2 Mose 1 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 1:1-22

Israelfo Wɔ Misraim

1Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi.

2Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

3Isakar, Sebulon ne Benyamin;

4Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

5Yakob asefo a ɔne wɔn kɔe no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dedaw.

6Yosef ne ne nuanom ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui, 7nanso Israelfo no ase fɛee, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

8Na ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. 9Ɔka kyerɛɛ ne manfo no se, “Monhwɛ, Israelfo yi ase adɔ, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. 10Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.”

11Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. 12Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo 13na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfo no so ketee. 14Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no.

15Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se, 16“Sɛ mukogye Hebrini biara awo, na awoe hɔ muhu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabea de a, monnyɛ no hwee.” 17Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo no nti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so, maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenae. 18Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanni mmara a mehyɛe no so na moama mmarimaa a Hebrifo no wowoo wɔn no atena?”

19Wobuaa no se, “Hebrifo mmea no de ahoɔden wo ɔhare so nti yebedu hɔ no, na wɔawo dedaw. Wɔnte sɛ Misraimfo mmea no.”

20Onyankopɔn hyiraa awogyefo no. Na Israelfo no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛse. 21Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo nti, Onyankopɔn dom wɔn mma.

22Na Farao hyɛɛ mmara sɛ Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no, wɔntow wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmeawa a wɔbɛwo wɔn foforo no de, wɔntena hɔ.

Korean Living Bible

출애굽기 1:1-22

고통당하는 이스라엘 민족

1야곱과 함께 가족을 데리고 이집트로 내려간 야곱의 아들들은

2르우벤, 시므온, 레위, 유다,

3잇사갈, 스불론, 베냐민,

4단, 납달리, 갓, 아셀이었다.

5이와 같이 이집트에 내려온 야곱의 자손들은 모두 70명이었으며 이때 요셉은 이미 이집트에서 살고 있었다.

6이제 요셉과 그의 모든 형제들과 그 시대 사람들은 다 죽고 말았다.

7그러나 그들의 후손인 이스라엘 자손들은 많은 자녀를 낳고 크게 번성하여 1:7 또는 ‘온 땅’고센 땅을 가득 메울 만큼 막강하였다.

8그때 요셉을 알지 못하는 새 왕이 일어나 이집트를 다스렸는데

9그가 자기 백성들에게 이렇게 말하였다. “보라, 이스라엘 자손들이 그 수가 너무 많고 강하여 우리에게 위협이 되고 있다.

10이제 우리는 그들을 지혜롭게 잘 다스려야 한다. 그렇지 않으면 그들의 수가 더 많아져서 전쟁이 일어날 때 그들이 우리 적과 합세하여 우리를 치고 이 땅에서 달아날 것이다.”

11그래서 이집트 사람들은 그들을 노예로 삼아 그들을 다스릴 감독들을 세우고 강제 노동으로 그들을 괴롭혔으며 이스라엘 자손들은 바로를 위하여 국고성인 비돔과 라암셋을 건축하였다.

12그러나 그들이 학대를 받으면 받을수록 더 많이 번성하여 그 수가 늘어가자 이집트 사람들은 이스라엘 사람들을 두려워하여

13-14더욱 혹독한 일로 그들의 생활을 괴롭 히며 진흙을 이겨 벽돌을 굽게 하고 여러 가지 고된 농사일로 그들을 잔인하게 혹사시켰다.

15그리고 이집트 왕은 히브리 산파인 십브라와 부아에게

16“너희가 히브리 여자들을 조산할 때 남자 아이가 태어나면 죽이고 여자 아이가 태어나면 살려 두어라” 하고 명령하였다.

17그러나 그 산파들은 하나님을 두려워하여 이집트 왕의 명령을 어기고 남자 아이들을 살려 주었다.

18그때 이집트 왕이 그 산파들을 불러 “너희가 어째서 내 명령을 어기고 남자 아이들을 살려 주었느냐?” 하고 묻자

19그들이 이렇게 대답하였다. “히브리 여자들은 이집트 여자들과 같지 않고 건강하여 우리가 미처 그들에게 이르기도 전에 해산하였습니다.”

20-21그 산파들이 하나님을 두려워하였으므 로 하나님은 그들에게 은혜를 베풀어 그들 자신의 가정을 이룰 수 있게 하셨다. 그리고 이스라엘 사람들은 계속 번성하여 강력한 민족이 되었다.

22그러자 바로가 자기 백성들에게 이런 명령을 내렸다. “갓 태어난 히브리 남자 아이들을 모조리 강에 던지고 여자 아이들은 살려 주어라.”