2 Mose 12 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 12:1-51

Twam Afahyɛ Mfiase

1Bere a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, 2“Efi nnɛ rekɔ, ɔsram12.2 Na ɛyɛ Abib sram, Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. yi bɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo asranna so. 3Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako. 4Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so. 5Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ oguan anaa abirekyi a onnii dɛm. 6Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu. 7Wɔmfa wɔn mogya nsra ofi biara apongua ho. Oguamma a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛde yi. 8Anadwo no ara, obiara bɛwe aboa a wɔatoto no no nam no bi. Wɔmfa brodo a wɔamfa mmɔkaw anyɛ ne awɔnwen na enni. 9Wɔnnnoa nam no na wɔnnwe no amono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti, nʼanan ne nʼayamde nyinaa ka ho. 10Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, nea ɛbɛka no, sɛ ade kye so a, monnnwe na mmom monhyew no. 11Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

12“Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade! 13Mogya a mode bɛyɛ apongua no ho no bɛyɛ agyiraehyɛde, enti sɛ mihu mogya no a, metwa mu akɔ, na sɛ merekunkum Misraim mmakan a, merenkum mo de bi.

14“Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama Awurade. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. 15Nnanson no mu, munni brodo a wɔmfaa mmɔkaw mfrae nko ara. Afahyɛ no da a edi kan no, munyiyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu. Obiara a saa bere no obebu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wobetwa no asu afi Israelman mu. 16Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara.

17“Sɛ mudi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa da no na miyii mo fii Misraim asase so. Munni saa dapɔnna yi sɛ daa ahyɛde mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. 18Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere kosi ne da a ɛto so aduonu baako so no, brodo a mmɔkaw mfra mu nko ara na munni. 19Saa nnanson no mu no, ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw kakraa bi koraa wɔ mo afi mu. Enti obiara a obedi aduan a mmɔkaw wɔ mu no, wobeyi no afi Israel asafo kuw no mu. Saa mmara yi ka ananafo a wɔne mo te ne wɔn a wofi ɔman no mu no nyinaa nso. 20Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.”

21Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. 22Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no. 23Awurade betwa mu afa asase yi so akunkum Misraimfo. Na sɛ ohu sɛ mogya wɔ apongua no atifi ne apongua abien no ho a, obetwa saa ofi no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefo no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.

24“Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo. 25Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a, 27mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ ” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree. 28Na Israelfo no dii Mose ne Aaron ahyɛde no so.

29Da no ara anadwo nnɔndumien Awurade kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa. 30Afei, Farao ne ne mpanyimfo ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ ofi biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.

31Enti Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Mesrɛ mo, mo nyinaa muntu mfi ha. Monkɔsom Awurade sɛnea mokae no. 32Momfa mo nguan ne mo anantwi na monkɔ. Nanso munhyira me ansa na moakɔ.”

33Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.” 34Israelfo no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔw a mmɔkaw mfra mu, na wɔde wɔn ntade kyekyeree wɔn mmɔre nnaka de sisii wɔn mmati so. 35Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no. 36Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe.

37Anadwo no ara, Israelfo no sii mu fii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodow yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmea ne mmofra de wɔankan wɔn anka ho. 38Nnipa ahorow pii bi a wɔnyɛ Israelfo kaa wɔn ho kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi nyinaa kaa wɔn ho. 39Woduu baabi a wɔpɛ sɛ wodidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔkaw amfra a wɔde kɔe no bi too brodo dii. Na mmɔkaw nni mu, efisɛ Misraimfo no pam wɔn. Ɛno nti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ ɔkwan so.

40Israelfo no tenaa Misraim mfe ahannan ne aduasa. 41Na da a wodii mfe ahannan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfo nyinaa fii asase no so. 42Saa anadwo no ne bere a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da.

Twam Afahyɛ Ho Mmara

43Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni:

“Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi. 44Nanso ɔsomfo biara a wɔtew sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia de a, otumi we bi. 45Ɔpaani anaa ɔhɔho biara nnwe bi.

46“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu. 47Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa di da no.

48“Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no. 49Saa mmara yi ka Israelfo ne ahɔho a wɔne mo te no nso.”

50Enti Israelfo no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛnea ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. 51Da no ara na Awurade yii Israelfo no fii Misraim asase so.

New Russian Translation

Исход 12:1-51

Праздник Пасхи

(Лев. 23:5-8; Чис. 28:16-25; Втор. 16:1-8)

1Господь сказал Моисею и Аарону в Египте:

2– Пусть этот месяц будет для вас первым месяцем, началом года. 3Скажи всему обществу израильскому, что в десятый день этого месяца каждый должен взять ягненка12:3 Еврейское слово может обозначать и ягненка, и козленка. на свою семью, по одному ягненку на семейство. 4Если семья слишком мала, чтобы съесть целого ягненка, пусть они поделятся с ближайшим соседом, приняв в расчет количество людей. Рассчитайте, сколько сможет съесть каждый человек. 5Животные, которых вы выбираете, пусть будут годовалыми самцами, без изъяна. Вы можете брать ягнят или козлят. 6Держите их до четырнадцатого дня этого месяца, и пусть в сумерки все общество израильтян заколет их. 7Возьмите кровь жертвенных животных и помажьте оба косяка и перекладины дверей в домах, где вы их едите. 8В ту же ночь съешьте мясо, поджаренное над огнем, приправленное горькими травами, с хлебом, приготовленным без закваски. 9Не ешьте мясо сырым или вареным, жарьте его над огнем – голову, ноги и потроха. 10Ничего не оставляйте до утра. Если что-то осталось – сожгите. 11Ешьте так: пусть пояса ваши будут завязаны, ноги обуты, а в руке – посох. Ешьте быстро. Это – Господня Пасха.

