2 Mose 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 13:1-22

Abakan Biara Yɛ Onyankopɔn Dea

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”

3Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa. 4Afe biara mu Abib ɔsram awiei (bɛyɛ Ɔbɛnem awiei), monkae saa otukɔ yi. 5Awurade de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. 6Mubedi brodo a mmɔkaw nni mu nko ara nnanson. Na da a ɛto so ason no, monto pon kɛse mma Awurade. 7Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔkaw wɔ ne fi anaa mo asase no ahye so baabiara. 8Edu afirihyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma nea enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae nea Awurade yɛ maa mo bere a mutu fii Misraim asase so no. 9Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim. 10Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awiei no, munni afahyɛ yi.

11“Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfo te so mprempren no so a, monkae sɛ 12mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no. 13Mutumi de oguan ba anaa abirekyi ba bɛsesa afurum13.13 Mfurum nyɛ mmoa a wɔn ho tew (4 Mose 18.15) sɛ wotumi de wɔn bɔ afɔre, nanso ɔkwan a na ɛwɔ ho sɛ wɔde nguamma si wɔn anan no nso kyerɛ wɔn ho hia a ehia wɔ sikasɛm mu. ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afurum no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wubu afurum no kɔn mu kum no. Nanso mo mmabarima abakan de, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.

14“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim. 15Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, Awurade kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.’ 16Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”

Omununkum Ne Ogya Akwankyerɛ

17Farao maa nnipa no kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amma wɔamfa ɔkwan a ɛfa Filistifo man no mu a na ɛyɛ tiaa no so. Efisɛ Onyankopɔn kae se, “Sɛ wokohyia ɔko a, ebia na wɔasesa wɔn adwene ama wɔasan akɔ Misraim.” 18Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

19Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afi Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn beyi wɔn afi Misraim asase so.”

20Wofi Sukot no, wɔkɔkyeree nsraban wɔ Etam sare no ano. 21Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn kwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. Enti na wotumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22Awia mununkum fadum anaa anadwo gya fadum no amfi nʼafa wɔ nnipa no anim da.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 13:1-22

Abakan Biara Yɛ Onyankopɔn Dea

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”

3Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛnnɛ yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokae ɛda biara—ɛda a motu firii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no. Awurade ayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree akyerɛ mo. Enti, monkae sɛ, sɛ afe duru na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔreka mfra mo aduane; na mommfa bi nkɔ mo afie nso mu koraa. 4Afe biara mu Abib bosome awieeɛ (bɛyɛ Ɔbenem awieeɛ), monkae saa atutena yi. 5Awurade de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. 6Mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu nko ara nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, monto ɛpono kɛseɛ mma Awurade. 7Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔreka wɔ ne fie anaa mo asase no ahyeɛ so baabiara. 8Ɛduru afirinhyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma deɛ enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae deɛ Awurade yɛ maa mo ɛberɛ a motu firii Misraim asase so no. 9Saa afe biara mu nnawɔtwe afahyɛ yi, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ te sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae adeɛ. Momma Awurade mmara ntena mo anom, ɛfiri sɛ tumi kɛseɛ na ɔde yii mo firii Misraim. 10Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awieeɛ no, monni afahyɛ yi.

11“Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfoɔ te so seesei no so a, monkae sɛ, 12mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no. 13Motumi de odwan ba anaa abirekyie ba kɔsesa afunumu13.13 Mfunumu nyɛ mmoa a wɔn ho te (4 Mose 18.15) a wɔtumi de wɔn bɔ afɔdeɛ, nanso na ɛkwan wɔ ho sɛ wɔde nnwammaa si wɔn anan no nso kyerɛ wɔn ho hia a ɛhia wɔ sikasɛm mu. ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afunumu no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wobu afunumu no kɔn mu kum no. Nanso mo mmammarima abakan deɛ, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.

14“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Awurade nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim. 15Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn ɛkwan ma yɛkɔ enti, Awurade kumm mmammarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno enti na yɛde mmammarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmammarima mmakan no deɛ, wɔtɔ wɔn ti.’ 16Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.”

Omununkum Ne Egya Akwankyerɛ

17Akyire no, Farao maa nnipa no kɔeɛ. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfa Filistifoɔ asase a ɛkwan no da mu tee kɔsi Bɔhyɛ Asase no so, nanso Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so. Deɛ enti a Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so no ne sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛwom sɛ wɔkura wɔn akodeɛ deɛ, nanso sɛ wɔkɔ na wɔkɔhyia akodie bi a, wɔn aba mu bɛbu ama wɔasane aba Misraim. 18Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so.

19Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.”

20Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano. 21Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.