2 Mose 15 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 15:1-27

Ogye Ho Dwom

1Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade:

“Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ

wadi nkonim anuonyam mu;

Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no

agu po mu.

2Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom

ne me nkwagye.

Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so.

3Awurade yɛ ɔkofo;

ne din ne Awurade.

4Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu.

Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu.

Misraim akofo atitiriw

awuwu asorɔkye ase.

5Nsu akata wɔn so.

Wɔmemem asubun mu sɛ ɔbo.

6Wo nsa nifa, Awurade,

tumi ne anuonyam ahyɛ no ma;

wo nsa nifa, Awurade,

atetew atamfo mu pasaa.

7“Wo tumi kɛse no mu

na wonam tuu wɔn a wotia wo no gui.

Womaa wʼabufuw

bɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare.

8Wugu ahome a,

nsu mu pae.

Egyinaa sɛ afasu

maa po taa fa ne fa.

9Ɔtamfo kae se,

‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.

Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn so

atwitwa wɔn asinasin.’

10Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa

ma po kataa wɔn so.

Wɔmemem sɛ sumpii

wɔ subun no mu.

11Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?

Hena na ɔte sɛ wo?

Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu;

nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam,

Ɔnwonwani Nyankopɔn.

12“Woteɛɛ wo nsa nifa

na asase menee wɔn.

13Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim.

Wʼayamye mu,

wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim.

Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan

akɔ wo tenabea kronkron hɔ.

14Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo.

Ehu bɛka nnipa a wɔwɔ Filistia.

15Edom mpanyimfo besuro.

Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow.

Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa.

16Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so.

Awurade, wo tumi nti,

wɔremma yɛn so!

Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn

Betwa wɔn ho asomdwoe mu.

17Wode wɔn bɛba abedua wɔn

wɔ wo bepɔw so,

wo ara wo fi hɔ, Awurade

Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.

18Awurade bedi hene

akosi daa.”

19Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so. 20Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee. 21Ɛnna Miriam too saa dwom yi:

“Monto dwom mma Awurade

na wadi nkonim anuonyam mu.

Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefo

amem po ase.”

22Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom. 23Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen. 24Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?”

25Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee.

Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se, 26“Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”

27Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 15:1-27

摩西颂赞耶和华

1那时,摩西以色列人便歌颂耶和华说:

“我要歌颂耶和华,

因祂大获全胜,

祂把战马骑兵都卷入海中。

2耶和华是我的力量,我的诗歌,

也成了我的拯救;

祂是我的上帝,我要赞美祂;

祂是我父亲的上帝,我要尊崇祂。

3耶和华是战士,

祂名叫耶和华。

4祂把法老的战车和全军都抛进海中,

法老的优秀将领都葬身于红海,

5大水淹没他们,

他们如同石块沉入深海。

6耶和华啊,你大能的右手显出荣耀;

耶和华啊,你的右手击碎仇敌。

7你大显威严,击倒那些起来对抗你的人;

你大发雷霆,他们便像枯草遇火,

一烧而尽。

8你的鼻孔一呼气,海水便堆聚起来,

洪涛便堆起水墙,海底深处也都凝固。

9敌人说,‘追啊,追上他们,

瓜分他们的财物,尽情地掳掠他们,

拔出刀来把他们斩尽杀绝。’

10你叫风一吹,海水就淹没他们,

他们好像铅块一样沉没在怒海中。

11耶和华啊,万神之中,谁能像你?

谁能像你——威严神圣,

可颂可畏,广行神迹?

12你伸出右手,大地便吞灭他们。

13你以不变的爱引领你所救赎的子民,

以大能带他们进入你的圣所。

14各邦各族听见这些事就发抖,

非利士人也痛苦不堪,

15以东的族长惶恐,

摩押的英雄颤栗,

迦南的居民都胆战心惊。

16惊骇恐惧笼罩着他们。

耶和华啊,

你臂膀的大能吓得他们僵立如石,

直到你的子民都安然走过,

直到你买赎的子民都安然走过。

17耶和华啊,

你要带领自己的子民到你的山上安居——

到你为自己所造的住处,

主啊,到你亲手建的圣所。

18“耶和华必做王,直到永永远远。”

19法老的战车和骑兵追到海中,耶和华使海水回流淹没他们,以色列人却在海中踏着干地走到对岸。 20亚伦的姐姐米利暗是个先知,她手拿小鼓,带领妇女击鼓跳舞, 21唱道:“要歌颂耶和华,因祂大获全胜,把马和骑兵都抛进海中。”

苦水

22摩西带领以色列人离开红海,来到书珥旷野,走了三天仍然找不到水喝。 23到了玛拉,那里的水却是苦的,不能喝。因此那地方叫玛拉15:23 玛拉”意思是“苦”。24百姓就埋怨摩西说:“我们喝什么呢?” 25摩西向耶和华呼求,耶和华就指示他把一棵树丢在水中,使水变得甘甜。耶和华又在玛拉给百姓订下一些律例和法令,并在那里试验他们, 26说:“你们若留心听你们上帝耶和华的话,做我视为正的事,遵守我所订下的律例,我就不把降在埃及的疾病加在你们身上,因为我耶和华是医治你们的上帝。”

27到了以琳,那里有十二股水泉和七十棵棕树,他们就在水边安营。