32Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a Awurade de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no.

33Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.

34Aaron yɛɛ sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. 35Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no.

36Lita abiɛsa yɛ omer baako.

Nueva Versión Internacional

Éxodo 16:1-36

El maná y las codornices

1Toda la comunidad israelita partió de Elim y llegó al desierto de Sin, que está entre Elim y el Sinaí. Esto ocurrió a los quince días del mes segundo, después de su salida de Egipto. 2Allí, en el desierto, toda la comunidad murmuró contra Moisés y Aarón:

3—¡Cómo quisiéramos que el Señor nos hubiera quitado la vida en Egipto! —les decían los israelitas—. Allá nos sentábamos en torno a las ollas de carne y comíamos pan hasta saciarnos. ¡Ustedes nos han traído a este desierto para matar de hambre a toda la comunidad!

4Entonces el Señor dijo a Moisés: «Voy a hacer que llueva pan del cielo. El pueblo deberá salir todos los días a recoger su ración diaria. Voy a ponerlos a prueba, para ver si cumplen o no mis instrucciones. 5El día sexto recogerán una doble porción y todo esto lo dejarán preparado».

6Moisés y Aarón dijeron a todos los israelitas:

—Esta tarde sabrán que fue el Señor quien los sacó de Egipto 7y mañana por la mañana verán la gloria del Señor. Ya él sabe que ustedes andan murmurando contra él. No somos nadie para que ustedes murmuren contra nosotros.

8Y añadió Moisés:

—Esta tarde el Señor les dará a comer carne, y mañana los saciará de pan, pues ya los oyó murmurar contra él. Porque ¿quiénes somos nosotros? ¡Ustedes no están murmurando contra nosotros, sino contra el Señor!

9Luego se dirigió Moisés a Aarón:

—Dile a toda la comunidad israelita que se acerque al Señor, pues los ha oído murmurar contra él.

10Mientras Aarón hablaba con toda la comunidad israelita, volvieron la mirada hacia el desierto, y vieron que la gloria del Señor se hacía presente en una nube.

11El Señor habló con Moisés y le dijo: 12«Han llegado a mis oídos las murmuraciones de los israelitas. Diles que antes de que caiga la noche comerán carne, y que mañana por la mañana se hartarán de pan. Así sabrán que yo soy el Señor su Dios».

13Esa misma tarde el campamento se llenó de codornices, y por la mañana una capa de rocío rodeaba el campamento. 14Al desaparecer el rocío, sobre el desierto quedaron unos copos muy finos, semejantes a la escarcha que cae sobre la tierra. 15Como los israelitas no sabían lo que era, al verlo se preguntaban unos a otros: «¿Y esto qué es?». Moisés les respondió:

—Es el pan que el Señor les da para comer. 16Y estas son las órdenes que el Señor me ha dado: “Recoja cada uno de ustedes la cantidad que necesite para toda la familia; un gómer16:16 Es decir, aprox. 1.4 kg; también en vv. 18, 32, 33 y 36. por persona”.

17Así lo hicieron los israelitas. Algunos recogieron mucho; otros recogieron poco. 18Pero cuando lo midieron según el gómer, ni al que recogió mucho le sobraba ni al que recogió poco le faltaba: cada uno recogió la cantidad necesaria. 19Entonces Moisés les dijo:

—Nadie debe guardar nada para el día siguiente.

20Hubo algunos que no hicieron caso a Moisés y guardaron algo para el día siguiente, pero lo guardado se llenó de gusanos y comenzó a apestar. Entonces Moisés se enojó contra ellos.

21Todas las mañanas cada uno recogía la cantidad que necesitaba, porque se derretía en cuanto calentaba el sol. 22Pero el día sexto recogieron el doble, es decir, dos gómer16:22 Es decir, aprox. 3 kg. por persona, así que los jefes de la comunidad fueron a informar de esto a Moisés.

23—Esto es lo que el Señor ha ordenado —les contestó—. Mañana sábado es día de reposo consagrado al Señor. Así que cuezan lo que tengan que cocer y hiervan lo que tengan que hervir. Lo que sobre, apártenlo y guárdenlo para mañana.

24Los israelitas cumplieron las órdenes de Moisés y guardaron para el día siguiente lo que les sobró, ¡y no se pudrió ni se agusanó!

25—Cómanlo hoy sábado —les dijo Moisés—, que es el día de reposo consagrado al Señor. Hoy no encontrarán nada en el campo. 26Deben recogerlo durante seis días, porque el día séptimo, que es sábado, no encontrarán nada.

27Algunos israelitas salieron a recogerlo el día séptimo, pero no encontraron nada, 28así que el Señor dijo a Moisés: «¿Hasta cuándo seguirán desobedeciendo mis mandamientos e instrucciones? 29Tomen en cuenta que yo, el Señor, les he dado el sábado. Por eso en el día sexto les doy pan para dos días. El día séptimo nadie debe salir. Todos deben quedarse donde estén».

30Fue así como los israelitas descansaron el día séptimo.

31Y llamaron al pan «maná».16:31 En hebreo, maná significa ¿Qué es? (Véase v. 15). Era blanco como la semilla de cilantro y dulce como las tortas con miel.

32—Esto es lo que ha ordenado el Señor —dijo Moisés—: “Tomen un gómer de maná y guárdenlos para que las generaciones futuras puedan ver el pan que yo les di a comer en el desierto, cuando los saqué de Egipto”.

33Luego Moisés dijo a Aarón:

—Toma una vasija y pon en ella un gómer de maná. Colócala después en la presencia del Señor, a fin de conservarla para las generaciones futuras.

34Aarón puso el maná junto a las tablas del pacto, para que fuera conservado como se lo ordenó el Señor a Moisés. 35Comieron los israelitas maná cuarenta años, hasta que llegaron a los límites de la tierra de Canaán, que fue su país de residencia.

36La medida a la que llamaban gómer era la décima parte de un efa.16:36 Es decir, aprox. 1.6 kg.