12В эту ночь Я пройду по Египту и погублю всех первенцев людей и скота и накажу богов Египта. Я – Господь. 13Кровь будет знаком на домах, где вы живете: увидев кровь, Я пройду мимо. Мор не погубит вас, когда Я поражу Египет. 14Вспоминайте этот день. Отмечайте его в грядущих поколениях как праздник Господу – это вам установление на века. 15Семь дней ешьте пресный хлеб. В первый же день уничтожьте закваску в своих домах, потому что каждый, кто станет есть дрожжевой хлеб с первого дня до седьмого, будет исторгнут из Израиля. 16Созывайте священное собрание в первый и в седьмой день. Не делайте никакой работы в эти дни, только готовить себе еду вы можете.

17Отмечайте праздник Пресных хлебов, потому что в этот день Я вывел ваши воинства из Египта. Отмечайте этот день в грядущих поколениях – это вам установление на века. 18Ешьте хлеб, приготовленный без закваски, с вечера четырнадцатого дня до вечера двадцать первого дня первого месяца. 19Семь дней в ваших домах не должно быть закваски. Любой, кто станет есть дрожжевой хлеб, будет исторгнут из общества Израиля, будь он поселенец или уроженец той земли. 20Не ешьте ничего, приготовленного с закваской. Где бы вы ни жили, ешьте пресный хлеб.

21Моисей призвал старейшин Израиля и сказал им:

– Идите, выберите ягнят для ваших семей и заколите пасхальную жертву. 22Возьмите пучок иссопа12:22 Иссоп – по всей вероятности, это не собственно иссоп, а один из видов майорана, распространенный в Израиле., макните его в кровь в сосуде и помажьте перекладину и оба дверных косяка. Пусть до утра никто из вас не выходит из дома. 23Когда Господь пойдет убивать египтян, Он увидит кровь на перекладине и дверных косяках и пройдет мимо этих дверей, не позволив губителю войти в ваши дома и умертвить вас. 24Храните этот обычай как вечное установление для вас и ваших потомков. 25Войдя в землю, которую Господь даст вам, как Он и обещал, исполняйте этот обряд. 26Когда ваши дети спросят: «Что значит этот обряд?» – 27скажите им: «Это – пасхальная жертва Господу, Который прошел мимо домов израильтян в Египте и пощадил их, когда убивал египтян».

Народ склонился и восславил Господа. 28Израильтяне сделали все, что Господь повелел Моисею и Аарону.

Десятое наказание: гибель первенцев

29В полночь Господь погубил в Египте всех первенцев: от первенца фараона, наследника престола, до первенца узника, сидевшего в темнице, и весь первородный приплод скота. 30Фараон, его приближенные и все египтяне поднялись среди ночи, и в Египте стоял громкий плач, ведь не было дома, где бы хоть кто-нибудь не умер.

Исход народа Божьего из Египта

31Ночью фараон позвал Моисея и Аарона и сказал:

– Собирайтесь! Уходите от моего народа вместе с израильтянами. Пойдите, поклонитесь Господу, как вы говорили. 32Берите и отары, и стада, как вы говорили, и идите. И еще благословите меня.

33Египтяне торопили народ покинуть страну.

– Иначе, – говорили они, – мы все умрем!

34Народ взял тесто, куда еще не положили закваску, и понес на плечах в посуде, завернутой в одежду. 35Израильтяне, как научил Моисей, попросили у египтян серебряные и золотые вещи и одежду. 36Господь расположил египтян к народу, и они дали им то, о чем их просили. Так они обобрали египтян. 37Израильтяне отправились из Раамсеса в Суккот. Их было около шестисот тысяч мужчин, не считая женщин и детей. Все они шли пешком. 38С ними ушло много разного народа и огромное количество мелкого и крупного скота. 39Из теста, вынесенного из Египта, они испекли пресные лепешки. Тесто было без закваски: их торопили уйти из Египта, и они не успели сделать припасы.

40Израильтяне прожили в Египте12:40 В ряде древних переводов: «в Египте и Ханаане». четыреста тридцать лет. 41В день, когда четыреста тридцать лет истекли, воинства Господа покинули Египет. 42Это ночь бдения Господу за вывод их из Египта; эта ночь бдения Господу должна соблюдаться во всех поколениях израильтян.

Пасхальные законы

43Господь сказал Моисею и Аарону:

– Вот правила относительно пасхальной жертвы: ее не может есть чужеземец. 44Купленный тобой раб может есть ее после того, как ты ему сделаешь обрезание, 45но временный житель и наемный работник не могут ее есть. 46Эту жертву следует есть в том доме, где ее приготовили – не выносите мясо из дома. Не ломайте ни одной из костей. 47Все общество Израиля должно совершать ее. 48Если чужеземец, живущий у вас, захочет праздновать Господню Пасху, все мужчины в его доме должны быть обрезаны. Тогда он сможет участвовать в ней как уроженец этой земли. Необрезанный не может участвовать в праздничной трапезе. 49Этот закон действителен и для уроженцев этой земли, и для чужеземцев, живущих среди вас.

50Все израильтяне сделали, как Господь повелел Моисею и Аарону. 51В тот же день Господь вывел израильтян из Египта по их воинствам.