2 Korintofo 9 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 9:1-15

Mmoa A Wɔde Ma Onyankopɔn Nkurɔfo

1Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho. 2Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no. 3Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa. 4Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ. 5Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma.

6Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree. 7Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. 8Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi. 9Kyerɛwsɛm no ka se

“Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia;

nʼadɔe no tena hɔ daa.”

10Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo sɛ aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree. 11Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.

12Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase. 13Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. 15Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.

Korean Living Bible

고린도후서 9:1-15

1성도들을 돕는 일에 대해서는 내가 다시 여러분에게 말할 필요가 없습니다.

2나는 여러분의 열심을 잘 알기 때문에 9:2 또는 ‘아가야에서는’여러분이 지난 해부터 이 일을 준비했다고 마케도니아 사람들에게 자랑까지 했습니다. 그래서 많은 사람들이 여러분의 열심에 대해서 듣고 자극을 받아 헌금을 하게 되었습니다.

3그리고 내가 형제들을 보내는 것은 우리가 이 일에 대해서 여러분을 자랑한 것이 헛되지 않고 내가 말한 대로 여러분이 헌금을 미리 준비하도록 하기 위한 것입니다.

4만일 마케도니아 사람들이 나와 함께 가서 여러분이 준비하지 않은 것을 보면 여러분은 말할 것도 없고 우리가 그처럼 믿었던 일에 크게 부끄러움을 당할 것입니다.

5그래서 나는 이 형제들이 먼저 여러분에게 가서 여러분이 전에 약속한 헌금을 미리 준비하게 하는 것이 필요하다고 생각했습니다. 이렇게 미리 준비해야 축복의 헌금이 되고 탐심에 좌우된 억지 헌금이 되지 않을 것입니다.

많이 뿌리면 많이 거둔다

6적게 뿌리는 사람은 적게 거두고 많이 뿌리는 사람은 많이 거둔다는 사실을 기억하십시오.

7각자 마음에 작정한 대로 바치고 아까워하거나 억지로 하지 마십시오. 하나님은 기쁜 마음으로 내는 사람을 사랑하십니다.

8하나님은 여러분이 모든 일에 항상 풍족하여 선한 일을 많이 할 수 있도록 여러분에게 모든 은혜를 넘치게 주실 수 있습니다.

9성경에도 9:9 시112:9“그가 가난한 사람들을 후하게 구제해 주었으니 그의 의로운 행위가 영원히 남을 것이다” 라고 기록되어 있습니다.

10농부에게 뿌릴 씨와 먹을 양식을 주시는 하나님은 여러분에게도 뿌릴 씨를 주시고 자라게 하셔서 여러분이 의의 열매를 더 많이 맺게 하실 것입니다.

11그리하여 여러분은 모든 것에 풍족하여 후한 헌금을 하게 될 것이며 우리를 통해 그 헌금이 전해질 때 많은 사람이 하나님께 감사하게 될 것입니다.

12이와 같이 돕는 일은 성도들의 부족한 것을 채워 줄 뿐만 아니라 하나님께 대한 감사도 넘치게 합니다.

13여러분이 하고 있는 이 봉사의 직무는 여러분의 고백처럼 여러분이 그리스도의 복음에 순종하고 있다는 것과 그들뿐만 아니라 모든 사람에게 여러분이 후한 헌금을 한다는 증거가 되어 그들이 하나님을 찬양하게 될 것입니다.

14그리고 그들은 여러분에게 주신 하나님의 넘치는 은혜를 보고 깊은 애정을 가지고 여러분을 위해 기도할 것입니다.

15말로 다 할 수 없는 선물을 주시는 하나님께 감사를 드립니다.